Yesaia 47:1-15

47  Babilon babea, ɔbaabun,+ si fam bɛtena mfutuma mu;+ Kaldea babea,+ tena fam, baabi a agua nni.+ Worennya obiara nhoahoa wo nnyigye wo so bio.+  Fa owiyammo+ na yam awi. Yi wo nkataanim,+ na yi w’atade+ ma wo nan ho nna hɔ.+ Afei twa asu.  Wubeyi w’adagyaw+ so na wɔahu w’animguase.+ Metua wo ka,+ na nea ɔbɛba m’anim no, merennya ne ho koma.  “Yɛn gyefo wɔ hɔ.+ Ne din de asafo Yehowa,+ Israel Kronkronni no.”+  Kaldea babea,+ tena ase dinn,+ bra sum mu,+ efisɛ nnipa remfrɛ wo Ahemman+ so Ɔhemmaa+ bio.  Me bo fuw me man.+ Mihuraa m’agyapade ho,+ na mede wɔn hyɛɛ wo nsa.+ Nanso woanhu wɔn mmɔbɔ.+ Akwakoraa mpo womaa wo kɔndua yɛɛ duru dodo wɔ no so.+  Nea na w’ano gu so ara ne sɛ: “Mɛyɛ Ɔhemmaa+ daa.” Na woansusuw asɛm yi ho, na woankae nea ɛbɛkɔ akowie.+  Afei tie, ɔbea a wiase yɛ wo dɛ a w’asom adwo wo,+ wo a woka wɔ wo komam sɛ: “Me ara mene no, na obiara nni hɔ.+ Merenni kuna anaa abawu da.”+  Nanso nneɛma abien yi nyinaa bɛba wo so prɛko pɛ, da koro:+ Abawu ne kunayɛ. Ɛbɛba wo so ahoɔden so,+ efisɛ w’asumansɛm dɔɔso na wo kaberɛkyere ano yɛ den dodo.+ 10  Wode wo ho too wo bɔne so,+ na wokae sɛ: “Obiara nhu me.”+ Wo nyansa ne wo nimdeɛ+ dodow na ama woayera. Na wokɔ so ara ka wɔ wo komam sɛ: “Me ara mene no, na obiara nni hɔ.” 11  Mmusu kɛse bɛba wo so, na worentumi mpata. Amanehunu bɛba wo so,+ na worentumi nsiw ano. Na ɔsɛe a wonsoo ho dae da bɛba wo so prɛko pɛ.+ 12  Afei fa wo kaberɛkyere ne w’asumansɛm+ bebrebe a wufi wo mmofraase abrɛ ho no begyina hɔ. Ebia ɛbɛboa wo, ebia ɛbɛbɔ nnipa hu. 13  W’afotufo dodow no ama woabrɛ. Ma wɔnsɔre mmegye wo, wɔn a wɔsom ɔsoro abɔde, wɔn a wɔhwɛ nsoromma mu,+ wɔn a wɔhwɛ ɔsram foforo ka nea ɛbɛba wo so no. 14  Hwɛ, wɔayɛ sɛ buronan,+ na ogya bɛhyew wɔn dwerɛbee.+ Wɔrentumi nnye wɔn kra+ mfi ogyaframa mu.+ Ɛnyɛ nsramma a nnipa de bɛka wɔn ho hyew anaa ogya a wɔbɛtena ho. 15  Eyi na ɛbɛto kaberɛkyerefo+ a wo ne wɔn abrɛ fi wo mmofraase no. Wɔbɛwɔ ntwɛtwɛdɛ na obiara akɔ n’asase so, na obiara nni hɔ a obegye wo.+

Ase Hɔ Nsɛm