Yesaia 14:1-32

14  Yehowa behu Yakob mmɔbɔ,+ na ɔbɛsan apaw Israel.+ Ɔbɛma wɔahome wɔ wɔn asase so,+ na ahɔho de wɔn ho bɛbɔ wɔn na wɔde wɔn ho afam Yakob fie ho.+  Nkurɔfo de wɔn bɛba wɔn asase so, na Israel fie de wɔn bɛyɛ agyapade na wɔayɛ nkoa ne mfenaa wɔ Yehowa asase so.+ Na wɔbɛfa wɔn a wɔfaa wɔn nnommum no nnommum,+ na wɔn a wɔkaa wɔn so kɔɔ adwuma no bɛba abɛhyɛ wɔn ase.+  Na da a Yehowa bɛma woahome afi wo yaw ne w’abɛbrɛsɛ ne wo nkoasom mu brɛ mu no,+  wobebu Babilon hene bɛ aka sɛ: “O, ɛyɛɛ dɛn na nea ɔka nkurɔfo so kɔ adwuma yi agyae, na ɛyɛɛ dɛn na nhyɛso to atwa yi?+  Yehowa abubu abɔnefo abaa ne atumfoɔ poma mu,+  nea ɔde anibere hwe nkurɔfo daa,+ nea ɔde abufuw hyɛ aman so na ɔtaa wɔn a emu ngow no.+  Asase nyinaa so adwo,+ ɔhaw biara nni so. Nkurɔfo de anigye bɔ ose.+  Nea ato wo no ama ɔpopaw nnua+ ne Lebanon nkyeneduru mpo ani agye, na wɔka sɛ, ‘Efi bere a wodae yi, duabufo+ biara mmaa yɛn so.’  “Adamoa*+ a ɛwɔ asase ase tɔnn no mpo de ahopere rebehyia wo ama wo akwaaba. Wo nti awufo+ anyan, asase so atumfoɔ a wɔte sɛ mpapo nyinaa.+ Wama amanaman no ahene nyinaa asɔre afi wɔn agua so.+ 10  Wɔn nyinaa ka sɛ, ‘Wo nso woadwudwo te sɛ yɛn?+ Ei, wo nso woayɛ sɛ yɛn ara pɛ?+ 11  W’ahokyerɛ ne wo sanku nnyigyei nyinaa abedu Adamoa mu.+ Mmoawa manyamanya abɛyɛ mpa a woda so, na asunson abɛyɛ ntama a ɛkata wo ho.’+ 12  “O wo a wohyerɛn, adekyee ba, hwɛ sɛnea wufi soro abɛhwe fam!+ Wo a wobrɛɛ aman ase,+ hwɛ sɛnea wɔatwa wo abɛhwe asase so!+ 13  Wokae wɔ wo komam sɛ: ‘Mɛforo akɔ soro.+ Mɛma m’agua+ so asi Onyankopɔn nsoromma atifi,+ na mɛtena nhyiam bepɔw+ so wɔ atifi fam nohoa.+ 14  Mɛforo atra ɔsoro mununkum;+ mɛyɛ me ho sɛ Ɔsorosoroni no ankasa.’+ 15  “Nanso wɔbɛtew wo abɛhwe Adamoa+ mu, amoa ase tɔnn.+ 16  Wɔn a wobehu wo no bɛtɛɛ wɔn anom ahwɛ wo hãã aka sɛ: ‘Ɛnyɛ ɔbarima a ɔkanyan ne ho a, asase wosow na ahenni hinhim no ni?+ 17  Ɛnyɛ ɔno na ɔmaa asase pa dan sare na ɔkaa nkurow butuwii+ na wamma ne nneduafo kwan ankɔ wɔn fie no?’+ 18  Amanaman ahene nyinaa deda hɔ anuonyam mu, obiara da ne damoa mu.+ 19  Nanso wo de, woannya ɔdamoa biara,+ na wɔatow wo akyene sɛ dubaa a wɔapo, na mmarima a wɔatotɔ wɔ nkrante ano akata wo ho baabiara, mmarima a wɔasian kɔ abo amoa mu,+ te sɛ funu a wɔatiatia so.+ 20  Wɔrensie wo nka wɔn ho, efisɛ woasɛe w’asase, na woakunkum w’ankasa wo nnipa. Wɔremmɔ abɔnefo asefo din da.+ 21  “Monsɔre nsiesie baabi a mubekum ne mma, wɔn agyanom bɔne nti.+ Munkum wɔn na wɔamfa asase no, na wɔankyekye nkurow anhyɛ so mã.”+ 22  “Mɛsɔre aba wɔn so,”+ Asafo Yehowa na waka. “Edin oo,+ nkaefo oo, mma oo, mmanana oo,+ metwa ne nyinaa afi Babilon,” Yehowa anom asɛm ni. 23  “Mede no bɛma akɔtɔkɔ na ɛhɔ bɛdan ɔwora, na mede ɔsɛe prae bɛpra no akɔ,”+ Asafo Yehowa anom asɛm ni. 24  Asafo Yehowa aka ntam+ sɛ: “Nea masusuw no, ɛno ara na ɛbɛba mu, na gyinae a masi no, ɛno ara na ɛbɛyɛ hɔ.+ 25  Enti mebubu Asiria m’asase so+ na matiatia no so me bepɔw so.+ Ne kɔndua befi wɔn so na ne nnesoa afi wɔn mmati so.”+ 26  Eyi ne pɔw a wɔabɔ atia asase nyinaa, na eyi ne nsa a wɔateɛ wɔ aman nyinaa so. 27  Asafo Yehowa ankasa asi gyinae,+ hena na obetumi asɛe no?+ Wateɛ ne nsa, hena na obetumi akoa mu?+ 28  Afe a Ɔhene Ahas wui no,+ wɔde atemmusɛm yi mae: 29  “Filistia,+ abaa a mo tamfo de hwee mo no mu abu,+ nanso mo mu biara nnni ahurusi.+ Hwɛ, ɔwɔ ntini+ mu na ahurutoa+ befi aba, na n’aba yɛ ɔwɔ a n’ano yɛ ogya a otu.+ 30  Abrɛfo mmakan bedidi na ahiafo ada ma wɔn asom adwo wɔn.+ Nanso wo de, mede ɔkɔm bekum wo ntini, na wɔn a wɔbɛka wɔ wo mu no nso bewuwu.+ 31  O ɔponkɛse, twa adwo! Kurokɛse, teɛm! Filistia nyinaa, mo koma ntu, efisɛ wusiw bi fi atifi reba, na asraafo no mu biara nni hɔ a ɔbɛtwentwɛn ne nan ase.”+ 32  Asɛm bɛn na wɔde bebua abɔfo+ a ɔman no atu wɔn no? Wɔnka sɛ Yehowa ankasa ato Sion fapem,+ na ne man mu abrɛfo bɛtena hɔ dwoodwoo.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Sheol.” Nea ɛkyerɛ ne adesamma adamoa. Hwɛ Nkekaho 4.