Yeremia 5:1-31

5  Munkyin Yerusalem mmorɔn so, na monhwɛ ɛ, na munhu, na monhwehwɛ ne mmɔnten so nhwɛ, sɛ mubehu onipa+ bi anaa; obi a odi asɛntrenee+ na ɔhwehwɛ nokware.+ Anka mede befiri kurow no.  Sɛ wɔka sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase yi!” mpo a, ɛyɛ ntanhunu na wɔka.+  O Yehowa, ɛnyɛ nokwaredi+ na w’aniwa hwɛ anaa? Woabobɔ wɔn,+ nanso ante wɔn.+ Wotɔree wɔn ase.+ Wɔpoo nteɛso.+ Wɔmaa wɔn anim yɛɛ den sen ɔbotan.+ Wɔansan wɔn akyi.+  Me ara mekae sɛ: “Eyinom yɛ famfam nnipa. Wɔadi nkwaseasɛm, efisɛ wɔabu wɔn ani agu Yehowa kwan ne wɔn Nyankopɔn atemmu so.+  Mesim akɔ atitiriw no nkyɛn na me ne wɔn akɔkasa;+ ebia wɔn de, wɔahu Yehowa kwan ne wɔn Nyankopɔn atemmu.+ Nanso wɔn nyinaa abubu kɔndua no; wɔatetew nhama no mu.”+  Ɛno nti na kwae mu gyata atow ahyɛ wɔn so, na sare so pataku asɛe wɔn,+ na ɔsebɔ atɛw wɔn nkurow ho no.+ Obiara a ofi adi fi mu no, wɔbɛtetew no asinasin efisɛ wɔn amumɔyɛ dɔɔso, na wɔn mmarato nni ano.+  Eyi de, ɛbɛyɛ dɛn na mede afiri wo? Wo mma agyaw me, na wɔka nea ɛnyɛ+ Onyankopɔn ntam.+ Mema wɔmee,+ nanso wɔsɛee aware ara,+ na wɔboom yuu kɔɔ ɔbea aguaman fie.  Wɔte sɛ apɔnkɔ a wɔn ho asɔresɔre a wɔn hwewa ayeyere. Wosu di wɔn yɔnko yere akyi.+  “Eyinom nti, merentua wɔn so ka anaa?” Yehowa asɛm ni.+ “Na me kra rentɔ were ɔman a ɛte sɛ eyi so anaa?”+ 10  “Momforo ne bobe nturo na monsɛe no,+ nanso monntɔre ase korakora.+ Mompempan ne mmaa foforo no, efisɛ ɛnyɛ Yehowa dea.+ 11  Na nkontompo na Israel fie ne Yuda fie atwa me,” Yehowa asɛm ni.+ 12  “Wɔapo Yehowa na wɔka sɛ, ‘Onni hɔ.+ Mmusu bi remma yɛn so, na yɛrenhu nkrante anaa ɔkɔm nso.’+ 13  Na adiyifo no adan mframa, na m’asɛm nni wɔn mu.+ Saa ara na ɛbɛto wɔn.” 14  Enti nea asafo Yehowa Nyankopɔn aka ni: “Eyi a moaka nti, hwɛ, mɛma m’asɛm a ɛwɔ w’anom ayɛ ogya,+ na ɔman yi adan nnyina na ahyew wɔn.”+ 15  “Hwɛ, mede ɔman bi fi akyirikyiri reba mo so,+ O Israel fie,” Yehowa asɛm ni. “Ɛyɛ ɔman a akyɛ,+ ɔman a ɛwɔ hɔ fi teteete; ɔman a munnim wɔn kasa, na monte nea wɔka no ase. 16  Wɔn agyan kotoku te sɛ ɔdamoa a wɔnkataa so; wɔn nyinaa yɛ nnɔmmarima.+ 17  Wobedi wo nnɔbae ne w’aduan.+ Wɔbɛmemene wo mmabarima ne wo mmabea. Wobedi wo nguan ne w’anantwi. Wobedi wo bobe ne wo borɔdɔma nnua.+ Wɔde nkrante bebubu wo nkurow a wɔabɔ ho ban a wode wo ho ato so no.” 18  “Nanso saa nna no mu no,” Yehowa asɛm ni, “merensɛe mo pasaa.+ 19  Na ɛbɛba sɛ mobɛka sɛ, ‘Dɛn nti na Yehowa, yɛn Nyankopɔn ayɛ yɛn saa ade yi nyinaa?’+ Na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛnea moagyaw me akɔsom ananafo nyame wɔ mo asase so no, saa na mobɛsom ananafo, asase a ɛnyɛ mo de so.’”+ 20  Monka wɔ Yakob fie, na mommɔ no dawuru wɔ Yuda, sɛ: 21  “Muntie eyi ɛ, ɔman nkwaseafo a munni ti:+ Wɔwɔ aniwa, nanso wonhu ade;+ wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm.+ 22  ‘Enti munsuro me anaa?’+ Yehowa asɛm ni, ‘anaasɛ me nti munni yaw a emu yɛ den anaa?+ Me na mede anhwea atwa po ano hye, de ayɛ daa ahyɛde a entumi ntra; na sɛ n’asorɔkye bɔ mpo a, entumi no, na sɛ ehuru sɛ dɛn ara a, entumi ntra.+ 23  Na ɔman yi anya asoɔden ne atuatew koma; wɔaman, na wɔnam wɔn kwan so.+ 24  Wɔanka wɔn komam sɛ: “Afei de, momma yensuro Yehowa yɛn Nyankopɔn,+ nea ɔtɔ osu, na ɔma adonsu ne asusow wɔ ne bere mu,+ nea ɔhwɛ otwabere adapɛn a wɔahyɛ so ma yɛn no.”+ 25  Mo mfomso na ama moahwere nneɛma yi, na mo bɔne na ama nneɛma pa abɔ mo.+ 26  “‘Efisɛ wohu abɔnefo wɔ me man mu.+ Wɔtetɛw daa sɛnea nnomaayifo butubutuw.+ Wɔasum afiri a ɛsɛe ade. Nnipa na wɔde yi wɔn. 27  Sɛnea nnomaa dɔɔso wɔ buw mu no, saa na nnaadaa ayeyɛ wɔn afie amaama.+ Ɛno nti na wɔayeyɛ akɛse na wɔanya wɔn ho no.+ 28  Wɔadodɔ srade,+ na wɔayɛ fɔɔfɔɔ. Nnebɔne nso ahyɛ wɔn ma abu so. Wonni obiara asɛm mma no;+ wonni agyanka+ mpo asɛm mma no na ama wɔadi yiye.+ Ahiafo nso, wommu atɛn mma wɔn.’” 29  “Eyinom nti, merentua wɔn ka anaa?” Yehowa asɛm ni. “Na me kra rentɔ were ɔman a ɛte sɛ eyi so anaa?+ 30  Ahobowde ne ahodwiriwde na wɔde aba asase no so:+ 31  Adiyifo no hyɛ nkɔntoro;+ asɔfo no nso, wɔde wɔn ahoɔden di nkurɔfo so.+ Me man nso pɛ no saa.+ Na awiei no, mobɛyɛ dɛn?”+

Ase Hɔ Nsɛm