Yesaia 53:1-12

53  Hena na wagye nea yɛate no adi?+ Na hena na wɔayi Yehowa basa+ akyerɛ no?+  Obefifi sɛ dubaa+ wɔ n’anim, te sɛ ntini wɔ asase kesee so. Ɔnyɛ onipa mũ biara, na onni anuonyam,+ na yehu no a, biribiara nni ne ho a ɛbɛma ne ho ayɛ yɛn akɔnnɔ.+  Nnipa buu no animtiaa, na wɔpoo no;+ ɔyɛ onipa a ohuu yaw na onim yare.+ Na yɛde yɛn anim hintawee na n’ani antɔ yɛn anim.+ Nnipa buu no animtiaa, na yɛamfa no anyɛ hwee.+  Nokwarem no, ɔno na ɔsoaa yɛn nyarewa;+ ogyee yɛn yaw hyɛɛ ne ho.+ Na yebuu no sɛ obi a Onyankopɔn atwe n’aso,+ wahwe no,+ na wama ne ho ahiahia no.+  Nanso yɛn mmarato+ nti na wopiraa no,+ na yɛn mfomso nti na wobubuu no.+ Ogyee asotwe a ɛbɛma yɛanya asomdwoe,+ na ɔde n’akuru+ saa yɛn yare.+  Yɛn nyinaa te sɛ nguan a wɔafom kwan;+ obiara afa ne kwan. Na Yehowa ama yɛn nyinaa bɔne abegu no so.+  Wɔhyɛɛ no ahometew,+ na ɔmaa kwan ma wɔtan n’ani,+ nanso wammue n’ano. Wɔde no kɔe sɛ oguan a wɔrekokum no,+ na te sɛ oguan a wɔretwitwa ne nhwi a wayɛ komm no, ɔno nso ammue n’ano.+  Wɔhyɛɛ no so de no kɔe a wannya atemmu;+ na hena na ɔbɛhaw ne ho sɛ obehu n’ase?*+ Wotwaa no+ fii ateasefo asase so.+ Me man mmarato+ nti na wɔboroo no.+  Ne wu mu no, wobesie no wɔ abɔnefo+ ne adefo mu,+ nanso wanni nsɛmmɔne biara,+ na nnaadaasɛm nni n’anom.+ 10  Nanso na ɛsɔ Yehowa ani sɛ obebubu no,+ na ɔma ɔyaree.+ Sɛ ɔde ne kra to hɔ sɛ asodi afɔre a,+ obehu n’asefo,+ ɔbɛma ne nna akyɛ,+ na ne nsam na nea ɛsɔ Yehowa ani+ begyina.+ 11  Obehu ne kra amanehunu,+ na ne koma bɛtɔ ne yam.+ M’akoa+ treneeni no nimdeɛ nti, ɔbɛma nnipa pii anya trenee gyinabea;+ na ɔno ankasa bɛsoa wɔn bɔne.+ 12  Ɛno nti mɛma wanya kyɛfa wɔ nnipa pii mu+ na ɔne nnɔmmarima akyɛ asade,+ efisɛ ɔde ne kra maa owu,+ na wɔkan no fraa mmaratofo.+ Ɔno na ɔsoaa nnipa pii bɔne,+ na odi maa mmaratofo.+

Ase Hɔ Nsɛm

Nea ɛkyerɛ ankasa ne “n’awo ntoatoaso.”