Yesaia 44:1-28

44  “Afei m’akoa Yakob+ tie, Israel a mapaw wo.+  Nea wo Yɛfo+ ne wo Nwemfo+ Yehowa a ɔboaa wo fi yafunu+ mu no se ni: ‘O m’akoa Yakob, Yesurun+ a mapaw wo, nsuro.+  Mehwie nsu agu nea osukɔm de no so,+ na nsuwansuwa asen asase kesee so.+ Mehwie me honhom agu w’asefo so+ na mede me nhyira agu wo nkyirimma so.  Wobefifi te sɛ sare momono,+ sɛ nsuano nnua.+  Oyi bɛka sɛ: “Meyɛ Yehowa dea.”+ Na obiako de Yakob din bɛfrɛ ne ho,+ na ɔfoforo bɛkyerɛw agu ne nsa ho sɛ: “Yehowa dea.” Na obi nso de Israel din bɛto ne ho.’+  “Nea Yehowa aka ni, Israel Hene+ ne ne Gyefo,+ Asafo Yehowa asɛm ni: ‘Mene odikanfo ne okyikafo,+ na m’akyi no Onyankopɔn biara nni hɔ.+  Hena na ɔte sɛ me?+ Ɔmpae mu nka; ɔnka mfa ho adanse nsi m’anim.+ Sɛnea mayɛ fi bere a mede tetefo no bae no,+ sɛ wobetumi a, wɔn nso wɔnka nneɛma a ɛreba ne nea ɛbɛba.  Munnsuro, na mommmɔ hu.+ Efi saa bere no, so memmaa mo nyinaa ntee? Na menkaa ho asɛm nkyerɛɛ mo?+ Mone m’adansefo.+ So Onyankopɔn bi wɔ hɔ ka me ho?+ Dabi, Ɔbotan+ biara nni hɔ. Minhuu bi.’”  Wɔn a wosen ahoni nyinaa yɛ nnipahunu,+ na mfaso biara nni ade a wɔn ani gye ho no so;+ wɔn adansefo yi nhu ade na wonnim hwee,+ enti wɔn ani bewu.+ 10  Hena na wanwene onyame anaa wagu ohoni+ bi? Mfaso biara nni so.+ 11  Hwɛ, n’ahokafo nyinaa ani bewu;+ adwumfo no yɛ nnipa. Na wɔn nyinaa bɛbom+ agyina hɔ; ehu bɛka wɔn, na wɔn nyinaa ani bewu.+ 12  Ɔtomfo ani abere wɔ ogya ho; ɔde asae bɔ de ne basa a ahoɔden wom yɛ ho adwuma.+ Afei ɔkɔm de no, enti onni ahoɔden. Ɔnnom nsu, enti wabrɛ. 13  Duadwumfo nso atwe susuhama; ɔde ntwoma sensan dua ho, ɔde ade sen, ɔde kɔmpase sensan ho, na ɔde nkakrankakra yɛ onipa sɛso,+ sɛnea ɔdesani ahoɔfɛ te, sɛ ɛntena fie.+ 14  Obi nso adwuma ne sɛ obebu nkyeneduru anaa ɔbɛhwehwɛ dupɔn bi, na wama anyin wɔ kwae mu nnua mu.+ Ɔtɛw osennuru, na osu tɔ gu so ma enyin yɛ kɛse. 15  Afei onipa de sɔ ogya. Oyi bi to ma ne ho yɛ no hyew. Na ɔde bi sɔ ogya de tõ paanoo. Afei ɔde bi yɛ onyame kotow no.+ Osen ohoni+ bɔ ne mu ase wɔ n’anim. 16  Ɔde fã sɔ ogya. Na ɔde fã nso tõtõ nam we mee. Afei ɔto gya, na ɔka sɛ: “Aa, me ho ayɛ me hyew. Mahu ogya.” 17  Na ɔde nea aka no yɛ onyame, ohoni a wasen. Ɔbɔ ne mu ase kotow no bɔ no mpae sɛ: “Gye me, na wone me nyame.”+ 18  Wonnim,+ na wɔnte ase,+ efisɛ wɔde ade asra wɔn ani so na anhu ade,+ ne wɔn koma nso, na annya nhumu.+ 19  Ɛmmaa obiara komam,+ na obi nni nimdeɛ anaa nhumu+ a ɔbɛka sɛ: “Mede bi asɔ ogya, matõ paanoo wɔ ne nsramma so; matõtõ nam wɔ so awe. Afei memfa nea aka no nyɛ akyide?+ Duwui na menkotow no anaa?” 20  Odi nsõ.+ Wɔadaadaa ne koma ma wayera.+ Ontumi nnye ne kra, na ontumi mmisa sɛ: “Enti ɛnyɛ atosɛm na ɛwɔ me nsa nifa mu yi?”+ 21  “O Yakob, kae eyinom,+ Israel nso, efisɛ woyɛ m’akoa.+ Me na menwenee wo.+ Woyɛ m’akoa. O Israel, me werɛ remfi wo.+ 22  Mɛpopa wo mmarato sɛ omununkum+ na mapopa wo bɔne sɛ suwusiw.+ San bra me nkyɛn na megye wo.+ 23  “Ɔsoro, munni ahurusi,+ efisɛ Yehowa akanyan ne ho!+ Asase ase tɔnn,+ mommɔ ose!+ Mmepɔw,+ kwae ne emu nnua nyinaa, momma mo ani nnye na mo ho nsɛpɛw mo. Efisɛ Yehowa agye Yakob, na wada n’anuonyam adi wɔ Israel.”+ 24  Nea Yehowa, wo Gyefo+ ne nea ɔnwenee wo fii yafunu mu no, se ni: “Me Yehowa, me na meyɛ ade nyinaa, metwe ɔsoro mu,+ na meto asase fapem.+ Hena na na ɔka me ho? 25  Me na mesɛe akasafo nsɛnkyerɛnne, na mema nkɔmhyɛfo bobɔ adam;+ mema anyansafo san wɔn akyi, na wɔn nimdeɛ dan nkwaseasɛm.+ 26  Mene nea ɔma n’akoa asɛm yɛ nokware na ɔma n’abɔfo agyinatu ba mu;+ nea ɔka fa Yerusalem ho sɛ, ‘Wɔbɛtena mu,’+ ne Yuda nkurow ho sɛ, ‘Wɔbɛsan akyekye,+ na n’amamfõ nso, mɛma so agyina.’+ 27  Me na meka kyerɛ subun sɛ, ‘Yow, na mɛma wo nsubɔnten nyinaa ayoyow koraa.’+ 28  Me na meka Kores ho asɛm+ sɛ, ‘Ɔyɛ me guanhwɛfo, na nea ɛsɔ m’ani biara ɔbɛyɛ,’+ ne nea maka afa Yerusalem ho sɛ, ‘Wɔbɛsan akyekye,’ ne asɔrefie no ho sɛ, ‘Wɔbɛto wo fapem.’”+

Ase Hɔ Nsɛm