Yesaia 62:1-12

62  Sion nti merenyɛ komm,+ na Yerusalem+ nti merentena hɔ dinn kosi sɛ ne trenee bepue sɛ hann+ na ne nkwagye adɛw sɛ ogyatɛn.+  “Ɔbea,+ aman behu wo trenee+ na ahene ahu w’anuonyam.+ Na wɔde edin foforo bɛfrɛ wo,+ edin a Yehowa ankasa ano bɛkyerɛ no.  Wobɛyɛ abotiri fɛfɛ wɔ Yehowa nsam,+ ne ahemmotiri wɔ wo Nyankopɔn nsayam.  Wɔrenka sɛ woyɛ ɔbea a wɔapo no bio,+ na wɔrenka sɛ w’asase yɛ amamfõ bio.+ Wɔbɛfrɛ wo M’Anigye Wɔ Ne Mu+ na wɔafrɛ w’asase sɛ Obi Yere. Na Yehowa benya anigye wɔ wo mu, na wɔbɛfa w’asase sɛ ɔyere.+  Sɛnea aberante ware ɔbaabun no, saa ara na wo mma bɛware wo.+ Na sɛnea ayeforokunu di ayeforo ho ahurusi no,+ saa ara na wo Nyankopɔn bedi wo ho ahurusi.+  Yerusalem, mede awɛmfo asisi w’afasu so.+ Daa, awia ne anadwo nyinaa, wɔrenyɛ komm.+ “Mo a mobɔ Yehowa din nyinaa,+ monhwɛ na moanyɛ komm.+  Mommma ɔnntena hɔ dinn kosi sɛ ɔde Yerusalem besi hɔ pintinn na ayɛ ayeyi wɔ asase so.”+  Yehowa de ne nsa nifa+ ne ne basa+ dennen aka ntam sɛ: “Meremfa w’aduan mma w’atamfo bio,+ na ahɔho rennom nsã foforo+ a woabrɛ ho bio.  Mmom wɔn a wɔboaboa aduan ano no na wobedi ayi Yehowa ayɛ, na wɔn a wokyĩ nsã no na wɔbɛnom wɔ m’adiwo kronkron hɔ.”+ 10  Mommɛsen, mommɛsen mfa kurow no apon mu. Munsiesie ɔman no kwan.+ Muntu ngu so, muntu dɔte ngu so nyɛ ɔtempɔn no. Munyiyi ɛso abo nyinaa.+ Momfa ahyɛnsode nsi hɔ mma nkurɔfo no.+ 11  Hwɛ, Yehowa ama wɔate akodu asase ano nohoa+ sɛ: “Monka nkyerɛ Sion babea+ sɛ, ‘Hwɛ, wo nkwagye reba.+ Hwɛ, n’akatua ka ne ho,+ na n’akatua sika wɔ n’anim.’”+ 12  Na nkurɔfo bɛfrɛ wɔn ɔman kronkron,+ wɔn a Yehowa atɔ wɔn.+ Na wo nso, wɔbɛfrɛ wo Nea Wɔahwehwɛ No, Kurow a Wonnyaw No Koraa.+

Ase Hɔ Nsɛm