Yesaia 38:1-22

38  Bere bi owuyare bɔɔ Hesekia.+ Na Amus ba odiyifo Yesaia+ baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Nea Yehowa aka ni, ‘Hyɛ wo fie samansew,+ efisɛ wubewu, na worentena ase.’”+  Ɛnna Hesekia de n’ani kyerɛɛ dan+ bɔɔ Yehowa mpae+  sɛ: “O Yehowa, mesrɛ wo, kae+ sɛnea mede nokwaredi+ ne koma mũ+ anantew+ w’anim, na mayɛ nea ɛsɔ w’ani biara.” Na Hesekia sui pii.+  Afei Yehowa ka kyerɛɛ+ Yesaia sɛ:  “San w’akyi na kɔka kyerɛ Hesekia sɛ, ‘Nea Yehowa, wo nana Dawid+ Nyankopɔn, aka ni: “Mate wo mpaebɔ no.+ Na mahu wo nusu.+ Enti mede mfe dunum bɛka wo nna ho;+  na megye wo ne kurow yi afi Asiria hene nsam, na mɛbɔ kurow yi ho ban.+  Eyi ne sɛnkyerɛnne a efi Yehowa hɔ a ɛbɛma woahu sɛ Yehowa bɛyɛ nea waka no:+  Mɛma sunsuma a owia+ ama atɔ Ahas atrapoe so no akɔ n’akyi anammɔn du.”’”+ Na ɔmaa owia sunsuma a ɛda atrapoe no so no kɔɔ n’akyi anammɔn du.+  Asɛm yi na Yuda hene Hesekia kyerɛwee bere a ɔyaree+ na ne ho tɔɔ no no.+ 10  Mekae sɛ: “Me nna mfinimfini mu na mɛkɔ Adamoa* pon ano.+Me mfe a aka bɛbɔ me.”+ 11  Mekae sɛ: “Merenhu Yah bio, merenhu Yah wɔ ateasefo asase so.+Merenhu nnipa anim bio; kommyɛ asase so na mɛkɔ. 12  Wɔatutu me tenabea+ afi me ho kɔ te sɛ nguanhwɛfo ntamadan.Mabobɔw me nkwa te sɛ ntamanwemfo;Watwa me+ afi nsadua ahama so.Woayi me ama+ fi awia kosi anadwo. 13  Midwudwoo me ho kosii anɔpa.+Obubu me nnompe nyinaa mu te sɛ gyata;+Woayi me ama fi awia kosi anadwo.+ 14  Misu te sɛ asomfena, sɛ apatiprɛw;+Mepene te sɛ aborɔnoma.+M’ani ayɛ siamoo hwɛ soro:+‘O Yehowa, me ho kyere me. Di m’asɛm ma me.’+ 15  Dɛn na menka, na dɛn na ɔbɛka akyerɛ me?+Ɔno ara na wayɛ.+Me mfe a aka nyinaa, mɛnantew komm wɔ me kra awerɛhow mu.+ 16  ‘O Yehowa, ɛso na nnipa nam tena ase; na ɛno ara na ɛma me honhom nya nkwa,+ te sɛ obiara.Wobɛma manya ahoɔden na woakora me so.+ 17  Hwɛ, asomdwoe ananmu na minyaa awerɛhow, awerɛhow ankasa;+Na wode wo ho afam me kra ho, na woayi afi ɔsɛe amoa mu.+Na woatow me bɔne nyinaa agu w’akyi.+ 18  Ɛnyɛ Adamoa na ɛbɛkamfo wo;+ na owu ntumi nyi wo ayɛ.+Wɔn a wɔkɔ amoa mu ntumi nhwɛ wo nokwaredi kwan.+ 19  Ɔteasefo, ɔteasefo na obetumi akamfo wo,+Sɛnea meyɛ nnɛ da yi.+Agya no ankasa bɛma ne mma ahu+ wo nokwaredi. 20  O Yehowa, bra begye me,+ na yɛbɛbɔ m’asanku+Yɛn nkwa nna nyinaa wɔ Yehowa fie.’”+ 21  Ɛnna Yesaia kae sɛ: “Ma wɔmfa borɔdɔma a wɔabɔ no tɔw mmɛyɛ mpɔmpɔ no so+ na ne ho ntɔ no.”+ 22  Nanso Hesekia bisae sɛ: “Dɛn ne sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ mɛkɔ Yehowa fie?”+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Sheol.” Nea ɛkyerɛ ne adesamma adamoa. Hwɛ Nkekaho 4.