Yesaia 22:1-25

22  Anisoadehu bon ho atemmusɛm ni:+ Dɛn na ayɛ wo a wo nkurɔfo nyinaa aforo kɔ ɔdan atifi yi?+  Kurow a dede ayɛ mu mã, ahurusi kurow,+ wo mu ayɛ bagyabagya. Ɛnyɛ nkrante ano na wo nkurɔfo totɔe, na ɛnyɛ akono na wowuwui.+  W’atumfoɔ+ nyinaa aguan prɛko.+ Ɛnyɛ agyan na wɔde kyeree wɔn. Wɔakyere wo nkurɔfo a wohuu wɔn no nyinaa sɛ nneduafo,+ wɔn a woguan kɔɔ akyirikyiri no nyinaa.  Ɛno nti na maka sɛ: “Munyi mo ani mfi me so na minsu yayaayaw.+ Monnhaw mo ho sɛ mobɛkyekye me werɛ, me man babea sɛe no nti.+  Ɛyɛ basabasayɛ,+ ntiatiaso,+ ne ahoyeraw+ da a Awurade Tumfoɔ, asafo Yehowa, de bɛba anisoadehu bon no mu. Ɔsɛefo bubu ɔfasu no,+ na nnipa sũ ma edu bepɔw so.+  Elam+ aso agyan kotoku mu wɔ ɔdesani teaseɛnam mu, na apɔnkɔ retwe. Na Kir+ nso ayi ne kyɛm ho.  Na asasetaw a ɛyɛ wo fɛ no, nteaseɛnam bɛhyɛ hɔ mã, na wo kurow pon ano nso, apɔnkɔ bɛba abegyinagyina hɔ.  Wobeyi Yuda ho nkataho. Na da no wode w’ani bɛkyerɛ akode korabea+ a ɛwɔ kwae fie no,+  na mubehu sɛ Dawid Kurow no ho apaapae pii.+ Na mobɛsesaw ɔtare a ɛwɔ ase no mu nsu.+ 10  Mobɛkan adan a ɛwɔ Yerusalem. Na mubebubu adan no de ahyɛ ɔfasu no den.+ 11  Na mobɛyɛ ade asi afasu abien no ntam de akora ɔtare dedaw+ no mu nsu so. Nanso ne Yɛfo Kɛse no de, morenhwɛ no; nea tete ɔyɛe no de, morenhu no. 12  “Saa da no Awurade Tumfoɔ,+ asafo Yehowa, bɛfrɛ nnipa ma wɔasu+ adi awerɛhow, na wɔabɔ tikwaw afura atweaatam.+ 13  Nanso nea munim ara ne sɛ mubedi ahurusi agye mo ani, akum anantwi atwa nguan mene, awe nam anom nsã.+ Na moka sɛ, ‘Momma yennidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu.’”+ 14  Na asafo Yehowa ayi me asotiw+ sɛ: “‘Wɔrempata+ bɔne yi mma mo, kosi sɛ mubewu,’+ Awurade Tumfoɔ, asafo Yehowa, na waka.” 15  Nea Awurade Tumfoɔ, asafo Yehowa, aka ni: “Kɔ Sebna+ a ɔyɛ ofie no sohwɛfo+ nkyɛn sɛ, 16  ‘Dɛn na wopɛ wɔ ha, na hena na wohwehwɛ no wɔ ha a woatwa ɔboda+ ama wo ho yi?’ Ɔretwa ɔboda wɔ beae a ɛkorɔn; ɔreyɛ ne tenabea wɔ ɔbotan mu. 17  ‘Ɔbarima katakyi, hwɛ, Yehowa rebɛma wo so atow wo akyene; obeso wo mu denneennen. 18  Ɔbɛmoa wo denneennen atow wo akyene asase tɛtrɛɛ so sɛ bɔɔl. Na wubewu wɔ hɔ, na w’anuonyam nteaseɛnam adan animguase wɔ wo wura fie. 19  Mepia wo afi wo gyinabea, na obi beyi wo afi wo dibea so.+ 20  “‘Saa da no mɛfrɛ m’akoa+ Eliakim,+ Hilkia+ ba no. 21  Mede w’atade tenten no bɛhyɛ no de w’abɔso abɔ no mu.+ Afei mede w’ahemman bɛhyɛ ne nsa na wayɛ Yerusalemfo ne Yuda fie agya.+ 22  Mede Dawid fie safe+ bɛto ne mmati so, na sɛ obue a, obiara nni hɔ a ɔbɛtom; na sɛ ɔtom a, obiara nni hɔ a obebue.+ 23  Na mɛbɔ no so sɛ pɛɛwa+ atim baabi a ɛhɔ yɛ den, na ɔbɛyɛ sɛ anuonyam agua ama ne papa fie.+ 24  Na wɔde ne papa fie anuonyam nyinaa bɛsɛn no so, n’asefo ne ne mmanana, anwenne nketewa nyinaa, efi nyowa so kosi nhina nyinaa so. 25  “‘Asafo Yehowa aka sɛ: “Saa da no pɛɛwa+ a etim baabi a ɛhɔ yɛ den no bɛhɔn+ atu atɔ fam, na wobetwa adesoa a ɛsɛn so no afi so. Yehowa ankasa anom asɛm ni.”’”+

Ase Hɔ Nsɛm