Yesaia 35:1-10

35  Sare ne asase kesee ani begye,+ na asase pradada bedi ahurusi na apae sɛ nhwiren.+  Ɛbɛhanhan,+ na ɛde anigye ne osebɔ bɛsɛpɛw ne ho.+ Wɔde Lebanon anuonyam,+ Karmel+ ne Saron+ ahoɔfɛ, bɛma no. Na nnipa behu Yehowa anuonyam,+ yɛn Nyankopɔn kɛseyɛ.+  Nsa a emu agow no, monhyɛ no den; nkotodwe a ahodwow no, mummia mu.+  Wɔn a wɔn koma atu no,+ monka nkyerɛ wɔn sɛ: “Monhyɛ mo ho den.+ Munnsuro.+ Hwɛ, mo Nyankopɔn bɛko ama mo,+ Onyankopɔn betua mo atamfo ka.+ Ɔbɛba abegye mo.”+  Saa bere no anifuraefo ani bebue+ na asotifo aso ate asɛm.+  Ɛbere no mu na apakye behuruw sɛ ɔforote+ na mum tɛkrɛma de anigye abɔ ose.+ Nsu betue sare so na nsubɔnten asen asase pradada so.  Na asase kesee bɛdan ɔwora na asase a akyen ayɛ nsuwansuwa.+ Sakraman atenae,+ n’ahomegyebea hɔ no, sare momono, demmire ne mmɛw+ befifi.  Ɔkwan bi, ɔkwantempɔn bi bɛda hɔ;+ na wɔbɛfrɛ no Ɔkwan Kronkron.+ Na nea ne ho ntew remfa so.+ Wɔn a wɔfata sɛ wɔfa kwan no so na wɔbɛfa so, na nkwaseafo remfa so.  Gyata biara remma hɔ, na akekaboa biara remfa so.+ Wɔrenhu bi wɔ hɔ;+ wɔn a wɔatɔ wɔn afi nkoasom mu no na wɔbɛfa so.+ 10  Na wɔn a Yehowa agye wɔn no bɛsan aba;+ wɔde osebɔ bɛba Sion+ na anigye ne wɔn atena daa.+ Ahurusi ne anigye na wɔn nsa bɛka, na awerɛhow ne apinisi aguan.+

Ase Hɔ Nsɛm