Yeremia 52:1-34

52  Sedekia+ bedii ade+ no, na wadi mfe aduonu biako, na odii hene mfe dubiako wɔ Yerusalem.+ Ne maame din de Hamutal+ a ɔyɛ Yeremia a ofi Libna+ no ba.  Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne+ sɛnea Yehoiakim+ yɛe no ara.  Nneɛma a esisii wɔ Yerusalem ne Yuda yi na ɛmaa Yehowa bo fuwii, kosii sɛ ɔtow wɔn fii n’anim kyenee.+ Na Sedekia tew Babilon hene so atua.+  Afei ɛbae sɛ n’ahenni afe a ɛto so akron,+ ɔsram a ɛto so du, ɔsram no da a ɛto so du no, Babilon hene Nebukadresar bae; ɔne n’asraafodɔm nyinaa baa Yerusalem so+ betwaa ho hyiae, na wosii akoban twaa ho nyinaa hyiae.+  Wotwaa kurow no ho hyiae kosii Ɔhene Sedekia afe a ɛto so dubiako mu.+  Ɔsram a ɛto so anan no da a ɛto so akron+ no, ɔkɔm no mu yɛɛ den wɔ kurow no mu; ná aduan bi nni hɔ mma ɔmanfo no.+  Ɛnna wotuu kurow no mu hyɛn mu,+ na mmarima a wɔkɔ ɔsa no nyinaa guan+ anadwo kɔfaa afasu abien a ɛwɔ ɔhene turo+ ho no ntam pon no mu kɔe; saa bere no, na Kaldeafo no atwa kurow no ho nyinaa ahyia. Wɔde wɔn ani kyerɛɛ Araba.+  Na Kaldea asraafodɔm no de mmirika tiw Sedekia,+ na wɔkɔtoo ɔhene+ no wɔ Yeriko tataw no so; n’asraafodɔm a wɔwɔ ne nkyɛn nyinaa hwetee.+  Ɛnna wɔkyeree ɔhene no de no kɔmaa Babilon hene+ wɔ Ribla,+ Hamat+ asase so sɛ ommu no atɛn.+ 10  Babilon hene kunkum Sedekia mmabarima wɔ n’anim,+ na okunkum Yuda mpanyimfo no nyinaa nso wɔ Ribla.+ 11  Na Sedekia nso, ɔbobɔɔ n’ani.+ Afei Babilon hene de kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no, na ɔde no kɔɔ Babilon+ kɔtoo afiase kosii ne wuda. 12  Ɔsram a ɛto so anum no da a ɛto so du a ɛyɛ Ɔhene Nebukadresar,+ Babilon hene, no afe a ɛto so dunkron no, awɛmfo so panyin Nebusaradan,+ a ogyina Babilon hene anim som no no baa Yerusalem. 13  Na ɔhyew Yehowa fie+ ne ahemfie no ne Yerusalem afie nyinaa;+ ɔde ogya hyew ofikɛse biara.+ 14  Na Yerusalem afasu a atwa ho ahyia nyinaa, Kaldea asraafodɔm a wɔka awɛmfo so panyin no ho no nyinaa dwiriw gui.+ 15  Mmɔborɔfo a wɔwɔ ɔman no mu ne ɔmanfo nkae a wogyaw wɔn wɔ kurow no mu+ ne wɔn a wɔdan kɔɔ Babilon hene afã ne adwumayɛfo nkae a wɔn ho akokwaw no, awɛmfo so panyin Nebusaradan de wɔn kɔɔ nkoasom mu.+ 16  Na awɛmfo so panyin Nebusaradan gyaw asase no so mmɔborɔfo no bi sɛ wɔnyɛ bobe nturo mu adwumayɛfo ne apaafo.+ 17  Na Yehowa fie hɔ kɔbere adum+ ne nsutwe nnaka+ ne kɔbere po+ a ɛwowɔ Yehowa fie hɔ no, Kaldeafo no bubuu no asinasin, na wɔde ɛho kɔbere no nyinaa kɔɔ Babilon.+ 18  Na nea wɔde sesaw nsõ ne sofi+ ne adumgya+ ne nyaawa+ ne nkuruwa ne kɔbere nneɛma a wɔde som no nyinaa, wɔsesaw kɔe.+ 19  Na asɛn+ ne ogya nkukuwa ne nyaawa+ ne nea wɔde sesaw nsõ ne akaneadua+ ne nkuruwa ne afɔrebɔ nyaawa a wɔde sika+ amapa ayɛ ne nea wɔde dwetɛ amapa+ ayɛ no, awɛmfo so panyin no sesaw kɔe.+ 20  Na adum+ abien no, ɛpo+ biako no, kɔbere anantwi dumien+ a ɛpo no si wɔn akyi no, ne nsutwe nnaka no, Ɔhene Solomon na ɔyeyɛe wɔ Yehowa fie+ hɔ. Nneɛma yi nyinaa ho kɔbere de, wɔankari anhu ne dodow.+ 21  Adum no, na ebiara tenten yɛ basafa dunwɔtwe,+ na basafa dumien hama na etwa ho hyia;+ ná ne pipiripi yɛ nsateaa anan, na tokuru da mu. 22  Na wɔde kɔbere+ na ɛyɛɛ ɛso ntaaso no; ntaaso no biako tenten yɛ basafa anum;+ atena ne granate akutu a etwa ntaaso no ho hyia+ no, kɔbere na wɔde yɛɛ ne nyinaa; saa ara na edum a ɛto so abien no ho atena ne granate akutu no te.+ 23  Ná granate akutu a ɛwowɔ ho no yɛ aduɔkron asia, nanso na granate akutu a ɛsensɛn atena no so nyinaa yɛ ɔha.+ 24  Bio nso, awɛmfo so panyin no faa ɔsɔfo panyin Seraia+ ne ɔsɔfo Sefania+ a odi no so ne apon ano ahwɛfo abiɛsa no,+ 25  na kurow no mu nso, ɔfaa ahemfie panyin biako a ɔda asraafo ano, ne mmarima a wɔkɔ ɔhene anim+ no baason a wɔwɔ kurow no mu, ne ɔsahene no kyerɛwfo a ɔboaboa dɔm ano wɔ asase no so, ne ɔmanfo no mu mmarima aduosia a wɔwɔ kurow no mu.+ 26  Eyinom na awɛmfo so panyin Nebusaradan+ de wɔn kɔmaa Babilon hene wɔ Ribla.+ 27  Na Babilon hene bobɔɔ wɔn+ kum wɔn wɔ Ribla,+ Hamat+ asase so. Saa na ɛyɛe na Yuda fii n’asase so kɔɔ nkoasom mu.+ 28  Eyinom na Nebukadresar de wɔn kɔɔ nkoasom mu: afe a ɛto so ason no mu, Yudafo mpem abiɛsa ne aduonu abiɛsa.+ 29  Nebukadresar+ afe a ɛto so dunwɔtwe mu no, akra ahanwɔtwe aduasa abien na wɔfaa wɔn fii Yerusalem kɔe. 30  Nebukadresar afe a ɛto so aduonu abiɛsa mu no, Yudafo a awɛmfo so panyin Nebusaradan faa wɔn kɔɔ nkoasom mu no yɛ akra ahanson aduanan anum.+ Akra no nyinaa si mpemnan ne ahansia. 31  Bere a Yuda hene Yehoiakin+ kɔɔ nkoasom mu no, n’afe a ɛto so aduasa ason, ɔsram a ɛto so dumien no da a ɛto so aduonu anum, afe a Babilon hene Ewil-Merodak bɛyɛɛ ɔhene no, ɔmaa Yuda hene Yehoiakin so+ fii nneduafie. 32  Na ɔkasaa ayamye so kyerɛɛ no, na ɔmaa n’ahengua so sen ahene a wɔaka a wɔka ne ho wɔ Babilon no nhengua.+ 33  Na oyii n’afiase ntade,+ na odidii+ n’anim daa, ne nkwa nna nyinaa.+ 34  Nea wɔahyɛ sɛ wɔmfa mma no no, efi Babilon hene nkyɛn na wɔde maa no daa, da biara ne ne de, ne nkwa nna nyinaa, kosii ne wuda.+

Ase Hɔ Nsɛm