Yesaia 66:1-24

66  Nea Yehowa aka ni: “Ɔsoro yɛ m’agua,+ na asase yɛ me nan ntiaso.+ Ofie bɛn na mubetumi asi ama me,+ na homebea bɛn na mode bɛma me?”+  Yehowa asɛm ni: “Nneɛma yi nyinaa, me nsa na ɛyɛe, na saa na ɛyɛe a ne nyinaa bae.+ Na nea mɛhwɛ no ne obi a ɔwɔ ahohia mu a ne honhom abotow,+ na ne ho popo wɔ m’asɛm ho.+  “Nea okum nantwi no te sɛ nea okum onipa.+ Nea ɔde oguan bɔ afɔre no te sɛ nea obu ɔkraman kɔn mu.+ Nea ɔde ayɛyɛde ba no te sɛ nea ɔde prako mogya ba!+ Nea ɔhyew nkae aduhuam+ no te sɛ nea ɔkankye.+ Wɔapaw wɔn ankasa akwan, na wɔn kra ani sɔ wɔn akyide.+  Na me nso mɛfa akwan horow so atan wɔn ani,+ na nneɛma a wosuro na mede bɛba wɔn so,+ efisɛ mefrɛe, na obiara annye so, mekasae, nanso obiara antie.+ Na wɔkɔɔ so yɛɛ adebɔne wɔ m’ani so, na nea m’ani nnye ho na wɔpawee.”+  Muntie Yehowa asɛm, mo a n’asɛm nti mo ho popo:+ “Mo nuanom a wɔtan mo,+ na me din nti wɔpo mo+ no ka sɛ, ‘Anuonyam nka Yehowa!’+ Na mo nti n’ani begye,+ nanso wɔn de, wɔn ani bewu.”+  Gyegyeegye bi wɔ kurow no mu, na dede bi wɔ asɔrefie hɔ!+ Ɛyɛ Yehowa na ɔde akatua a ɛsɛ rema n’atamfo.+  Na onnya ntee awoko yaw no, na wawo dedaw.+ Awo nnya nkaa no no, na wawo ɔbabarima.+  Hena na wate asɛm yi bi pɛn?+ Hena na wahu biribi a ɛte sɛ eyi pɛn?+ So wobetumi akyem awo* asase+ da koro?+ Anaasɛ wobetumi awo ɔman+ prɛko pɛ?+ Nanso awo kaa Sion pɛ na ɔwoo ne mma.  “So mebue awotwaa ano a meremma wɔnwo?”+ Yehowa na waka. “Anaa merema awo aka obi na masiw ano kwan?” Wo Nyankopɔn na waka. 10  Mo a modɔ Yerusalem nyinaa,+ mo ne no nni ahurusi+ na mo ani nnye. Mo a mudi ne ho awerɛhow nyinaa,+ mo ne no nni ahurusi, 11  efisɛ mubenum n’awerɛkyekye nufu amee, na mubefew n’anuonyam nufu ano ama mo koma atɔ mo yam.+ 12  Na nea Yehowa aka ni: “Mɛma wanya asomdwoe te sɛ asubɔnten+ na amanaman anuonyam ayɛ sɛ nsu a ayiri,+ na mubenum te sɛ nufu.+ Wobeturu mo wɔ wɔn nkyɛnmu na wɔagyigye mo wɔ wɔn nan so.+ 13  Sɛnea ɔbarima bi maame kyekye ne werɛ no, saa ara na me nso mɛkɔ so akyekye mo werɛ,+ na Yerusalem nti mo werɛ bɛkyekye.+ 14  Mubehu, na mo koma ani agye,+ na mo nnompe+ ayɛ frɔmfrɔm te sɛ sare momono.+ Na Yehowa nkoa behu ne nsa,+ na n’atamfo de, wobenya n’afobu.”+ 15  “Na Yehowa ankasa bɛba te sɛ ogya+ na ne nteaseɛnam aba te sɛ ahum,+ na ɔde anibere betua wɔn ka n’abufuw mu, na ɔde ogyaframa aka wɔn anim.+ 16  Na Yehowa ankasa bebu atɛn te sɛ gyaframa, na ɔde nkrante+ akunkum ɔhonam nyinaa, na wɔn a Yehowa bekum wɔn no bɛdɔɔso.+ 17  Wɔn a wɔtew wɔn ho na wodwira wɔn ho kɔ nturo+ mu, na wokogyina nea ɛwɔ mfinimfini akyi, na wɔwe prakonam+ ne akyide ne akura+ mpo no, wɔn nyinaa awiei bɛba,” Yehowa na waka. 18  “Minim wɔn nnwuma+ ne wɔn adwene,+ na mɛba abɛboaboa amanaman ne kasa horow nyinaa ano,+ na wɔbɛba abehu m’anuonyam.”+ 19  “Na mede sɛnkyerɛnne bi besi wɔn mu,+ na mɛsoma wɔn a wonyaa wɔn ti didii mu no bi akɔ amanaman no mu;+ wɔbɛkɔ Tarsis,+ Pul ne Lud,+ wɔn a wokuntun agyan no, ne Tubal ne Yawan,+ nsuano aman a ɛwɔ akyirikyiri,+ wɔn a wɔntee me ho asɛm na wonhuu m’anuonyam+ no nkyɛn. Na wɔbɛka m’anuonyam wɔ amanaman mu.+ 20  Wɔde mo nuanom nyinaa befi amanaman mu+ abrɛ Yehowa sɛ ayɛyɛde,+ na wɔbɛtenatena apɔnkɔ so, nteaseɛnam ahorow mu, mfurumpɔnkɔ ne yoma+ a wɔn ho yɛ hare so aba Yerusalem, me bepɔw kronkron no so,+ sɛnea Israelfo de ayɛyɛde gu ɔsɛn a emu tew mu ba Yehowa fie no,”+ Yehowa na waka. 21  “Na mɛpaw wɔn mu bi ayɛ wɔn asɔfo ne Lewifo,” Yehowa na waka. 22  “Na sɛnea ɔsoro foforo+ ne asase foforo+ a mereyɛ no gyina m’anim no,+ saa ara na mo asefo+ ne mo din begyina,”+ Yehowa asɛm ni. 23  “Na ɛbɛba sɛ ɔsram foforo biara ne homeda biara, ɔhonam nyinaa bɛba abebu nkotodwe wɔ m’anim,”+ Yehowa na waka. 24  “Na wɔbɛkɔ akɔhwɛ nnipa a wɔtõõ me mmara no afunu,+ na wɔn mu mmoawa renwu, na wɔn gya nso rennum da,+ na wɔbɛyɛ abofonode ama ɔhonam nyinaa.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaasɛ, “wɔde awoko yaw bɛwo.”