Yesaia 42:1-25

42  Hwɛ, m’akoa+ a mikura ne mu denneennen!+ Nea mapaw no+ a me kra agye no atom!+ Mede me honhom ahyɛ ne mu,+ na ɔde atɛntrenee bɛbrɛ amanaman no.+  Ɔrenteɛm na ɔremma ne nne so, na ɔremma obiara nte ne nne wɔ abɔnten so.+  Ɔremmu demmire a abukaw biara mu,+ na ɔrennum ntamaban biara a ayɛ wusiwusi. Ɔde nokwaredi bebu atɛntrenee.+  Ɔrengow na ɔremmotow kosi sɛ ɔde atɛntrenee besi asase so,+ na nsuano aman bɛtwɛn ne mmara.+  Nokware Nyankopɔn Yehowa, nea ɔbɔɔ ɔsoro+ na ɔtwee mu,+ nea ɔtrɛw asase+ ne ɛso nneɛma mu,+ nea ɔde ahome+ ma nnipa a wɔte so+ na ɔde honhom ma wɔn a wɔnam so+ no asɛm ni:  “Me Yehowa, mafrɛ wo trenee mu,+ na maso wo nsa.+ Mɛbɔ wo ho ban na mede wo ayɛ apam ama nnipa,+ ne kanea ama aman,+  na ama woabue anifuraefo ani,+ na woayi nneduafo afi afiase,+ na woayi wɔn a wɔte sum mu afi nneduadan mu.+  “Mene Yehowa; me din ne no.+ Na meremfa m’anuonyam mma obiara,+ na m’ayeyi+ nso, meremfa mma ahoni.+  “Nea edi kan no aba mu,+ na mereka nsɛm foforo. Merema moate ansa na afi adi.”+ 10  Monto dwom foforo mma Yehowa,+ munyi no ayɛ mfi asase ano,+ mo a mutwa po+ na mudidi so, nsuano aman ne mo a motete mu.+ 11  Sare+ ne ne nkurow, Kedar nkuraa,+ mma wɔn nne so. Wɔn a wɔtete abotan mu+ nni ahurusi. Nnipa a wɔwɔ mmepɔw atifi nteɛm denneennen. 12  Wɔnhyɛ Yehowa anuonyam+ na wonyi no ayɛ nsuano aman mu.+ 13  Yehowa ankasa bepue sɛ dɔmmarima.+ Ɔbɛkanyan ne ho sɛ ɔkofo.+ Ɔbɛteɛm, ɔbɛbɔ ose;+ obedi n’atamfo so mmarimasɛm.+ 14  “Mayɛ komm akyɛ.+ Mamua m’ano+ ahyɛ me ho so.+ Afei merebɛpene sɛ ɔbea a ɔrewo, na mɛhome hahyeehahyee na magu ahome prɛko.+ 15  Mɛsɛe+ mmepɔw ne nkoko, na mɛma ɛso nhaban nyinaa ahyew. Mɛma nsubɔnten adan nsupɔw na awora ayoyow.+ 16  Mɛma anifuraefo anantew kwan a wonnim so so,+ na mɛma wɔafa tempɔn a wɔmfaa so da so.+ Mɛma wɔn anim sum adan hann,+ na nea ɛhɔ yɛ abonkyiabonkyi adan asasetamaa.+ Eyi na mɛyɛ ama wɔn, na merennyaw wɔn.”+ 17  Wɔn a wɔde wɔn ho to ahoni a wɔasen so,+ wɔn a wɔka kyerɛ ahoni a wɔagu sɛ: “Mone yɛn anyame”+ no, wɔbɛma wɔasan wɔn akyi, na wɔn ani bewu. 18  Asotifo, muntie; anifuraefo, monhwɛ na munhu.+ 19  Hena na n’ani afura sɛ m’akoa, na hena na n’aso asiw sɛ me bɔfo a mesoma no? Hena na n’ani afura sɛ nea wɔatua no ka, anaa n’ani afura sɛ Yehowa akoa?+ 20  Woahu nneɛma pii, nanso woanhwɛ.+ Woabue w’aso, nanso woantie.+ 21  Yehowa trenee nti,+ n’ani gye ho sɛ ɔbɛma mmara no so+ na ayɛ kɛse. 22  Na wɔyɛ nnipa a wɔafa wɔn nneɛma, wɔafom ne nyinaa;+ na wɔn nyinaa aka ntokuru mu, na wɔde wɔn asie nneduadan mu.+ Wɔafa wɔn nneɛma, na ogyefo biara nni hɔ;+ wɔafow wɔn, na obiara nni hɔ a ɔbɛka sɛ: “Momfa mmra!” 23  Mo mu hena na ɔbɛyɛ aso atie asɛm yi? Hena na ɔbɛwɛn n’aso atie nea wɔbɛka akyiri yi?+ 24  Hena na ɔmaa kwan ma wɔfow Yakob na ɔde Israel hyɛɛ adwowtwafo nsa? So ɛnyɛ Yehowa, nea wɔayɛ bɔne atia no no, nea wɔamfa n’akwan so no, nea wɔantie ne mmara no?+ 25  Enti ohwiee n’anibere, n’abufuw ne ɔko mu abufuhyew guu no so.+ Na ɛdɛw twaa ne ho hyiae,+ nanso wanhu;+ ɛhyew no, nanso wamfa anhyɛ ne komam.+

Ase Hɔ Nsɛm