Yesaia 56:1-12

56  Nea Yehowa aka ni: “Mummu atɛntrenee+ na monyɛ adetrenee.+ Bere aso sɛ mede me nkwagye ba+ na miyi me trenee adi.+  Onipa a obedi eyinom so,+ ɔdesani a obekura mu denneennen,+ na wadi homeda a ongu ho fĩ,+ akora ne nsa a ɔrenyɛ bɔne+ no ani begye.  Mma ɔhɔho a waba Yehowa nkyɛn no nnka sɛ,+ ‘Sɛnea ɛte biara Yehowa beyi me afi ne nkurɔfo mu.’+ Na mma ayitotoni+ nnka sɛ, ‘Hwɛ, meyɛ duwui.’”  Nea Yehowa aka akyerɛ ayitotofo a wodi me homeda na wɔapaw nea mepɛ+ na wokura m’apam mu ni:+  “Mɛma wɔn nkaedum+ ne edin+ wɔ me fie+ ne m’afasu mu, nea ɛsen mmabarima ne mmabea.+ Mɛma wɔn edin a ɛwɔ hɔ daa+ a wɔrentwa nkyene.+  “Na ahɔho a wɔaba Yehowa nkyɛn sɛ wɔrebɛsom no+ na wɔadɔ Yehowa din,+ na wɔayɛ n’asomfo, wɔn a wodi homeda a wongu ho fĩ na wokura m’apam mu nyinaa no,+  me nso mede wɔn bɛba me bepɔw kronkron so+ na mama wɔadi ahurusi wɔ me mpaebɔ fie.+ Wobegye wɔn hyew afɔrebɔde+ ne wɔn ayɛyɛde+ nyinaa wɔ m’afɔremuka so.+ Na wɔbɛfrɛ me fie mpaebɔ fie ama aman nyinaa.”+  Nea Awurade Tumfoɔ Yehowa a ɔreboaboa Israelfo a wɔahwete ano+ no aka ni: “Mɛboaboa nnipa foforo ano aka ne nkurɔfo a maboaboa wɔn ano dedaw no ho ama no.”+  Wuram mmoa nyinaa, kwae mu mmoa nyinaa, mommra mmedidi.+ 10  N’awɛmfo yɛ anifuraefo.+ Wɔn mu biara nnim nea ɛrekɔ so.+ Wɔn nyinaa yɛ akraman mum; wontumi mpɔ so,+ wɔhome hahyeehahyee, wɔdeda hɔ, na wɔpɛ nkotɔ.+ 11  Wɔyɛ akraman adifudepɛfo;+ wonnim ɔmee.+ Na wɔyɛ nguanhwɛfo a wonni nhumu.+ Wɔn nyinaa afa wɔn ankasa kwan so, na obiara pɛ mfaso bɔne wɔ n’ankasa asase so:+ 12  “Mommra! Momma memfa bobesa kakra mmra, na momma yɛnwe mmosã.+ Na ɔkyena bɛyɛ sɛ nnɛ, ɛbɛyɛ kɛse aboro so.”+

Ase Hɔ Nsɛm