Yeremia 50:1-46

50  Asɛm a Yehowa nam odiyifo Yeremia so kae wɔ Babilon+ ne Kaldeafo+ asase ho ni:  “Monka wɔ amanaman no mu, mommɔ no dawuru.+ Momma ahyɛnsode+ so, mommɔ no dawuru. Mommfa hwee nnsie. Monka sɛ, ‘Wɔadi Babilon so nkonim.+ Wɔagu Bel anim ase.+ Ehu aka Merodak. Wɔagu n’ahoni anim ase.+ Ehu aka n’abosom fĩ no.’  Na ɔman bi fi atifi fam aba no so.+ Ama n’asase adan ahodwiriwde na obi rentena mu.+ Nnipa ne afieboa nyinaa aguan.+ Wɔn nyinaa kɔ.”+  “Saa nna no ne saa bere no,”+ Yehowa asɛm ni, “Israelfo ne Yudafo nyinaa bɛba.+ Wɔbɛnantew aba, na wɔreba nyinaa na wɔresu,+ na Yehowa wɔn Nyankopɔn na wɔbɛhwehwɛ no.+  Wobebisa Sion kwan na wɔde wɔn ani akyerɛ hɔ+ aka sɛ, ‘Mommra mma yɛne Yehowa nyɛ daa apam a werɛ remfi da.’+  Me man adan nguan a wɔresã.+ Wɔn ahwɛfo na wɔama wɔafom kwan.+ Wɔama wɔnenam mmepɔw so.+ Wofi bepɔw so kɔ koko so. Wɔn werɛ afi wɔn homebea.+  Wɔn a wohu wɔn nyinaa di wɔn nam,+ na wɔn atamfo ka sɛ,+ ‘Yɛrenni fɔ,+ efisɛ Yehowa na wɔayɛ no bɔne, trenee tenabea+ ne wɔn agyanom anidaso,+ Yehowa no.’”  “Munguan mfi Babilon, na mumfi Kaldeafo+ asase so nkɔ; monyɛ sɛ mpapo a wodi nguankuw anim.+  Na merehwanyan aman akɛse asafo afi atifi fam aba Babilon so,+ na wɔbɛhyehyɛ wɔn ho aba ne so.+ Wobefi hɔ adi no so nkonim.+ Wɔn agyan te sɛ dɔmmarima de; wɔn na wɔma nkurɔfo hwere wɔn mma na wɔnkɔ mfa nsapan mma.+ 10  Na Kaldea bɛdan asade.+ Wɔn a wɔfow no nyinaa bɛmee,”+ Yehowa asɛm ni. 11  “Efisɛ bere a mofow m’agyapade no,+ mudii ahurusi,+ na mo ani gyei. Mutiatiaa wɔn so sɛnea nantwibere kumaa tiatia sare momono so,+ na moteɛteɛɛm sɛ apɔnkɔnini.+ 12  Animguase kɛse aka mo maame.+ Nea ɔwoo mo no nsa asi fam.+ Hwɛ! Wayɛ ɔman a mfaso nni so koraa wɔ amanaman mu; wadan sare pradada ne asase a nsu nni so.+ 13  Yehowa abufuw nti, obi rentena mu,+ na n’afã nyinaa bɛdan amamfõ.+ Obiara a obetwam Babilon de ahodwiriw bɛhwɛ na wabɔ hwirema, n’amanehunu no nyinaa nti.+ 14  “Monhyehyɛ mo ho nkɔ Babilon so wɔ afã nyinaa,+ mo a mukuntun agyan mu nyinaa.+ Montow agyan nkɔ no so.+ Munnnyaw agyan no bi efisɛ wɔayɛ Yehowa bɔne.+ 15  Monhyɛn ɔko ntorobɛnto ngu no so wɔ afã nyinaa.+ Wama ne nsa so.+ N’adum abubu. Wɔadwiriw n’afasu agu.+ Efisɛ ɛyɛ Yehowa aweredi.+ Montɔ ne so were. Sɛnea wayɛ nkurɔfo no, saa na momfa nyɛ no.+ 16  Muntwa ogufo ne nea okura kantankrankyi otwabere no mfi Babilon.+ Atirimɔden nkrante nti, wɔde wɔn ani bɛkyerɛ wɔn nkurɔfo mu, na obiara aguan akɔ n’asase so.+ 17  “Israel yɛ oguan a wayera.+ Agyata na wɔapam no.+ Nea edi kan, Asiria hene tetew ne mu,+ na akyiri yi, Babilon hene Nebukadresar bobɔɔ ne nnompe mu.+ 18  Enti nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn aka ni, ‘Hwɛ, metu m’ani asi Babilon hene ne n’asase so sɛnea mituu m’ani sii Asiria hene so no.+ 19  Na mɛsan de Israel aba n’adidibea,+ na obedidi wɔ Karmel+ ne Basan.+ Na ne kra bedidi amee wɔ Efraim+ ne Gilead+ mmepɔw so.’” 20  “Saa nna no ne saa bere no,”+ Yehowa asɛm ni, “wɔbɛhwehwɛ Israel mmarato+ na wɔrenhu; wɔbɛhwehwɛ Yuda bɔne,+ na wɔrenhu, efisɛ wɔn a mɛma wɔaka no, mede wɔn bɔne befiri wɔn.”+ 21  “Tu Merataim asase no so sa,+ kɔ no so na kɔ Pekodfo+ so. Fa okunkɛse ne ɔsɛe pasaa di wɔn akyi,” Yehowa asɛm ni, “na yɛ nea mahyɛ wo nyinaa.+ 22  Ɔko gyegyeegye ne ɔsɛe kɛse wɔ asase no so.+ 23  O hwɛ sɛnea wɔatwa asase nyinaa asae+ no akyene na abubu!+ O hwɛ sɛnea Babilon adan ahodwiriwde amanaman no mu!+ 24  O Babilon, masum wo afiri ma ayi wo, nanso woanhu.+ Wɔabɛto wo, na wɔakyere wo, efisɛ Yehowa na wo ne no adi asi.+ 25  “Yehowa abue n’adekoradan, na wayi n’abufuw akode adi.+ Efisɛ Awurade Tumfoɔ,+ asafo Yehowa wɔ adwuma bi yɛ wɔ Kaldeafo asase so.+ 26  Mumfi akyirikyiri mmra no so.+ Mummue n’aduankoradan.+ Mommoaboa ano sɛ awi+ na monsɛe no.+ Mommma biribiara nnka mmma no.+ 27  Munkunkum n’anantwinini nkumaa nyinaa.+ Momma wɔnkɔ okum mu.+ Wonnue, efisɛ wɔn bere aso, wɔn akontaabu da no!+ 28  “Wɔate aguanfo ne wɔn a wɔreguan fi Babilon asase so no nnyigyei,+ na wɔrekɔka Yehowa yɛn Nyankopɔn aweredi+ ne n’asɔrefie ho aweredi+ wɔ Sion. 29  “Momfrɛfrɛ agyantofo ne wɔn a wokuntun tadua mu nyinaa nkɔ Babilon so.+ Mommɔ ne ho nsra nhyia. Mommma obiara nnguan.+ Muntua no ka sɛnea ne nneyɛe te.+ Sɛnea wayɛ nkurɔfo no, saa na momfa nyɛ no,+ efisɛ wadi Yehowa, Israel Kronkronni no so ahantansɛm.+ 30  Enti ne mmerante bɛtotɔ ne mmɔnten so,+ na ne mmarima a wɔkɔ ɔsa nyinaa bɛyɛ dinn ɛda no,”+ asafo Yehowa asɛm ni. 31  Awurade Tumfoɔ,+ asafo Yehowa asɛm ni: “Hwɛ! me ne wo anya,+ O Ɔhantanni,+ efisɛ wo da bɛba bere a metu m’ani asi wo so no. 32  Ɔhantanni no behintiw ahwe ase,+ na ɔrennya obi mma no so.+ Na mede ogya bɛto ne nkurow mu, na ɛbɛhyew atwa ne ho nyinaa ahyia.”+ 33  Nea asafo Yehowa aka ni: “Wɔafa Israelfo ne Yudafo nyinaa nnommum, na wɔhyɛ wɔn so. Wɔn a wɔde wɔn ayɛ nnommum no kurakura wɔn mu,+ na wɔmpɛ sɛ wogyaa wɔn.+ 34  Wɔn Gyefo no ho yɛ den,+ na asafo Yehowa ne ne din.+ Odi na obedi wɔn asɛm ama wɔn+ na wama asase no ahome,+ na wahyɛ Babilonfo ahometew.”+ 35  “Nkrante reba Kaldeafo so,”+ Yehowa asɛm ni, “ne Babilonfo+ ne wɔn mpanyimfo+ ne wɔn anyansafo+ so. 36  Nkrante reba wɔn a wɔka nsɛnhunu so,+ na wɔbɛyɛ sɛ nkwaseafo.+ Nkrante reba ne nnɔmmarima so,+ na wɔbɛbɔ hu.+ 37  Nkrante reba wɔn apɔnkɔ+ ne wɔn ko nteaseɛnam ne firamanfiramanfo a wɔwɔ wɔn mu no nyinaa so,+ na wɔbɛdan mmea.+ Nkrante reba wɔn ademude so, na nkurɔfo bɛfow wɔn.+ 38  Wɔn nsu bɛsɛe na ayow.+ Efisɛ ɛyɛ ahoni+ asase, na wɔn anisoadehu a ɛyɛ hu no nti, wɔbɛyɛ sɛ abɔdamfo. 39  Ɛno nti kwayow so mmoa ne mmoa a wɔpa so na ɛbɛtena hɔ, na nsohori nso atena hɔ.+ Obi rentena hɔ bio, na ɛrentena hɔ bio, awo ntoatoaso nyinaa mu.”+ 40  “Sɛnea Onyankopɔn butuw Sodom ne Gomora+ ne ɛho nkurow+ no,” Yehowa asɛm ni, “saa ara na obiara rentena hɔ, na ɔdesani biara rensoɛ hɔ.+ 41  “Hwɛ! Ɔman bi fi atifi fam reba; wɔbɛhwanyan ɔman kɛse+ ne ahene akɛse+ afi akyirikyiri asase so aba.+ 42  Wokurakura agyan ne peaw.+ Wɔn tirim yɛ den na wɔrenhu obiara mmɔbɔ.+ Wɔn nnyigyei te sɛ ɛpo a ɛrehuru,+ na wɔbɛtenatena apɔnkɔ so;+ wɔayɛ krado sɛ onipa biako, na wɔne wo rebɛko, O Babilon babea.+ 43  “Babilon hene ate wɔn ho amanneɛbɔ,+ na ne nsam agow.+ Ne ho guan no! Ɛyaw aso ne mu sɛ ɔbea a ɔrewo.+ 44  “Hwɛ! Obi bɛsɔre sɛ gyata afi Yordan kwaebirentuw no mu aba hintabea hɔ,+ nanso mɛma waguan afi ne mu ntɛm.+ Nea mapaw no na mede no besi no so.+ Hena na ɔte sɛ me?+ Hena na ɔne me bedi asi,+ na hena ne oguanhwɛfo a obetumi agyina m’anim?+ 45  Enti afei, muntie nea Yehowa abɔ ne tirim+ sɛ ɔde bɛyɛ Babilon+ ne nea wasusuw sɛ ɔbɛyɛ Kaldeafo asase no.+ Ampa, wɔbɛtwe nguammaa no ase.+ Ampa, wɔn nti, ɔbɛma wɔn tenabea adan amamfõ.+ 46  Sɛ wɔfa Babilon a, ɛho nnyigyei no bɛma asase awosow,+ na wɔbɛte nteɛm wɔ amanaman no mu.”+

Ase Hɔ Nsɛm