Yesaia 46:1-13

46  Bel+ butuw hɔ,+ na Nebo abɔ ne mu ase. Wɔn ahoni+ abɛyɛ adesoa ama wɔn mmoa ne afieboa, na wɔakyekyere wɔn nnesoa duruduru asoa mmoa a wɔabrɛ.  Wɔbɛbɔ wɔn mu ase; wɔn nyinaa bebutuw hɔ; wɔrentumi nnye+ wɔn ahoni a adan adesoa no, na nkoasom mu na wɔn ankasa kra bɛkɔ.+  “Yakob fie ne mo a moaka wɔ Israel fie,+ mo a mefaa mo fii yafunu mu na mesoaa mo fii awotwaa mu nyinaa,+ muntie me.  Obi mpanyinyɛ mu, mete sɛnea mete;+ ne dwen mu, mɛkɔ so aturu no.+ Me ara na mɛyɛ,+ me ara na mede no bedi akɔneaba, me ara na meturu no na magye no.+  “Hena na mode me bɛtoto ne ho+ na ɔne me ayɛ pɛ, anaa mode no besusuw me na ɔne me asɛ?+  Ebinom hwie sika fi kotoku mu, na wɔde nsenia kari dwetɛ. Wɔbɔ ɔtomfo paa ma ɔde yɛ onyame.+ Afei wɔbɔ wɔn mu ase kotow no.+  Wɔde no si wɔn kɔn ho+ kɔsoɛ no si ne sibea, na egyina faako kyerebenn; ɛntwe ne ho nkɔ benkum anaa nifa.+ Sɛ obi teɛm frɛ no a, ommua, na ontumi nnye obi mfi n’ahohia mu.+  “Monkae eyi na munnya akokoduru. Momfa nhyɛ mo komam,+ mo mmaratofo.+  Monkae kan nneɛma a atwam+ no sɛ mene Tweaduampɔn,+ na Onyankopɔn foforo biara nni hɔ,+ na obiara nni hɔ a ɔte sɛ me.+ 10  Me na mifi mfiase ka awiei asɛm,+ na mifi tete ka nea ensii;+ me na meka sɛ, ‘Me tirimbɔ begyina,+ na nea ɛsɔ m’ani biara mɛyɛ.’+ 11  Mɛfrɛ ɔkɔre kɛse+ afi owiapuei, na mɛfrɛ ɔbarima a ɔbɛma me tirimbɔ aba mu afi akyirikyiri.+ Makasa, na mɛma aba mu;+ mabɔ me tirim, na mɛyɛ.+ 12  “Muntie me, mo a mo koma apirim,+ mo a mo ne trenee ntam kwan ware.+ 13  Mama me trenee abɛn.+ Enni akyiri koraa,+ na me nkwagye renka akyi.+ Mede nkwagye bɛba Sion na mede m’anuonyam ama Israel.”+

Ase Hɔ Nsɛm