Yesaia 25:1-12

25  O Yehowa, wone me Nyankopɔn.+ Mema wo so+ kamfo wo din,+ efisɛ woayɛ anwonwade pii,+ na wo tete agyinatu+ nyinaa yɛ nokware+ na aba mu.+  Woama kurow bi abubu sum hɔ, woama kurow dennen adwiriw agu, ananafo aban no nyɛ kurow bio, na wɔrentumi nkyekye bio da.+  Ɛno nti nnipa a wɔn ho yɛ den bɛhyɛ wo anuonyam, na amanaman atirimɔdenfo kurow besuro wo.+  Wone ɔbrɛfo abannennen, ohiani abannennen wɔ n’ahohia mu,+ ahum ano guankɔbea, ɔhyew mu onwini+​—bere a atirimɔdenfo hwenem mframa te sɛ ahum a ɛboro ɔfasu no.  Wobrɛɛ ananafo dede ase te sɛ sare so ɔhyew; wode omununkum nwini gyee ɔhyew,+ na womaa atirimɔdenfo dwom ano brɛɛ ase.+  Asafo Yehowa bɛtow aman+ nyinaa pon wɔ bepɔw yi so:+ sradeduan,+ nsã a akyɛ,* sradeduan a hon+ fra mu, nsã+ a wɔasɔn so.+  Bepɔw yi so na ɔbɛmene nea ayɛ sɛ kuntu a ɛkata nnipa nyinaa so no,+ ntama a wɔde akata aman nyinaa so no.  Ɔbɛmene owu akosi daa,+ na Awurade Tumfoɔ Yehowa bɛpopa obiara aniwam nusu.+ Na obeyi ne man ahohora afi asase nyinaa so.+ Yehowa ankasa anom asɛm ni.  Saa da no nnipa bɛka sɛ: “Hwɛ, yɛn Nyankopɔn ni!+ Yɛde yɛn ani ato no so,+ na obegye yɛn.+ Yehowa ni.+ Yɛde yɛn ani ato no so. Momma yɛn ani nnye na yenni ne nkwagye mu ahurusi.”+ 10  Yehowa nsa bɛba bepɔw+ yi so, na wobetiatia Moab so+ te sɛ nwura a wotiatia so wɔ sumina+ so. 11  Na ɔbɛtrɛw ne nsam wɔ mu te sɛ osuguarefo a ɔtrɛw ne nsam guare, na ɔbɛdannan ne nsa de abrɛ n’ahantan+ ase. 12  Ɔbɛma kurow dennen ne w’afasu atenten no nyinaa adwiriw agu; ɔbɛbrɛ no ase, ɔbɛma aka fam, mfutuma mu.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa, “nsã a epuw wɔ ase.”