Yesaia 55:1-13

55  Hwɛ, mo a osukɔm de mo nyinaa!+ Mommra nsu ho.+ Wɔn a wonni sika nso mmra. Mommra mmɛtɔ na munni.+ Mommɛtɔ nsã+ ne nufusu;+ ɛnyɛ sika na wɔde tɔ na bo biara nna so.+  Dɛn nti na mutua sika tɔ nea ɛnyɛ aduan, na dɛn nti na mobrɛ biribi a ɛmmee ho?+ Monyɛ aso ntie me, na munni adepa,+ na srade nyɛ mo kra dɛ.+  Monyɛ aso+ na mommra me nkyɛn.+ Muntie na mo kra nnya nkwa,+ na me ne mo bɛyɛ daa apam,+ adɔe a Dawid nyae a ɛyɛ nokware no ho.+  Hwɛ, mede no ayɛ+ amanaman+ dansefo,+ amanaman kannifo+ ne ɔsahene.+  Hwɛ, wobɛfrɛ ɔman a wunnim wɔn,+ na ɔman a wonnim wo de mmirika bɛba wo nkyɛn,+ Yehowa wo Nyankopɔn nti,+ Israel Kronkronni no nti,+ efisɛ wahyɛ wo anuonyam.+  Monhwehwɛ Yehowa bere a mubehu no.+ Momfrɛ no bere a ɔbɛn yi.+  Ma ɔbɔnefo nnyaw ne kwan,+ na omumɔyɛfo nsakra n’adwene;+ ɔnsan mmra Yehowa nkyɛn, na obehu no mmɔbɔ,+ ɔmmra yɛn Nyankopɔn nkyɛn na ɔde befiri no aboro so.+  “Ɛnyɛ mo adwene ne m’adwene,+ na ɛnyɛ m’akwan ne mo akwan,”+ Yehowa asɛm ni.  “Na sɛnea ɔsoro korɔn sen asase no,+ saa ara na m’akwan korɔn sen mo akwan,+ na m’adwene korɔn sen mo adwene.+ 10  Na sɛnea osu ne sukyerɛmma fi soro tɔ gu fam na ɛnsan nkɔ hɔ bio, gye sɛ ɛfɔw asase ma nneɛma fifi na ɛsow,+ na ogufo nya aba na odifo nya aduan no,+ 11  saa ara na asɛm a efi m’anom bɛyɛ.+ Ɛrensan mma me nkyɛn kwa,+ gye sɛ ɛyɛ nea mepɛ,+ na ewie nea enti a mesomae no.+ 12  “Mode anigye bɛkɔ,+ na wɔde mo bɛba asomdwoe mu.+ Mmepɔw ne nkoko de anigye bɛbɔ ose+ wɔ mo anim na wuram nnua abɔ wɔn nsam.+ 13  Na ɔpopaw dua+ befifi wɔ nsɔe ananmu. Ohuannua befifi wɔ nsasono ananmu.+ Na ebegye din ama Yehowa,+ na ɛbɛyɛ sɛnkyerɛnne daa+ a wɔrentwa nkyene.”

Ase Hɔ Nsɛm