Yeremia 47:1-7

47  Yehowa asɛm a ɛbaa odiyifo Yeremia nkyɛn wɔ Filistifo+ ho ansa na Farao rebɛsɛe Gasa no ni.+  Nea Yehowa aka ni: “Hwɛ! Nsu fi atifi+ fam reba,+ na ayiri rebu fa so. Ebeyiri afa asase no ne nea ahyɛ no mã, kurow no ne wɔn a wɔtete mu nyinaa.+ Nnipa bɛteɛteɛm, na wɔn a wɔtete mu nyinaa betwa adwo.+  Sɛ wɔte n’apɔnkɔnini+ nan a ɛpempem fam kimkim ne ne ko nteaseɛnam+ a ɛyɛ twɛtwɛrɛdɛdɛ ne ne ntwahonan+ a etwa ne ho kitikiti no a, agyanom rentwa wɔn ani mpo nhwɛ wɔn mma, wɔn nsam a agow nti,  efisɛ ɛda no reba a ɛbɛsɛe Filistifo+ nyinaa na atwitwa Tiro+ ne Sidon+ aboafo a wɔaka nyinaa.+ Na Yehowa bɛsɛe Filistifo+ a wɔaka a wofi Kaftor+ nsuano man mu no.  Gasa+ ti so bɛpa.+ Askelon+ bɛyɛ dinn. Wɔn asasetaw sofo a moaka, mubetwitwa mo ho akam+ akosi da bɛn?  “Ahaa, Yehowa nkrante!+ Da bɛn na wobɛyɛ dinn? San kɔhyɛ wo boha mu.+ Home, na yɛ komm.  “Ɛbɛyɛ dɛn na ayɛ dinn bere a Yehowa na wahyɛ no? Ɛreba Askelon ne mpoano+ asase no so. Ɛhɔ na wahyɛ sɛ ɛmmra.”

Ase Hɔ Nsɛm