Yeremia 49:1-39

49  Nea Yehowa aka akyerɛ Ammonfo+ ni: “Israel nni mma, anaa onni ɔdedifo? Dɛn nti na Malkam+ afa Gad+ na ne nkurɔfo akɔtenatena Israel nkurow+ mu yi?”  “‘Enti hwɛ! Nna bi reba,’ Yehowa asɛm ni, ‘na mɛma wɔate ɔko torobɛnto+ a etia Ammonfo kurow Raba,+ na ɛbɛdan amamfõ siw,+ na wɔde ogya+ bɛto ɛho nkurow+ mu.’ “‘Na Israel bɛfa wɔn a wɔtete mu no adi wɔn so,’+ Yehowa na waka.  “‘Hesbon,+ twa adwo,+ efisɛ wɔasɛe Ai! Raba ho nkurow, monteɛteɛm. Mumfurafura atweaatam.+ Mommɔ abubuw na munni akɔneaba wɔ abo nguannan mu, efisɛ Malkam bɛkɔ nkoasom+ mu, ɔne n’asɔfo ne ne mpanyimfo nyinaa.+  O ɔbabea okontomponi, dɛn nti na wode w’asasetaw hoahoa wo ho, w’asase a ɛsen nsu no,+ wo a wode wo ho ato emu ademude+ so, na woka sɛ: “Hena na ɔbɛba me so” no?’”+  “‘Hwɛ, mede ahude fi wɔn a wɔatwa wo ho ahyia nyinaa mu reba wo so,’+ Awurade Tumfoɔ,+ asafo Yehowa asɛm ni. ‘Na wɔbɛbɔ mo ahwete ma obiara de n’ani akyerɛ baabi,+ na obiara remmoaboa wɔn a wɔreguan no ano.’”  “‘Nanso akyiri yi, mɛsan aboaboa Ammon atukɔfo no ano,’+ Yehowa asɛm ni.”  Nea asafo Yehowa aka wɔ Edom ho ni: “Nyansa+ nni Teman+ bio anaa? Afotu abɔ nhumufo? Wɔn nyansa no aporɔw+ anaa?  Dedanfo+ ee, munguan!+ Muntu mmirika! Monkɔpɛ baabi ntɛw!+ Na mede amanehunu bɛba Esau so bere a mede m’ani besi ne so no.+  Sɛ wɔn a wɔtetew bobe ba a, anka wɔrennyaw bi wɔ ase? Sɛ akorɔmfo ba anadwo a, nea wɔpɛ nkutoo na wɔbɛfow.+ 10  Nanso me de, mɛyɛ Esau kwaterekwa.+ Mɛma ne hintabea ho ada hɔ,+ na obi rentumi nhintaw.+ N’asefo ne ne nuanom ne wɔn a wɔtete ne nkyɛn bɛsɛe,+ na ɔbɛyera.+ 11  Gyaw wo nnyanka,+ na me de mɛhwɛ wɔn, na w’akunafo benya me mu ahotoso.”+ 12  Nea Yehowa aka ni: “Hwɛ! Wɔn a wɔntaa nnom kuruwa no ano mpo bɛnom ara.+ Na wo na wobɛfa wo ho adi anaa? Woremfa wo ho nni, nom ara na wobɛnom.”+ 13  “Maka me ho ntam,”+ Yehowa asɛm ni, “sɛ ahodwiriwde+ ne ahohorade ne amamfõ ne nnome na Bosra+ bɛyɛ, na ne nkurow nyinaa nso bɛdan amamfõ akosi daa.”+ 14  Mate amanneɛbɔ bi afi Yehowa hɔ, na wasoma abɔfo kɔ amanaman no mu sɛ: “Mommoaboa mo ho nkɔ no so, na monsɔre nkɔko.”+ 15  “Hwɛ, mayɛ wo ketewa wɔ amanaman no mu, na wɔmfa wo nyɛ hwee nnipa mu.+ 16  Ahopopo a wode aba nkurɔfo so ne wo komam ahantan na adaadaa wo,+ wo a wode abotan ayɛ wo fie, faako a ɛhɔ korɔn no. Woyɛ wo berebuw ɔsorosoro sɛ ɔkɔre,+ nanso ɛhɔ na meyi wo afi asi fam,”+ Yehowa asɛm ni. 17  “Edom bɛdan ahodwiriwde,+ na obiara a otwam wɔ hɔ no de ahodwiriw bɛhwɛ na wabɔ hwirema, n’amanehunu no nyinaa nti.+ 18  Sɛnea wobutuw Sodom ne Gomora ne ɛho nkurow no,”+ Yehowa asɛm ni, “saa ara na obiara rentena hɔ, na ɔdesani biara rensoɛ hɔ.+ 19  “Hwɛ! Obi bɛsɔre sɛ gyata+ afi Yordan kwaebirentuw no mu aba hintabea hɔ,+ nanso mɛma waguan afi ne mu ntɛm.+ Nea wɔapaw no na mede no besi no so. Hena na ɔte sɛ me?+ Hena na ɔne me bedi asi,+ na hena ne oguanhwɛfo a obetumi agyina m’anim?+ 20  Enti afei, muntie nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔde bɛyɛ Edom+ ne nea wasusuw sɛ ɔbɛyɛ Temanfo:+ Ampa, wɔbɛtwe nguammaa no ase. Ampa, wɔn nti, ɔbɛma wɔn tenabea adan amamfõ.+ 21  Wɔbɛhwe ase birim ama asase awosow.+ Wɔreteɛteɛm!+ Wɔte dede no wɔ Po Kɔkɔɔ+ no ho. 22  Hwɛ! Obi fi soro bɛtow aba ne so sɛ ɔkɔre,+ na ɔbɛtrɛw ne ntaban mu aba Bosra so,+ na da no, Edom nnɔmmarima koma bɛyɛ sɛ ɔbea a ɔwɔ awoko yaw+ mu koma.” 23  Damasko+ de ni: “Hamat+ ne Arpad+ ani awu, efisɛ asɛmmɔne na wɔate. Wɔn koma atu.+ Ɛpo rebu fa so; entumi nyɛ dinn.+ 24  Damasko koma atu. Wadan ne ho aguan, na ehu aka no.+ Ahohia ne awoko yaw akita no sɛ ɔbea a ɔrewo.+ 25  Dɛn nti na wonnyaw ayeyi kurow no, ahosɛpɛw kurow+ no? 26  “Enti ne mmerante bɛtotɔ ne mmɔnten so, na mmarima a wɔkɔ ɔsa nyinaa bɛyɛ dinn ɛda no,”+ asafo Yehowa asɛm ni. 27  “Mɛto Damasko fasu mu gya, na ɛbɛhyew Ben-Hadad+ abannennen no.” 28  Kedar+ ne Hasor+ ahenni a Babilon hene Nebukadresar sɛee no no,+ nea Yehowa aka wɔ ho ni: “Monsɔre, monkɔ Kedar na monkɔsɛe Apueifo+ no. 29  Wɔbɛfa wɔn ntamadan+ ne wɔn nguan+ ne wɔn ntamadan ho ntama+ ne wɔn nneɛma nyinaa. Wɔbɛfa wɔn yoma+ afi wɔn ho akɔ, na wobesu akyerɛ wɔn sɛ, ‘Ahude atwa yɛn ho ahyia!’”+ 30  “Munguan, munguan nkɔ akyirikyiri. Hasorfo,+ monkɔpɛ baabi ntɛw,” Yehowa asɛm ni. “Efisɛ Babilon hene Nebukadresar+ abɔ mo ho pɔw bɔne, na wadwen mo ho adwemmɔne.” 31  “Monsɔre, momforo nkɔ ɔman a biribiara nhaw wɔn,+ na wɔte hɔ dwoodwoo+ no so!” Yehowa asɛm ni. “Enni apon na enni mmeamu. Wɔn nko ara na wɔte hɔ.+ 32  Wɔn yoma+ bɛyɛ afowde, na wɔbɛfom wɔn nyɛmmoa bebrebe no. Mɛbɔ wɔn ahwete mframa nyinaa ano,+ wɔn a wɔatwitwa wɔn bogyesɛ+ no; mede mmusu fi nkurow a ɛbemmɛn nyinaa so aba wɔn so,” Yehowa asɛm ni. 33  “Na Hasor+ bɛdan sakraman+ atenae ne daa amamfõ. Obiara rentena hɔ, na ɔdesani biara rensoɛ hɔ.”+ 34  Yehowa asɛm a ɛbaa odiyifo Yeremia nkyɛn a ɛfa Elam+ ho, Yuda hene Sedekia+ ahenni mfiase ni: 35  “Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Hwɛ merebebubu Elam agyan,+ n’ahoɔden mfiase no. 36  Mede mframa anan befi ɔsoro afanan aba Elam so.+ Mɛbɔ wɔn ahwete mframa yi nyinaa ano,+ na ɔman bi nni hɔ a Elamfo a wɔabɔ wɔn ahwete+ no renkɔ hɔ.’” 37  “Na mebubu Elamfo wɔn atamfo anim, ne wɔn a wɔrehwehwɛ wɔn kra no anim. Mede mmusu ne m’abufuhyew+ bɛba wɔn so,” Yehowa asɛm ni. “Na mɛsoma nkrante adi wɔn akyi kosi sɛ mɛma wɔn ase ahyew.”+ 38  “Mede m’ahengua besi Elam,+ na mɛsɛe ɔhene ne ne mpanyimfo afi hɔ,” Yehowa asɛm ni. 39  “Na ɛbɛba sɛ awiei nna no mu no,+ mɛsan aboaboa Elam+ atukɔfo ano,” Yehowa asɛm ni.

Ase Hɔ Nsɛm