Yeremia 51:1-64

51  Nea Yehowa aka ni: “Hwɛ, merema mframa a ɛsɛe ade+ atwiw afa Babilon+ ne wɔn a wɔtete Leb-Kamai no so;  mɛsoma ahuwfo aba Babilon ma wɔabehuw no, na wɔbɛma n’asase ada mpan.+ Na wɔbɛba no so wɔ afã nyinaa, amanehunu da no.+  “Nea okuntun agyan mu no, mma onnkuntun mu bio.+ Na mma obiara nnsɔre mmfa akotade nnhyɛ. “Mo nso, munnhu ne mmerante mmɔbɔ.+ Monsɛe n’asraafo nyinaa.+  Momma wɔntotɔ wɔ Kaldeafo+ asase so na munhwirew wɔn mu, ne mmɔnten so.+  “Na asafo Yehowa, Israel ne Yuda+ Nyankopɔn no, onnyaw wɔn akunafo.+ Wɔn de, asodi ahyɛ wɔn asase no so mã, Israel Kronkronni no ani so.+  “Munguan mfi Babilon,+ na obiara nnye ne kra nkwa.+ Monhwɛ na ne bɔne nti, moannan awufo.+ Yehowa aweredi bere asõ.+ Ɔrebetua ne nneyɛe so ka.+  Babilon ayɛ sɛ sika kuruwa Yehowa nsam;+ wama asase nyinaa abobow.+ Amanaman no anom ne nsã no.+ Ɛno nti na amanaman no ayɛ sɛ abɔdamfo+ no.  Babilon ahwe ase mpofirim na wabubu.+ Muntwa ne ho adwo.+ Ne yaw nti, momma no balsam+ ngo, na ebia ne ho bɛtɔ no.”  “Anka yɛresa Babilon yare, nanso yare no ankɔ. Munnyaw no+ mma yɛnkɔ; obiara nkɔ n’asase so.+ Na n’atemmu adu soro nohoa, na wɔama so kɔ omununkum mu wɔ wim.+ 10  Yehowa ayɛ trenee nnwuma ama yɛn.+ Mommra mma yɛnka Yehowa yɛn Nyankopɔn no adwuma ho asɛm wɔ Sion.”+ 11  “Monsew agyan ano.+ Munso akyɛm mu. Yehowa akanyan Media ahene honhom,+ na n’adwene wɔ Babilon so+ sɛ ɔrebɛsɛe no. Ɛyɛ Yehowa aweredi; ɛyɛ n’asɔrefie ho aweredi.+ 12  Momma ahyɛnsode so wɔ Babilon fasu so.+ Monhyɛ ɔwɛn no mu den.+ Momfa awɛmfo nsisi hɔ.+ Momma atɛwfo nyɛ krado. Yehowa na wabɔ ne tirim, na nea waka atia Babilonfo no, ɔbɛyɛ.”+ 13  “O ɔbea a wote nsu pii so+ a wowɔ ademude pii,+ w’awiei aba,+ na wo mfasonya bere atwam.+ 14  Asafo Yehowa aka n’ankasa ne kra ntam+ sɛ, ‘Mɛma mmarima ayɛ wo mu mã sɛ mmoadabi,+ na wɔbɛbɔ ose wɔ wo so.’+ 15  Ɔno na ɔde ne tumi yɛɛ asase,+ na ɔde ne nyansa+ maa asase tim hɔ;+ Ɔno na ɔde ne nhumu+ trɛw ɔsoro mu.+ 16  Ɔma ne nne so a, nsu bobom wɔ soro, na ɔma suwusiw fi asase ano nohoa foro kɔ.+ Wayiyi akwan ama osu,+ na ɔbɔ mframa fi n’asan mu ba. 17  Nnipa nyinaa nni ntease ma enti wonni nimdeɛ.+ Ɔtomfo biara ani bewu ne honi a wayɛ ho,+ efisɛ ne dade honi yɛ nnaadaa,+ na honhom nni wɔn mu.+ 18  Ɛyɛ ahuhude,+ asereserede.+ Akontaabu da no, wɔbɛsɛe.+ 19  “Yakob Kyɛfa nte sɛ eyinom,+ efisɛ ɔno ne nneɛma nyinaa Yɛfo,+ na ɔyɛ n’agyapade poma.+ Asafo Yehowa ne ne din.”+ 20  “Woyɛ me nsam aporibaa ne akode,+ na mede wo bebubu amanaman no, na mede wo bɛsɛesɛe ahenni. 21  Mede wo bebubu ɔpɔnkɔ ne nea ɔte no so mu asinasin, na mede wo bebubu ɔko teaseɛnam ne nea ɔte mu no mu asinasin.+ 22  Mede wo bebubu ɔbarima ne ɔbea mu asinasin, mede wo bebubu akwakoraa ne abarimaa mu asinasin, na mede wo abubu aberante ne ɔbaabun mu asinasin. 23  Mede wo bebubu oguanhwɛfo ne ne nguankuw mu asinasin, mede wo bebubu okuafo ne ne mmoa mpamho mu asinasin, na mede wo abubu amradofo ne asoafo mu asinasin. 24  Na bɔne a Babilon ne Kaldeafo ayɛ mo ani so wɔ Sion nyinaa nso, metua wɔn so ka,”+ Yehowa asɛm ni. 25  “O bepɔw+ a wosɛe ade, me ne wo anya,”+ Yehowa asɛm ni, “wo a wosɛe asase nyinaa;+ mɛteɛ me nsa wo so, na mapirepirew wo afi abotan mu, na mayɛ wo bepɔw a ahyew.”+ 26  “Nnipa remfa ɔbo a wɔde bɛto twea so ne ɔbo a wɔde bɛto fapem mfi wo mu,+ efisɛ daa amamfõ na wobɛdan,”+ Yehowa asɛm ni. 27  “Momma ahyɛnsode so wɔ asase no so.+ Monhyɛn abɛn amanaman mu. Munhyira amanaman so ntia no.+ Momfrɛfrɛ Ararat+ ne Mini ne Askenas+ ahenni nkɔ no so. Momma dɔm anoboaboafo so ntia no. Momma apɔnkɔ+ mmra sɛ mmoadabi manyamanya a wɔrefuw ntaban. 28  Munhyira amanaman so ntia no, Media ahene+ ne wɔn amradofo ne wɔn asoafo nyinaa ne nsase a wɔn nyinaa di so. 29  Momma asase nwosow na enhinhim biribiri,+ na Yehowa adwen biribi atia Babilon sɛ ɔbɛma Babilon asase ayɛ ahodwiriwde, na obi rentena hɔ.+ 30  “Babilon nnɔmmarima agyae ɔko. Wɔaka abannennen no mu. Wɔn ahoɔden asa.+ Wɔadan mmea.+ Wɔato ne tenabea mu gya. Wɔabubu n’adaban.+ 31  “Ommirikatufo tu mmirika kohyia ommirikatufo, na ɔbɔfo kohyia ɔbɔfo,+ na wɔkɔbɔ Babilon hene amanneɛ sɛ nkurɔfo adi ne kurow no nyinaa so,+ 32  na wɔafa asutwaree no nyinaa,+ na wɔde ogya ahyew demmire akorow no, na mmarima a wɔkɔ ɔsa no ani atan.”+ 33  Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn aka ni: “Babilon babea te sɛ awiporowbea.+ Bere adu sɛ wotiatia no so pasaa. Aka kakraa sɛ twabere adu ama no.”+ 34  “Babilon hene Nebukadresar amene me;+ wama m’adwene atu afra. Ɔde me asi hɔ sɛ ade a hwee nni mu. Wamene me sɛ ɔwɔ kɛse bi;+ ɔde m’adepa ahyɛ ne yafunu ma. Wahohoro me kɔ. 35  Nea ɔte Sion bɛka sɛ, ‘Awudisɛm a wɔde dii me ne me honam no, ɛmmra Babilon so!’+ Na Yerusalem nso bɛka sɛ, ‘Me mogya mmra Kaldeafo so!’”+ 36  Enti nea Yehowa aka ni: “Hwɛ, meredi w’asɛm ama wo,+ na mɛtɔ were ama wo.+ Mɛma po a ɛda hɔ no ayow, na mama ne nsubura ayoyow.+ 37  Babilon bɛdan abokuw+ ne sakraman tenabea,+ ahodwiriwde ne ade a wɔhwɛ bɔ hwirema, na obi rentena hɔ.+ 38  Wɔn nyinaa bɛbobom sɛ agyata; wɔbɛpa so sɛ agyata mma.” 39  “Sɛ wɔn ani gye a, mɛtow wɔn pon na mɛma wɔabobow na wɔn ho asɛpɛw wɔn,+ na wɔbɛda akosi daa a wɔrensɔre,”+ Yehowa asɛm ni. 40  “Mede wɔn besian aba sɛ nguanten a wɔrekokum wɔn, te sɛ adwennini ne mpapo.”+ 41  “Hwɛ sɛnea wɔakyere Sesak,+ hwɛ sɛnea wɔafa asase nyinaa Ayeyi no!+ Hwɛ sɛnea Babilon adan ahodwiriwde, amanaman no mu!+ 42  Ɛpo atwiw afa Babilon so. N’asorɔkye bebrebe no akata ne so.+ 43  Ne nkurow adan ahodwiriwde, asase a nsu nni so ne sare pradada.+ Ne nsase no, obiara rentena so, na ɔdesani bi rentwam mfa hɔ.+ 44  Metu m’ani asi Bel+ so wɔ Babilon na mama wafe nea wamene nyinaa aba.+ Na amanaman rensen nkɔ ne nkyɛn bio.+ Na Babilon fasu nso bedwiriw agu.+ 45  “Me man, mumfi ne mu,+ munguan na obiara nnye ne kra nkwa+ mfi Yehowa abufuhyew mu.+ 46  Anyɛ saa a, mo koma betu,+ na ehu bɛka mo, amanneɛbɔ a mobɛte wɔ asase no so nti. Afe bi wɔbɛte amanneɛbɔ bi, na n’afe akyi no, wɔbɛte amanneɛbɔ bio; awudisɛm wɔ asase no so na sodifo asɔre atia sodifo. 47  Enti hwɛ! nna bi reba, na metu m’ani asi Babilon ahoni no so;+ n’asase nyinaa anim begu ase, na n’atɔfo bɛtotɔ ne mu.+ 48  “Na ɔsoro ne asase ne nea ɛwom nyinaa bɛto Babilon ho ahurusi dwom,+ efisɛ asɛefo no befi atifi fam aba no so,”+ Yehowa asɛm ni. 49  “Ɛnyɛ Israel atɔfo nko na Babilon ma wɔtotɔe,+ na asase so atɔfo nyinaa nso totɔe wɔ Babilon.+ 50  “Mo a moaguan afi nkrante ano, monkɔ. Munnnyina hɔ.+ Mumfi akyirikyiri nkae Yehowa+ na monkae Yerusalem nso mo koma mu.”+ 51  “Wɔagu yɛn anim ase,+ yɛate ahohora yɛn asom.+ Aniwu akata yɛn anim,+ efisɛ ananafo aba Yehowa fie kronkronbea no so.”+ 52  “Enti hwɛ! nna bi reba,” Yehowa asɛm ni, “na metu m’ani asi n’ahoni no so,+ na wɔn a wɔahwirew wɔn mu n’asase nyinaa so no besi apini.”+ 53  “Sɛ Babilon foro kɔ soro,+ na ɔma n’abantenten kodu sorosoro+ mpo a, me nkyɛn na asɛefo no befi aba ne so,”+ Yehowa asɛm ni. 54  “Tie! Wɔte nteɛteɛm wɔ Babilon,+ ne ɔsɛe kɛse wɔ Kaldeafo asase so,+ 55  efisɛ Yehowa resɛe Babilon, na ɔbɛsɛe n’anoɔden no afi hɔ,+ na wɔn asorɔkye behuru sɛ nsu pii,+ na wɔrente ne nne bio. 56  Ɔsɛefo+ no bɛba Babilon so, na ne nnɔmmarima no, wɔbɛkyere wɔn.+ Wobebubu wɔn agyan mu pasaa,+ efisɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn a otua bɔne so ka.+ Otua de, obetua ka.+ 57  Na emu mpanyimfo ne anyansafo ne amradofo ne asoafo ne nnɔmmarima no, mɛma wɔabobow,+ na wɔbɛda akosi daa a wɔrensɔre,”+ Ɔhene+ a ne din de asafo Yehowa+ no asɛm ni. 58  Nea asafo Yehowa aka ni: “Babilon fasu a ɛtrɛw no, wobedwiriw agu;+ n’apon atenten no, wɔde ogya bɛhyew.+ Aman no bɛyɛ adwumahunu,+ na amanaman no bɛyɛ adwuma ma ogya ahyew;+ wɔbɛbrɛ wɔn ho kwa.” 59  Nsɛm yi na odiyifo Yeremia hyɛɛ Maseia+ ba Neria+ ba Seraia bere a ɔne Yuda hene Sedekia kɔɔ Babilon, n’ahenni afe a ɛto so anan mu no; ná Seraia yɛ apiafohene. 60  Na Yeremia kyerɛw mmusu a ɛbɛba Babilon so no nyinaa wɔ nhoma+ biako mu, nsɛm a ɔkyerɛw tiaa Babilon no nyinaa. 61  Bio nso Yeremia ka kyerɛɛ Seraia sɛ: “Sɛ wunya du Babilon, na wuhu kurow no pɛ a, kenkan nsɛm yi nyinaa den.+ 62  Na ka sɛ, ‘O Yehowa, wo na wokasa tiaa kurow yi, sɛ wontwa mfi hɔ na obiara antena mu,+ onipa ne aboa nyinaa, na ɛnnan daa amamfõ.’ 63  Na sɛ wokenkan nhoma yi wie a, fa kyekyere ɔbo na tow to Eufrate mu.+ 64  Na ka sɛ, ‘Saa na Babilon bɛmem a ɛrensɔre bio da, mmusu a mede reba ne so no nti.+ Wɔbɛbrɛ wɔn ho kwa.’”+ Ɛha na Yeremia nsɛm no si.

Ase Hɔ Nsɛm