Yesaia 18:1-7

18  Due! Asase a mmoawammoawa a wɔwɔ ntaban wɔ so, Etiopia nsubɔnten ho.+  Ɔno na otu abɔfo+ fa po so, na ɔde demmire hyɛn fa nsu so ka sɛ: “Abɔfo a mo ho yɛ hare, monkɔ ɔman a wɔwoware na wɔn ho yɛ torotoro nkyɛn, nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ baabiara, ɔman twintwann a wotiatia aman so a nsu afa wɔn asase.”+  Mo a mowɔ wiase+ ne mo a mote asase so nyinaa, mubehu biribi te sɛ ahyɛnsode a wɔde asi mmepɔw so,+ na mobɛte nne bi te sɛ nea wɔrehyɛn abɛn.+  Nea Yehowa aka akyerɛ me ni: “Mɛyɛ komm ahwɛ m’atenae,+ te sɛ awiabere+ mu ɔhyew, te sɛ obosu mununkum wɔ twabere mu ahohuru mu.+  Ansa na twabere bedu no, sɛ nhwiren gu wie na bobe gyigye a, wɔde kantankrankyi twitwa ɛho dubaa, na woyiyi ɛho nhama tow gu.+  Wobegyaw ne nyinaa ama mmepɔw so nnomaa ne asase so mmoa.+ Na nnomaa bɛtena wɔn nam ho ahohuru bere na asase so mmoa nyinaa atena ho twabere.+  “Saa bere no wɔde akyɛde bɛbrɛ asafo Yehowa.+ Wɔde befi ɔman a wɔwoware na wɔn ho yɛ torotoro nkyɛn,+ nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ baabiara, ɔman twintwann a wotiatia aman so a nsu afa wɔn asase no. Na wɔde bɛba faako a asafo Yehowa din wɔ, Bepɔw Sion so.”+

Ase Hɔ Nsɛm