Yesaia 16:1-14

16  Momfa odwennini mfi Sela mfa sare so nkɔma asase no so hene+ wɔ Sion babea bepɔw so.+  Nea ɛbɛto Moab mmabea wɔ Arnon+ asutwaree no bɛyɛ sɛ anomaa a wɔapam no afi ne berebuw mu a ɔreguan.+  “Momfa mo afotu mmra, munsi gyinae.+ “Edu awia ketee a, ma wo nwini nyɛ sɛ anadwo.+ Wɔn a wɔahwete no, fa wɔn sie;+ na wɔn a wɔreguan no, nyi wɔn mma.+  O Moab, ma me nkurɔfo a wɔahwete no ntena wo nkyɛn sɛ ahɔho.+ Wɔn a wobeguan afi ɔsɛefo+ no anim no, ma wɔn baabi nhintaw. Nea ɔhyɛ wɔn so no awiei adu; apoobɔ no to atwa; na wɔn a wotiatia afoforo so no asa afi asase so.+  “Wɔde ahengua bi betim hɔ adɔe so,+ na obi bɛtena so nokwaredi mu wɔ Dawid ntamadan mu.+ Obebu atɛn ahwehwɛ atɛntrenee, na ɔbɛyɛ adetrenee ntɛm.”+  Yɛate Moab ahomaso no, sɛ ɔyɛ dwae papaapa.+ Na yɛate n’ahantan ne n’ahokyerɛ ne n’abufuw no.+ Nanso n’ahohoahoa nyinaa yɛ kwa.+  Enti Moab betwa n’amanehunu ho adwo, Moabfo nyinaa betwa adwo.+ Wɔn a wɔn ho hiahia wɔn yi bedi abooboo, Kir-Hareset+ bobe tetare nti,  efisɛ Hesbon+ afuw ahyew. Na Sibma+ bobe nso, aman no atumfoɔ abubu ne mmãã a aba wɔ so no. Akodu Yaser,+ na ekyinkyin sare so. Ne mmãã mu atrɛtrɛw akotwa po.  Eyi nti mede osu a misu Yaser no bi besu Sibma bobe.+ Mede me nusu bɛfɔw wo, Hesbon+ ne Eleale+ nso, efisɛ wɔteɛteɛm gu w’ahohuru bere ne wo twabere so.+ 10  Wɔapam anigye ne ahosɛpɛw afi turo no mu; ahurusi dwom ne nteɛteɛm ayera afi bobe nturo mu.+ Nsãkyifo nnya nsã nkyi wɔ nsã-kyi-amoa mu bio.+ Mama nteɛteɛm to atwa.+ 11  Eyi nti me nsono mu wosow te sɛ sanku wɔ Moab ho,+ na me yam hyehye me wɔ Kir-Hareset ho.+ 12  Na ɛbɛdaa adi sɛ sɛ Moab ba koko so bɛsom+ a, ɔbrɛ kwa, na sɛ ɔba n’asɔrefie bɛbɔ mpae+ a, onnya hwee.+ 13  Eyi ne asɛm a Yehowa aka dedaw afa Moab ho. 14  Yehowa aka nso sɛ: “Akyɛ koraa mfe abiɛsa, sɛnea wobu ɔpaani mfe no,+ Moab anuonyam+ bebutuw na aporɔw atetew koraa, na wɔn a wɔbɛka no bɛyɛ kakraa bi, wɔrenyɛ den.”+

Ase Hɔ Nsɛm