Yesaia 3:1-26

3  Hwɛ, asafo Yehowa, Awurade nokwafo no,+ beyi nea ɛwowaw wɔn nyinaa afi Yerusalem+ ne Yuda, aduan ne nsu nyinaa,+  ne dɔmmarima ne ɔkofo, ɔtemmufo ne odiyifo,+ nea ɔhyɛ abosonkɔm ne ɔpanyin,+  aduonum so safohene+ ne onuonyamfo ne ɔfotufo, nea onim asumansɛm na waben kaberɛkyere mu.+  Na mɛma mmarimaa ayɛ wɔn so atumfoɔ na akakabensɛm adi wɔn so.+  Onipa bɛhyɛ ne yɔnko so, obiako bɛhyɛ ɔfoforo so.+ Abarimaa behuruw agyina ɔpanyin so+ na onipahunu atiatia onuonyamfo anim.+  Na obiara beso ne nua mu wɔ ne papa fie aka sɛ: “Wowɔ atade, bedi yɛn so tumi,+ na nea adwiriw agu yi mmɛhyɛ w’ase.”  Saa da no, ɔbɛma ne nne so aka sɛ: “Merentumi ntotõ akuru biara; minni aduan anaa atade wɔ me fie. Enti monnyɛ me otumfoɔ wɔ ɔman yi so.”  Yerusalem ahintiw, na Yuda ahwe ase,+ efisɛ wɔn tɛkrɛma ne wɔn nneyɛe asɔre atia Yehowa,+ na wɔatew onuonyamfo no anim atua.+  Wɔn anim yɛbea bu wɔn fɔ,+ na wɔda wɔn bɔne adi te sɛ Sodom;+ wontumi mfa nsie. Wɔn kra nnue, efisɛ wɔde mmusu aba wɔn ankasa so.+ 10  Monka sɛ ebesi ɔtreneeni yiye,+ na wobedi wɔn nneyɛe so aba.+ 11  Ɔbɔnefo nnue! Mmusu di n’akyi; na nea ɔyɛe no ara bi na wɔde bɛyɛ no!+ 12  Me man de, n’ahwɛfo hyɛ no so, na mmea mpo di no so.+ O me man, w’akwankyerɛfo ama woafom kwan,+ na wɔama w’akwan ayɛ nwonworann.+ 13  Yehowa gyina hɔ sɛ ɔde n’asɛm bɛto gua, wasɔre sɛ ɔrebebu aman atɛn.+ 14  Yehowa bebu ne man mpanyimfo ne emu atumfoɔ atɛn.+ “Moahyew bobeturo no. Nneɛma a wɔawia afi ahiafo nkyɛn no wɔ mo afie mu.+ 15  Dɛn nti na mopɛtɛw me man, na moyam ahiafo?”+ Asafo Yehowa, Awurade Tumfoɔ no, asɛm ni. 16  Yehowa aka sɛ: “Esiane sɛ Sion mmabea yɛ ahantan na wɔnantew de wɔn ti to wɔn kɔn akyi, na wɔpa wɔn ani akyi yi akyẽa, na wɔma nkawa a egu wɔn nan gyigye nti,+ 17  Yehowa nso bɛma Sion mmabea mpampam adɔ ntwom+ na Yehowa ama wɔn moma so ada hɔ.+ 18  Saa da no, Yehowa beyi wɔn afɛfɛde afi wɔn ho: nankɔn so nkawa ne abotitam ne nnwinne a ɛte sɛ ɔsram,+ 19  ne asomuade, nkapo ne nkataanim,+ 20  ne abotiri ne nea wɔde gu nan, abomu+ ne aduhuam ntoa ne sɛbɛ,+ 21  ne mpɛtea ne hwenem nkawa,+ 22  ne adehyetade atenten ne nguguso, nkatakɔnmu ne sika kotoku, 23  ne ahwehwɛ+ ne fam atade ne abotiten+ ne nkataanim kɛse.+ 24  “Afei ade a ɛbɔn besi balsam ngo+ ananmu, hama besi abɔso ananmu, tipae+ besi mmɛsa ananmu, atweaatam+ besi atade pa ananmu, na ahyehyekuru twã+ besi ahoɔfɛ ananmu. 25  Na wo mmarima bɛtotɔ nkrante ano na w’akatakyi awuwu ɔko mu.+ 26  Kurow no ano pon besu adi awerɛhow,+ na ɛbɛda mpan. Ɔbɛtena fam tim.”+

Ase Hɔ Nsɛm