Yesaia 23:1-18

23  Tiro ho atemmusɛm ni:+ Tarsis+ ahyɛn, muntwa adwo, efisɛ wɔasɛe no; ɛnyɛ hyɛn gyinabea bio, na obiara renkɔ hɔ bio!+ Kitim+ asase so na woyi kyerɛɛ wɔn.  Mpoanofo, monyɛ dinn. Sidon+ aguadifo a wotwa po no ama woayɛ mã.  Sihor+ aba, Nil nnɔbae, afa nsu pii so, na ɛbɛyɛɛ ne mfaso, aman no mfaso.+  Sidon,+ ma w’ani nwu, efisɛ ɛpo no, ɛpo abannennen no, aka sɛ: “Menkyem nwoo da, na menhwɛɛ aberante biara, na mentetee ababaa da.”+  Sɛ nnipa te Tiro+ ho asɛm a, wɔn nsono mu betwa wɔn te sɛ bere a wɔtee Egypt+ ho asɛm no.  Muntwa mmra Tarsis; mpoanofo, muntwa adwo.  Eyi ne mo kurow a efi tete, ne mfiase pɛɛ no, asɛpɛw ne ho no? Ne nan de no kɔɔ akyirikyiri kɔsoɛɛ aman foforo so.  Hena na watu agyina+ atia Tiro, nea osi ahene, nea n’aguadifo yɛ mmapɔmma, nea n’akonkosifo yɛ asase so anuonyamfo no?+  Asafo Yehowa atu agyina+ sɛ ɔbɛsɛe ahantan ne ahoɔfɛ+ nyinaa na wagu asase so anuonyamfo nyinaa anim ase.+ 10  O Tarsis+ babea, kyin fa w’asase so te sɛ Asubɔnten Nil. Hyɛn gyinabea nni hɔ bio.+ 11  Wateɛ ne nsa wɔ po so; wawosow ahemman.+ Yehowa abu Foinike atɛn sɛ wɔnsɛe n’abannennen nyinaa.+ 12  Na ɔka sɛ: “Sidon+ babea, ɔbaabun a wɔahyɛ wo so, worenni ahurusi bio.+ Sɔre kɔ Kitim.+ Na ɛhɔ mpo wo ho rentɔ wo.” 13  Hwɛ Kaldeafo+ asase! Eyinom​—ɛnyɛ Asiria+​—na wɔde no sii hɔ maa sare so mmoa.+ Wɔahyehyɛ wɔn akoban,+ na wɔasɛe n’abankɛse,+ wɔadwiriw agu.+ 14  Tarsis ahyɛn, muntwa adwo, efisɛ wɔasɛe mo abannennen no.+ 15  Na nnipa werɛ befi Tiro mfe aduɔson,+ te sɛ ɔhene biako nna. Mfe aduɔson awiei no, Tiro bɛyɛ sɛ aguaman bi dwom: 16  “O aguaman+ a nnipa werɛ afi wo, fa sanku kyin kurom. Bɔ sanku no yiye na to nnwom pii ma nnipa nkae wo.” 17  Na mfe aduɔson awiei no, Yehowa bɛdan n’ani aba Tiro so, na ɔbɛsan akɔ n’apaade ho,+ na ɔne asase so ahemman a wɔwɔ asase so baabiara bɛbɔ aguaman.+ 18  Na ne mfaso ne n’apaade+ bɛyɛ akronkronne ama Yehowa. Wɔremmoa ano mfa nsie, efisɛ wɔde n’apaade bɛma wɔn a wɔte Yehowa anim,+ na wobedidi amee anya nkataho fɛfɛɛfɛ.+

Ase Hɔ Nsɛm