Yesaia 5:1-30

5  Ma mento dwom mma me dɔfo, me dɔfo bobeturo ho dwom.+ Ná me dɔfo wɔ bobeturo wɔ koko so, asase pa bi so.  Ɔfɛtɛw asase no yiyii so abo, na oduaa bobe pa wɔ so too aban wɔ turo no mfinimfini.+ Otuu nsã-kyi-amoa mpo wɔ hɔ.+ Na ɔtwɛn sɛ ɛbɛsow aba pa,+ nanso ɛsow bobefõ.+  “Afei Yerusalemfo, Yuda mmarima, mesrɛ mo mummu me ne me bobeturo ntam atɛn.+  Dɛn na ɛsɛ sɛ meyɛ ma me bobeturo no a menyɛe?+ Dɛn nti na m’ani da so sɛ ɛbɛsow aba pa na asow aba fõ yi?  Afei momma menkyerɛ mo nea merebɛyɛ me bobeturo no: Metutu ɛho ban+ na wɔahyew no.+ Na mebubu n’abo fasu no na wɔatiatia so.+  Mɛma asɛe.+ Wɔrenyiyi ho na wɔrennɔw ase.+ Nsɔe ne nkyɛkyerɛ bɛfa afuw no.+ Na mɛhyɛ omununkum sɛ ɔnntɔ osu nngu so.+  Asafo Yehowa bobeturo+ ne Israel fie, na n’afuw a n’ani kũ ho+ ne Yuda mmarima. Ɔhwɛɛ atemmu kwan,+ nanso mmarato na ohui; ɔhwehwɛɛ adetrenee, nanso osu ne nteɛteɛm na ɔtee.”+  Munnue, mo a mugye afie paa afie so,+ mo a muhwim asase ka asase ho kosi sɛ ɔkwan biara nna hɔ bio,+ na mo nkutoo motena asase no so!  Asafo Yehowa aka ntam agu m’asom sɛ afie akɛse fɛfɛ pii bɛsɛe, na obiara rentena mu.+ 10  Bobeturo ahama du+ bɛma mo bobesa bat susuhina biako pɛ,+ na mudua aduaba homar susude biako a, mubenya efa susude biako pɛ.+ 11  Wonnue, wɔn a wɔsɔre anɔpahema kodi mmosã akyi,+ wɔn a wɔtena nsã ase ma ade sa tumm kosi sɛ wɔbɛbow ayɛ titãã!+ 12  Sanku ne sankuten, mpintin ne atɛntɛbɛn ne nsã wɔ wɔn apontow ase;+ nanso Yehowa nneyɛe de, wɔnhaw wɔn ho wɔ ho, ne nsa ano adwuma nso, wonhui.+ 13  Enti me man bɛkɔ nkoasom mu, nimdeɛ a wonni nti;+ na ɔkɔm bɛdosaw wɔn+ anuonyamfo na osukɔm+ ade wɔn nnipadɔm no. 14  Enti Adamoa* ama ne kra yam abae na wabue n’anom hahraa.+ Na kurow no mu anuonyamfo, emu nnipadɔm, emu dede, ne wɔn a wɔredi ahurusi nyinaa besian akɔ hɔ.+ 15  Na wɔbɛbrɛ ɔdesani ase, ɔbarima bɛba fam, nnipa a wɔma wɔn ani tra wɔn ntɔn no bɛba fam.+ 16  Na asafo Yehowa bɛma ne ho so wɔ atemmu mu;+ nokware Nyankopɔn, Ɔkronkronni no,+ bɛtew ne ho wɔ trenee mu.+ 17  Na nguammaa bedidi te sɛ nea wɔwɔ wɔn adidibea; na mmoa a wɔadɔ srade amamfõ so na ahɔho bedidi.+ 18  Wɔn a wɔde nkontompo hama twe amumɔyɛ na wɔde ntampehama twe bɔne te sɛ teaseɛnam no nnue;+ 19  wɔn a wɔka sɛ: “Ɔmma ne ho nyɛ hare, ɛmmra ntɛm mma yɛnhwɛ; Israel Kronkronni no agyinatu mmra ntɛm mma yenhu” no nnue!+ 20  Wɔn a wɔka sɛ papa yɛ bɔne na bɔne yɛ papa no nnue;+ wɔde sum yɛ hann na wɔde hann yɛ sum, wɔka sɛ nwenenwene yɛ fremfrem na fremfrem yɛ nwenenwene!+ 21  Wɔn a wɔyɛ anyansafo wɔ wɔn ankasa ani so, na wobu wɔn ho nhumufo no nnue!+ 22  Wɔn a wɔyɛ asanom mu abirɛmpɔn ne nsafra mu akatakyi no nnue.+ 23  Wɔn a wogye adanmude bu ɔbɔnefo bem+ na wogye ɔtreneeni bemdi fi ne nsam no nnue!+ 24  Na sɛnea ogya di buronan+ na ogyaframa mene sare a awo no, saa ara na wɔn ntini bɛporɔw abɔn+ na wɔn nhwiren ahuw akɔ sɛ mfutuma, efisɛ wɔapo asafo Yehowa mmara,+ na wɔmfa Israel Kronkronni no asɛm nyɛ hwee.+ 25  Enti Yehowa bo afuw ne man denneennen, na ɔbɛteɛ ne nsa wɔ wɔn so akunkum wɔn.+ Na mmepɔw bɛwosow+ na wɔn afunu besum mmɔnten so sɛ sumina.+ Nea akɔ so nyinaa nti ɔntwee n’abufuw nsanee, na wateɛ ne nsa mu ara. 26  Wama ahyɛnsode bi so akyerɛ ɔman kɛse bi wɔ akyirikyiri,+ wabɔ hwirema afrɛ no afi asase ano nohoa,+ na ɔde mmirika bɛba ntɛm.+ 27  Wɔn mu biara mmrɛe na onhintiwee. Na obiara nni hɔ a n’ani pam so anaa wada. Abɔso a ɛbɔ wɔn asen rensan, na wɔn mpaboa mu hama rentew. 28  Wɔn agyan ano yɛ nnam, na wɔn tadua mu akuntun.+ Wɔn apɔnkɔ nan te sɛ twɛrebo,+ na wɔn nteaseɛnam nan te sɛ ahum.+ 29  Wɔn mmobom te sɛ gyata, na wɔbom te sɛ gyatanini.+ Wɔpa so kyere aboa kɔ, na obiara nni hɔ a obegye no.+ 30  Saa da no, wɔbɛworo agu no so te sɛ po a ɛreworo.+ Nnipa bɛhwɛ asase no so, na wobehu esum kabii wɔ hɔ.+ Na osu bɛtɔ ama hann mpo adan sum.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Sheol.” Nea ɛkyerɛ ne adesamma adamoa. Hwɛ Nkekaho 4.