Yesaia 17:1-14

17  Damasko ho atemmusɛm ni:+ “Hwɛ, Damasko nyɛ kurow bio, abubu adan sumpii, asɛe koraa+  Wɔagyaw Aroer+ nkurow ama nguan abegye hɔ afa, na wobutubutuw hɔ a obiara renyi wɔn hu.+  Wɔapopa kurow a ɛyɛ den no afi Efraim,+ na ahenni asɛe afi Damasko.+ Na Siriafo a wɔaka no anuonyam bɛyɛ sɛ Israelfo anuonyam,” asafo Yehowa anom asɛm ni.+  “Saa da no, Yakob anuonyam behi.+ Ne honam a adɔ srade no bɛfɔn aka ketekete.+  Na sɛ okuafo retwa nnɔbae na ɔpompan n’awi+ mpo a, ɔbɛyɛ sɛ obi a ɔresesaw awi ase wɔ Refaim bon mu.+  Na ase no bi bɛka te sɛ bere a wɔawosow ngodua: aba abien anaa abiɛsa bɛka wɔ dua no nkonmu, na anan anaa anum bɛka wɔ ne mmãã so,” Israel Nyankopɔn Yehowa anom asɛm ni.+  Saa da no, onipa bɛma n’ani so ahwɛ ne Yɛfo na n’ani agyina Israel Kronkronni no.+  Ɔrenhwɛ afɔremuka+ a ɛyɛ ne nsa ano adwuma no;+ na ɔremma n’ani nnyina nea ɔde ne nsa ayɛ biara, abosonnua anaa aduhuam ade.+  Saa da no, ne nkurow a ɛyɛ den bɛyɛ sɛ beae a aka kwae mu, te sɛ dubaa a Israelfo nti wɔagyaw; na ɛbɛdan amamfõ.+ 10  Wo werɛ afi+ wo nkwagye Nyankopɔn,+ na wonkae wo Botan+ dennen no bio. Ɛno nti wudua nnua fɛfɛ, na wotɛw ɔnanani dua wɔ hɔ. 11  Wugye wo nnua ho ban awia, na woma w’aba fifi anɔpa, nanso da a ɔyare bɔne anaa yaw a enni sabea bɛba no, ɛso aba betu ayera.+ 12  Hwɛ, aman ayɛ hagyahagya na wobu fa so te sɛ po a ɛrehuru kutukutu! Na aman yɛ dede te sɛ nsu kɛse a ɛreworo.+ 13  Aman+ no bɛyɛ dede te sɛ nsu bebree. Na ɔbɛka n’anim,+ na ebetu akɔ akyirikyiri na wɔatiw no te sɛ bepɔw so ntɛtɛwa wɔ mframa anim, te sɛ ahaban a aguan wɔ ahum anim.+ 14  Edu anwummere a, akomatu nkutoo. Na ansa na ade bɛkye no, na wonni hɔ.+ Eyi ne wɔn a wɔfow yɛn nneɛma no kyɛfa, na eyi ne wɔn a wɔfa yɛn ho nneɛma no de.+

Ase Hɔ Nsɛm