Yesaia 65:1-25

65  “Wɔn a wommisaa m’ase no,+ mama wɔahwehwɛ me.+ Wɔn a wɔnhwehwɛɛ me no, mama wɔahu me.+ Ɔman a wɔammɔ me din no,+ misee wɔn sɛ ‘Mini, Mini!’+  “Matrɛw me nsam da mũ nyinaa ama ɔman asoɔdenfo,+ wɔn a wɔnam ɔkwammɔne so,+ wɔn a wodi wɔn nsusuwii akyi;+  ɔman a wogyina m’anim daa yi me ahii,+ na wɔbɔ afɔre wɔ nturo mu+ hyew afɔrebɔde+ wɔ birikisi so;  nkurɔfo a wɔtete amusiei+ na wɔkɔtɛw awɛnee ma ade kye; wɔwe prakonam,+ na afide nkwan pɔtɔɔ+ wɔ wɔn nkuku mu;  wɔn a wɔka sɛ, ‘Gyina nkyɛn. Mmɛn me na mamma woanyɛ kronkron.’+ Eyinom yɛ wusiw wɔ me hwenem,+ ogya a ɛdɛw daa.+  “Hwɛ, wɔakyerɛw ne nyinaa m’anim.+ Merentena hɔ komm,+ na mmom metua ka;+ mede akatua no begu wɔn kokom.+  Metua wɔn ankasa amumɔyɛ ne wɔn agyanom amumɔyɛ so ka prɛko,”+ Yehowa na waka. “Esiane sɛ wɔhyew afɔrebɔde wɔ mmepɔw so, na wɔbɔɔ me ahohora+ wɔ nkoko so+ nti, me nso, nea edi kan koraa no, mesusuw wɔn akatua de agu wɔn kokom.”+  Asɛm a Yehowa aka ni: “Sɛnea wonya nsã foforo+ fi bobe mu na obi ka sɛ, ‘Nsɛe no+ na nhyira wom’+ no, saa ara na me nkoa nti mɛyɛ; mɛhwɛ sɛ merensɛe wɔn nyinaa.+  Mede aseni bi befi Yakob mu aba,+ na meyi nea obedi me mmepɔw so afi Yuda mu.+ Wɔn a mapaw wɔn no bedi so+ na me nkoa atena hɔ.+ 10  Saron+ bɛyɛ nguan adidibea+ na Akor bon+ ayɛ anantwi ahomegyebea ama me nkurɔfo a wɔhwehwɛ me no.+ 11  “Nanso moagyaw Yehowa,+ na mo werɛ afi me bepɔw kronkron no.+ Motow pon ma Akraye nyame+ na mohyɛ afrasa ma Nkrabea nyame.+ 12  Enti mede mo bɛma nkrante,+ na mo nyinaa bɛkotow ma wɔakum mo,+ efisɛ mefrɛe+ nanso moannye so; mekasae nanso moantie;+ nea ɛyɛ m’ani so bɔne na mokɔɔ so yɛe,+ na nea m’ani nnye ho na mopawee.”+ 13  Eyi nti nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka ni: “Hwɛ, me nkoa bedidi,+ na mo de, ɔkɔm bɛde mo.+ Hwɛ, me nkoa benya biribi anom,+ na mo de, mo menewam bɛwo.+ Hwɛ, me nkoa ani begye,+ na mo de, mo ani bewu.+ 14  Hwɛ, me nkoa bedi ahurusi, koma pa nti,+ na mo de, mubesu, komam yaw nti, na mubetwa adwo, honhom a abubu nti.+ 15  Mubegyaw mo din na wɔn a mapaw wɔn no de aka ntam, na Awurade Tumfoɔ Yehowa bekunkum mo mmiako mmiako,+ na ne nkoa de, ɔde din foforo bɛfrɛ wɔn.+ 16  Na nea ɔpɛ nhyira wɔ asase so no de nokware Nyankopɔn+ behyira ne ho, na nea ɔka ntam wɔ asase so no de nokware Nyankopɔn bɛka ntam,+ efisɛ wɔrenkae kan amanehunu no na m’ani renhu bio.+ 17  “Merebɔ ɔsoro foforo+ ne asase foforo;+ na wɔrenkae kan nneɛma no bio,+ na ɛremma komam bio.+ 18  Munni ahurusi+ na momma mo ani nnye daa, ade a merebɔ no nti.+ Na merebɔ Yerusalem ma ayɛ anigyede na emufo ayɛ ahurusidi.+ 19  M’ani begye Yerusalem ho na madi ahurusi me man ho;+ wɔrente agyee! anaa buei! biara wɔ mu bio.”+ 20  “Wɔrenhu akokoaa a ne nna yɛ tiaa wɔ hɔ bio,+ anaa akwakoraa a wanwie ne nna di.+ Na sɛ obi di mfe ɔha na owu mpo a, wobebu no sɛ wawu wɔ ne mmeranteberem. Na ɔbɔnefo de, sɛ odi mfe ɔha mpo a, ebewie no bɔne.+ 21  Wobesisi adan atena mu+ na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba.+ 22  Wɔrensi mma obi mmɛtena mu, na wɔrennua mma obi nni. Na me man nna bɛyɛ sɛ dua nna,+ na wɔn a mapaw wɔn no bedi wɔn nsa ano adwuma amee.+ 23  Wɔrenyɛ adwumahunu,+ na mma a wɔbɛwo wɔn no, mmusu renka wɔn,+ efisɛ wɔyɛ mma a Yehowa ahyira wɔn,+ wɔne wɔn asefo.+ 24  Na ɛbɛba sɛ wonnya mfrɛe no, megye so,+ na wogu so rekasa no, metie.+ 25  “Pataku+ ne oguan bɛbom adidi+ na gyata awe wura sɛ nantwi;+ na ɔwɔ de, dɔte na ɛbɛyɛ n’aduan.+ Wɔrenyɛ bɔne+ na wɔrensɛe ade, me bepɔw kronkron no nyinaa so,”+ Yehowa na waka.

Ase Hɔ Nsɛm