Yesaia 12:1-6

12  Ɛda no,+ wobɛka sɛ: “O Yehowa, mɛda wo ase, efisɛ wo bo fuw me, nanso nkakrankakra w’abufuw no ano dwoe,+ na wutwaa wo ho kyekyee me werɛ.+  Hwɛ, Onyankopɔn ne me nkwagye.+ Mewɔ ahotoso na merensuro,+ efisɛ Yah Yehowa ne m’ahoɔden+ ne me tumi,+ na ɔno ne me nkwagye.”+  Mode ahosɛpɛw bɛsaw nsu afi nkwagye nsuti no mu.+  Saa da no, mobɛka sɛ: “Monna Yehowa ase!+ Mommɔ ne din.+ Momma aman nhu ne nneyɛe,+ na mompae mu nka sɛ ne din korɔn.+  Monto dwom nkamfo Yehowa,+ efisɛ nea wayɛ sõ.+ Wɔaka ho asɛm asase so nyinaa.  “Sion babea, di ahurusi na ma wo ho nsɛpɛw wo, efisɛ Israel Kronkronni a ɔwɔ wo mu no sõ.”+

Ase Hɔ Nsɛm