Yeremia 7:1-34

7  Asɛm a efi Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn ni:  “Kogyina Yehowa fie pon no ano, na bɔ asɛm yi dawuru wɔ hɔ,+ na ka sɛ, ‘Muntie Yehowa asɛm, mo Yudafo a mofa apon yi mu bɛkotow Yehowa nyinaa.  Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni: “Monyɛ mo akwan ne mo nneyɛe yiye, na me nso mɛma moatena ha.+  Munnnye nkontomposɛm+ nnni na monnka sɛ, ‘Yehowa asɔrefie, Yehowa asɔrefie, Yehowa asɔrefie ni!’  Efisɛ sɛ moyɛ mo akwan ne mo nneyɛe yiye ampa, na mubu onipa ne ne yɔnko ntam atɛntrenee,+  na moanhyɛ ɔhɔho anaa agyanka anaa okunafo so,+ na moanhwie mogya a edi bem angu wɔ ha,+ na moankodi anyame foforo akyi amfa amanehunu amma mo so a,+  ɛnde me nso mɛma moatena ha, asase a mede maa mo agyanom sɛ wɔntena so mmeresanten nkosi daa no.”’”+  “Hwɛ, mo de, mode mo ho ato nkontomposɛm so; ɛremmoa mo ɔkwan biara so.+  So mobɛbɔ korɔn,+ adi awu,+ asɛe aware,+ akeka ntanhunu,+ ahyew afɔrebɔde ama Baal,+ akodi anyame foforo a munnim wɔn akyi,+ 10  na moasan abegyina m’anim ofie a me din+ da so yi mu na akyide yi nyinaa akyi no moaka sɛ, ‘Ogye de, obegye yɛn’? 11  Enti ofie a me din+ da so yi adan adwowtwafo atɛwee wɔ mo ani so?+ Hwɛ, m’ankasa nso mahu,” Yehowa asɛm ni.+ 12  “‘Afei, monkɔ me tenabea a na ɛwɔ Silo,+ faako a kan miyii sɛ me din ntena hɔ no,+ na monkɔhwɛ nea meyɛɛ hɔ, me man Israel bɔne a wɔyɛe no nti.+ 13  Enti afei,’ Yehowa asɛm ni, ‘sɛ́ moakɔ so ayɛ eyinom nyinaa, na daa mekasa kyerɛɛ mo, na mesɔree anɔpahema+ ne mo kasae nanso moantie,+ na mefrɛɛ mo na moannye so nti,+ 14  me nso, ofie a me din+ da so a mode mo ho ato so yi,+ ne tenabea a mede maa mo agyanom no, mɛyɛ no sɛnea meyɛɛ Silo no ara.+ 15  Na mɛtow mo afi m’anim akyene,+ sɛnea metow mo nuanom Efraim+ asefo no nyinaa gui no.’ 16  “Na wo de, mmɔ mpae mma ɔman yi, na mma wo nne so nsu mfrɛ me mma wɔn; mmɔ mpae,+ na nkotow nsrɛ mma wɔn, efisɛ merentie wo.+ 17  Nea wɔreyɛ wɔ Yuda nkurow mu ne Yerusalem mmɔnten so no, wunhui anaa?+ 18  Mma tase nnyina, na agyanom sɔ ano, ɔyerenom fɔtɔw esiam, na wɔde yɛ afɔrebɔ paanoo ma ‘ɔsoro hemmaa’;+ wohwie afɔrebɔ nsã+ ma anyame foforo de hyɛ me abufuw.+ 19  ‘Ɛyɛ me na wɔhyɛ me abufuw anaa?’+ Yehowa asɛm ni. ‘Ɛnyɛ wɔn ara na wɔyɛ saa de gu wɔn anim ase?’+ 20  Ɛno nti, nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka ni, ‘Hwɛ! Wobehwie m’abufuw ne m’abufuhyew agu ha+ yi ne adesamma ne afieboa ne wuram nnua+ ne asase so aba so; ɛbɛhyew na ɛrennum.’+ 21  “Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn aka ni, ‘Momfa mo hyew afɔrebɔde no nka mo ayɛyɛde ho, na munni nam.+ 22  Efisɛ da a miyii mo agyanom fii Egypt asase so no, manka ɔhyew afɔre+ ne ayɛyɛde ho asɛm bi ankyerɛ wɔn, na mamfa ɛho ahyɛde bi amma wɔn. 23  Asɛm yi nko na mede yɛɛ ahyɛde too wɔn so sɛ: “Muntie me nne,+ na mɛyɛ mo Nyankopɔn+ na mo nso moayɛ me man; monnantew akwan+ a mɛhyɛ sɛ momfa so nyinaa so na asi mo yiye.”’+ 24  Nanso wɔantie, na wɔanyɛ asõ nso;+ wɔn ankasa afotu ne wɔn koma+ bɔne atuatew mu na wɔnantewee, enti wɔsan wɔn akyi, na wɔankɔ wɔn anim;+ 25  wɔayɛ saa fi da a miyii mo agyanom fii Egypt asase so bae no de besi nnɛ.+ Mesomaa me nkoa adiyifo no nyinaa baa mo nkyɛn; mesɔre somaa wɔn da biara anɔpahema.+ 26  Nanso wɔantie me, wɔanyɛ asõ amma me,+ na wosen wɔn kɔn.+ Wɔyɛɛ bɔne sen wɔn agyanom mpo!+ 27  “Na wobɛka nsɛm yi nyinaa akyerɛ wɔn,+ nanso wɔrentie wo, wobɛfrɛ wɔn, nanso wɔrennye wo so.+ 28  Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Eyi ne ɔman a emufo ntie Yehowa wɔn Nyankopɔn nne+ na wonnye nteɛso no.+ Nokwaredi ayera, na wɔatwa afi wɔn anom.’+ 29  “Munyi mo nhwi a moagyaw no,+ na montow ngu, na muntwa kwadwom+ nkoko pradada so, efisɛ Yehowa apo mo,+ na obegyaw awo ntoatoaso a ne bo afuw wɔn no.+ 30  ‘Efisɛ Yuda mma ayɛ m’ani so bɔne,’ Yehowa asɛm ni. ‘Wɔde wɔn akyide no akosisi ofie a me din da so no mu de agu ho fĩ.+ 31  Wɔasisi Tofet+ sorɔnsorɔmmea wɔ Hinom ba bon+ no mu, de hyew wɔn mmabarima ne wɔn mmabea ogya mu;+ nanso menhyɛɛ wɔn saa, na ɛmmaa me komam da.’+ 32  “‘Enti hwɛ! nna bi reba,’ Yehowa asɛm ni, ‘na wɔremfrɛ no Tofet anaa Hinom ba bon bio, na mmom wɔbɛfrɛ no okum bon,+ na wobesie nnipa wɔ Tofet hɔ ara ma wɔrennya baabi wɔ hɔ bio.+ 33  Na ɔman yi afunu bɛyɛ wim nnomaa ne asase so mmoa aduan, na obiara renyi wɔn hu.+ 34  Na mɛma ahosɛpɛw nne, ahurusi nne, ayeforokunu ne ayeforo nne+ nso to atwa wɔ Yuda nkurow ne Yerusalem mmɔnten so, efisɛ asase no bɛdan amamfõ ara nko.’”+

Ase Hɔ Nsɛm