Yesaia 1:1-31

1  Yuda ahene+ Usia,+ Yotam,+ Ahas,+ ne Hesekia+ bere so, anisoade+ a Amus ba Yesaia+ nyae wɔ Yuda ne Yerusalem ho ni:  Ɔsoro tie,+ asase yɛ aso, na Yehowa aka sɛ: “Mayɛn mma ma wɔanyinyin,+ nanso wɔatew me so atua.+  Nantwi nim nea ɔtɔɔ no, na afurum nim ne wura adididaka, nanso Israel de, onnim;+ m’ankasa me man nni ntease.”+  Nnebɔneyɛfo man,+ due, ɔman a bɔne adonnɔn no, bɔne asefo,+ mma a wɔasɛe!+ Wɔagyaw Yehowa,+ wɔabu Israel Kronkronni no animtiaa,+ wɔasan wɔn akyi.+  Mo hefa bio na wɔmmɔ?+ Dɛn nti na moda so tew atua yi?+ Eti mũ no nyinaa yare, na koma mũ no nyinaa ayɛ mmerɛw.+  Efi ti kosi nan ase, baabiara nni hɔ a asɛm nni ho.+ Nipadua no nyinaa adan apirakuru, asoasoa na ɛho nyinaa abeabea​—wɔntotõe na wɔnkyekyeree, na wɔmfaa ngo nsraa so.+  Mo asase adan amamfõ,+ na wɔde ogya ahyew mo nkurow.+ Ahɔho+ redi mo asase so aba+ wɔ mo anim pɛɛ, na asase no asɛe te sɛ nea ahɔho abutuw no.+  Aka Sion babea+ wɔ hɔ te sɛ bobeturom sese, te sɛ ɔwɛmfo pata wɔ ɛfere afuw mu, te sɛ kurow a atamfo aka emufo ahyɛ mu.+  Sɛ asafo Yehowa annyaw nkaefo kakra amma yɛn a,+ anka yɛayɛ sɛ Sodom na yɛadan sɛ Gomora.+ 10  Sodom+ atumfoɔ,+ muntie Yehowa asɛm.+ Gomorafo man, monyɛ aso mma yɛn Nyankopɔn mmara. 11  Yehowa asɛm ni: “Mfaso bɛn na menya afi mo afɔre bebrebe no so? Adwennini+ ɔhyew afɔre+ ne mmoa srade+ no afono me. Na anantwi ne nguammaa ne mpapo+ mogya+ nso, m’ani nsɔ.+ 12  Sɛ moba m’anim+ a, hena na ɔhwehwɛ eyi fi mo hɔ, sɛ mummetiatia m’adiwo?+ 13  Monnkɔ so mmfa aduan mmmɛbɔ afɔre hunu wɔ m’anim bio.+ Aduhuam nso, mikyi koraa.+ Mudi ɔsram foforo+ ne homeda,+ na mobɔ gua,+ nanso minni asumansɛm+ ne nhyiam titiriw no ho koma. 14  Me kra kyi mo asram foforo ne mo afahyɛ ahorow no.+ Ɛyɛ adesoa ma me;+ ne soa ama mabrɛ.+ 15  Sɛ motrɛw mo nsam a,+ miyi m’ani hintaw mo.+ Mo mpae dodow+ no nyinaa mintie,+ efisɛ mogya ayɛ mo nsa mãmã.+ 16  Monhohoro mo ho,+ montew mo ho,+ munyi mo nneyɛe bɔne mfi m’anim,+ na munnyae bɔneyɛ.+ 17  Munsua papayɛ,+ monhwehwɛ atɛntrenee,+ monteɛ osisifo so,+ munni agyanka asɛm mma no,+ na monka bi mma okunafo.”+ 18  Yehowa asɛm ni: “Afei mommra mma yɛntoto nneɛma yiye.+ Sɛ mo bɔne te sɛ koogyan a, ɛbɛyɛ fitaa te sɛ sukyerɛmma,+ na ayɛ kɔɔ te sɛ ɔkɔben mpo a, ɛbɛyɛ te sɛ oguan nhwi. 19  Sɛ moyɛ aso tie a, mubedi asase no so nnepa.+ 20  Na sɛ moantie+ na mosɔre tia me a, nkrante bedi mo nam; Yehowa ankasa anom asɛm ni.”+ 21  Hwɛ sɛnea kurow nokwafo+ adan aguaman!+ Kan no na atɛntrenee ayɛ no mã,+ na trenee te ne mu,+ nanso afei de, adan awudifo nko.+ 22  Wo dwetɛ adan fĩ pɔtɔɔ,+ na wo nsã nso, wɔde nsu afra mu.+ 23  W’atumfoɔ asen wɔn kɔn na wɔne akorɔmfo na ɛbɔ.+ Wɔn mu biara dɔ adanmude,+ na wotiw akyɛde.+ Wonni agyanka asɛm mma no, na akunafo asɛm nnu wɔn anim.+ 24  Enti asafo Yehowa, Awurade nokwafo, Israel Tumfoɔ no,+ asɛm ni: “Hwɛ, mɛma me ho adwo me, m’atamfo+ ho, na metua wɔn a wɔtan me no ka.+ 25  Mɛdan me nsa aba wo so, na mɛnan wo ayi wo mu fĩ te sɛ nea mede samina reyi fĩ, na meyi wo mu fĩ nyinaa atow agu.+ 26  Na mɛsan ama wo atemmufo sɛ kan no, na wubenya afotufo te sɛ mfiase no.+ Afei wɔbɛfrɛ wo Trenee Kuropɔn, Nokware Kurow.+ 27  Wɔde atɛntrenee begye Sion,+ na wɔde trenee agye+ ne mma a wɔbɛsan aba no. 28  Na wɔbɛsɛe atuatewfo ne abɔnefo nyinaa prɛko,+ na wɔatwa wɔn a wogyaw Yehowa no afi hɔ.+ 29  Nnipa ani bewu nnupɔn a mo ani gyee ho no ho,+ na mo anim agu ase mo nturo ho.+ 30  Na mobɛyɛ sɛ dupɔn a n’ahaban apo,+ na moadan sɛ turo a ennya nsu. 31  Ɔbarima katakyi bɛyɛ sɛ asaawa,+ na n’adwuma ayɛ sɛ ogya nturuturuwii. Na wɔde ogya bɛhyew abien no nyinaa prɛko, na obiara nni hɔ a obedum no.”+

Ase Hɔ Nsɛm