Yesaia 6:1-13

6  Afe a Ɔhene Usia wui no,+ mihuu Yehowa+ sɛ ɔte ahengua kɛse kokuroo bi so,+ na n’atade ano atrɛw ayɛ asɔrefie hɔ mã.+  Ná serafim gyinagyina no so+ a wɔn mu biara wɔ ntaban asia. Wɔde abien kata wɔn anim,+ wɔde abien kata wɔn nan ho, na wɔde abien nso tu.  Obiako ka kyerɛ obiako sɛ: “Kronkron, kronkron, kronkron ne asafo Yehowa.+ N’anuonyam ahyɛ asase nyinaa so mã.”  Na nea ɔfrɛe no nne maa apongua+ no wosowee, na wusiw bɛhyɛɛ fie hɔ mã.+  Ɛnna mekae sɛ: “Asɛm ato me! Mawu awie, efisɛ m’ano ho ntew,+ na nkurɔfo a mete wɔn mu nso ano ho ntew;+ na hwɛ, mede m’ani ahu Ɔhene no, asafo Yehowa ankasa!”+  Na serafim biako tu baa me nkyɛn a nsramma+ a ɔde afagya akoyi afi afɔremuka no so no kura ne nsam.+  Na ɔde bɛkaa m’ano+ ka kyerɛɛ me sɛ: “Ade yi aka w’ano, enti wɔayi w’amumɔyɛ afi hɔ, na wɔapata ama wo bɔne.”+  Afei metee Yehowa nne sɛ ɛrebisa sɛ: “Hena na mensoma no, na hena na ɔbɛkɔ ama yɛn?”+ Na migyee so sɛ: “Mini, soma me.”+  Na ɔkae sɛ: “Kɔ na kɔka kyerɛ ɔman yi sɛ, ‘Ɔte ara na monte, nanso monnte ase; ɔhwɛ ara na monhwɛ, nanso munnhu mu.’+ 10  Ma ɔman no mpirim wɔn koma+ na wonsen wɔn aso.+ Na ka wɔn ani fomfam so na wɔamfa wɔn aniwa anhu ade, na wɔamfa wɔn aso nso ante asɛm, na wɔn koma ante ase na wɔansakra annya ayaresa.”+ 11  Ɛnna mibisae sɛ: “O Yehowa, enkosi da bɛn?”+ Na obuae sɛ: “Enkosi sɛ kurow yi bɛsɛe na adan amamfõ, na afie ada mpan a ɔdesani biara nni mu, na asase no asɛe koraa,+ 12  na Yehowa apam nnipa akɔ akyirikyiri na asase no adan amamfõ koraa wɔ ne mfinimfini pɛɛ.+ 13  Na ɛbɛka nkyem du mu biako wɔ hɔ,+ na wɔbɛsan ahyew ɛno nso, te sɛ odupɔn ne odum a wɔatwa+ ma aka ne dunsin.+ Dunsin no ne asefo kronkron no.”+

Ase Hɔ Nsɛm