Yesaia 59:1-21

59  Hwɛ, Yehowa nsa nyɛ tiaa sɛ ebegye nkwa,+ na n’asom nso nyɛ den sɛ ɛbɛte asɛm.+  Mmom mo mmarato na ama mo ne Onyankopɔn ntam atetew,+ na mo ankasa mo bɔne na ama ɔde n’anim ahintaw a ontie mo.+  Mogya ayɛ mo nsam mã,+ na bɔne agu mo nsateaa ho fĩ. Mo ano ka atosɛm,+ na mo tɛkrɛma ka nkontomposɛm.+  Obiara nni hɔ a obue n’ano trenee mu,+ na obiara nka nokware wɔ asɛnnibea. Wɔde wɔn ho to adehunu so,+ na wɔkeka ahuhusɛm.+ Wonyinsɛn bɔne na wɔwo mmusu.+  Wɔpae ɔwɔ nkesua, na wɔnwene ananse ntontan.+ Obiara a odi wɔn nkesua no bewu, na nkesua a wɔbobɔ no pae ahurutoa.+  Wɔn ntontan rentumi nyɛ atade, na wɔrentumi mfa wɔn nnwuma nkata wɔn ho.+ Wɔn nnwuma yɛ mmusu, na awudisɛm wɔ wɔn nsam.+  Wɔn anan tu mmirika kɔyɛ bɔne,+ na wɔyɛ ntɛm hwie mogya a asɛm nni ho gu.+ Wɔn nsusuwii nyinaa yɛ bɔne,+ na amamfoyɛ ne ɔsɛe wɔ wɔn atempɔn so.+  Wɔapo asomdwoe kwan,+ na atɛntrenee nni wɔn akwan mu.+ Wɔakyeakyea wɔn akwan,+ na obiara a ɔfa so no renhu asomdwoe.+  Ɛno nti atɛntrenee ne yɛn ntam kwan aware, na trenee nto yɛn. Yɛtwɛn hann nanso sum na ɛba; yɛhwehwɛ ɔhyerɛn nanso yɛnantew sum kabii mu.+ 10  Yɛde yɛn nsa keka ban ho te sɛ anifuraefo, te sɛ wɔn a wonni aniwa.+ Yehintiw awia ketee sɛ sum mu; yɛayɛ sɛ awufo wɔ ahoɔdenfo mu.+ 11  Yɛn nyinaa si apini te sɛ asisi, na yesu te sɛ mmorɔnoma.+ Yɛtwɛn atɛntrenee,+ nanso hwee amma; yɛde yɛn ani too nkwagye so, nanso atwe ne ho afi yɛn ho.+ 12  Yɛn atuatew abu so wɔ w’anim;+ na yɛn bɔne di adanse tia yɛn.+ Yɛn atuatew da yɛn anim, na yenim yɛn amumɔyɛ.+ 13  Yɛato Yehowa mmara na yɛapo no;+ yɛasan afi yɛn Nyankopɔn akyi. Nhyɛso ne atuatew na yɛka,+ na yesusuw atosɛm wɔ yɛn komam ma epue fi yɛn anom.+ 14  Wɔama atɛntrenee asan n’akyi kɔ,+ na adetrenee atwe ne ho akogyina akyirikyiri.+ Nokwaredi ahwe ase wɔ gua so, na nea ɛteɛ ntumi mma hɔ.+ 15  Nokwaredi ayera,+ na nea ɔtwe ne ho fi bɔne ho no, wɔsɛe no.+ Yehowa hui, na ɛyɛɛ n’ani so bɔne sɛ atɛntrenee nni hɔ.+ 16  Na bere a ohui sɛ obiara nni hɔ no, ɛyɛɛ no nwonwa sɛ ɔkamafo biara nni hɔ.+ Enti n’abasa de nkwagye brɛɛ no, na ne trenee hyɛɛ no den.+ 17  Ɛnna ɔhyɛɛ trenee sɛ akotade,+ na ɔde nkwagye dade kyɛw hyɛɛ ne ti.+ Afei ɔhyɛɛ aweredi sɛ atade,+ na ɔde nnamyɛ wurae sɛ batakari.+ 18  Na ɔde wɔn nneyɛe so akatua bɛma wɔn;+ wɔn a wokyi no benya n’abufuw na n’atamfo anya nea ɛfata wɔn.+ Obetua nsuano aman ka sɛnea ɛsɛ wɔn.+ 19  Na wobesuro Yehowa din afi owiatɔe,+ na wɔbɛhyɛ no anuonyam afi owiapuei,+ na ɔbɛba sɛ ahohia asu a Yehowa honhom twe ba.+ 20  “Ogyefo+ no bɛba Sion,+ ɔbɛba Yakob mu nnipa a wɔasan afi bɔne ho no nkyɛn,”+ Yehowa na waka. 21  “M’apam a me ne wɔn bɛyɛ ni,”+ Yehowa asɛm ni. “Me honhom a ɛwɔ wo so+ ne me nsɛm a mede ahyɛ w’anom+ no remfi w’anom anaa w’asefo anom anaa w’asefo asefo anom fi nnɛ kosi daa,”+ Yehowa na waka.

Ase Hɔ Nsɛm