Yesaia 64:1-12

64  O sɛ anka wusunsuanee ɔsoro mu sian baa fam+ maa mmepɔw wosow w’anim,+  sɛnea ogya hyew mmobaa na ogya ma nsu huru a, anka w’atamfo+ behu wo din na aman ho apopo w’anim.+  Bere a woyɛɛ anwonwadwuma+ a yɛnhwɛ kwan no, wusian baa fam, na wo nti, mmepɔw wosowee.+  Efi tete, obiara ntee na entwaa obiara aso mu,+ na ani nhuu Onyankopɔn bi a odi ma nea ɔtwɛn no,+ gye wo nkutoo.+  Woabehyia nea ɔde anigye di asɛntrenee,+ wɔn a wɔkae w’akwan no.+ Hwɛ, wo bo fuwii+ bere a yɛkɔɔ so yɛɛ bɔne+ na yɛtenaa mu bere tenten no. Na afei wubegye yɛn anaa?+  Yɛn nyinaa ho ntew, na yɛn adetrenee biara te sɛ bratam.+ Yɛn nyinaa betwam akɔ sɛ ahaban+ na yɛn bɔne asoa yɛn akɔ sɛ mframa.+  Obiara nni hɔ a ɔbɔ wo din,+ na obiara nni hɔ a ɔkanyan ne ho so wo mu, efisɛ wode w’anim ahintaw yɛn,+ na woama yɛn bɔne anan yɛn.+  O Yehowa, wone yɛn Agya.+ Yɛyɛ dɔte,+ na wone yɛn Nwemfo;+ na yɛn nyinaa yɛ wo nsa ano adwuma.+  Yehowa, yɛsrɛ wo, mma wo bo mmfuw denneennen,+ na nkae yɛn mfomso daa.+ Yɛsrɛ wo, hwɛ: yɛn nyinaa yɛ wo man.+ 10  Wo nkurow kronkron+ adan sare. Sion+ ankasa adan sare hunu, na Yerusalem adan amamfõ.+ 11  Wɔahyew+ yɛn fie kronkron fɛfɛɛfɛ+ a yɛn agyanom yii wo ayɛ wom no;+ na yɛn agyapade+ nyinaa asɛe. 12  O Yehowa, eyi nyinaa mu, wubeyi w’ani?+ Wobɛtena hɔ dinn ama yɛn ho ahiahia yɛn?+

Ase Hɔ Nsɛm