Yesaia 31:1-9

31  Wɔn a wɔkɔ Egypt kogye mmoa+ no nnue. Wɔn na wɔde wɔn ho to apɔnkɔ kɛkɛ so+ na wɔde wɔn werɛ hyɛ nteaseɛnam mu,+ efisɛ ɛdɔɔso; na wɔn ani da apɔnkɔ a wɔn ho yɛ hare so, efisɛ wɔn ho yɛ den. Na Israel Kronkronni no de, wonhuu no, na Yehowa de, wɔnhwehwɛɛ n’akyi kwan.+  Ɔno nso nim nyansa,+ na ɔde amanehunu bɛba,+ efisɛ ɔntwee n’asɛm nsanee.+ Ɔbɛsɔre atia nnebɔneyɛfo fie+ ne mmoa a amumɔyɛfo hwehwɛ no.+  Hwɛ, Egyptfo no yɛ nnipa,+ wɔnyɛ Onyankopɔn; na wɔn apɔnkɔ no nso yɛ honam,+ ɛnyɛ honhom. Yehowa bɛteɛ ne nsa na ɔboafo awatiriw, na nea wanya mmoa no ahwe ase.+ Wɔn nyinaa awiei bɛba prɛko.  Nea Yehowa aka akyerɛ me ni: “Sɛnea gyata pa so na gyatanini+ bobom bere a wakyere aboa, a nguanhwɛfo pii nteɛteɛm mmɔ no hu, na wɔn dede mmrɛ no ase no, saa ara na asafo Yehowa bɛba abɛko ama Bepɔw Sion ne ne koko no.+  Asafo Yehowa bɛko ama Yerusalem te sɛ anomaa a watu nam wim.+ Ɔbɛko ama no, obegye no;+ ɔbɛkora no so, ɔbɛma wanya ne ti adidi mu.”  “Israel mma, monsan mmra+ nea mosɔre tiaa no+ no nkyɛn.  Saa da no, obiara bɛtow ne dwetɛ anyamehunu ne ne sika anyamehuhuw+ a mode mo nsa ayɛ a awie mo bɔne no agu.+  Na Asiriani no bɛtɔ nkrante ano, nanso ɛnyɛ onipa de; na nkrante a ɛnyɛ ɔdesani de bɛsɛe no.+ Na nkrante no nti, obeguan, na wɔde ne mmerante bɛyɛ nkoadwuma.  Na ne botan no de ehu betwam akɔ, na ahyɛnsode+ no nti ne mpanyimfo koma betu.” Yehowa a ne hann wɔ Sion na ne fononoo+ wɔ Yerusalem no anom asɛm ni.

Ase Hɔ Nsɛm