Yesaia 8:1-22

8  Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Hwehwɛ kyerɛwpon+ kɛse na fa ɔdesani kyerɛwdua kyerɛw so sɛ, ‘Maha-salal-has-bas.’*  Na mɛma adansefo anokwafo+ adi ho adanse.+ Eyinom ne ɔsɔfo Uria+ ne Yeberekia ba Sakaria.”  Afei mekɔɔ odiyifobea no ho, na onyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima.+ Na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “To no din Maha-salal-has-bas,  na ansa na abofra no betumi aka+ ‘Papa’ ne ‘Maame’ no, na wɔasoa Damasko ahode ne Samaria asade kɔ Asiria hene anim.”+  Na Yehowa toaa so ka kyerɛɛ me sɛ:  “Esiane sɛ nkurɔfo yi apo+ Siloa nsu+ a ɛsen bɔkɔɔ, na wodi Resin ne Remalia+ ba ho ahurusi nti,+  hwɛ, Yehowa bɛma asubɔnten kɛse+ a emu nsu dɔɔso—Asiria hene+ ne n’anuonyam nyinaa+​—atue aba wɔn so.+ Na obebu afa ne nsuka so na wayiri afa ne kɔn so nyinaa.  Ɔbɛsen akɔfa Yuda na wayiri+ akodu ne kɔn mu pɛɛ.+ O Imanuel,+ sɛ ɔtrɛw ne ntaban mu a,+ ebedu w’asase ano nyinaa.”  Munni bɔne na wommubu mo asinasin. Mo a mote asase so akyirikyiri,+ monyɛ aso ntie! Momma mo akode so+ na wommubu mo asinasin!+ Momma mo akode so na wommubu mo asinasin! 10  Pɔw biara a mopɛ no, mommɔ, nanso ɛbɛsan!+ Asɛm biara a mopɛ no, monka, nanso ɛrennyina, efisɛ Onyankopɔn ka yɛn ho!+ 11  Eyi ne asɛm a Yehowa nam nsa dennen so aka akyerɛ me na mannantew ɔman yi kwan so: 12  “Sɛ nkurɔfo yi ka sɛ ‘Atirisopam!’ a, monnka sɛ, ‘Atirisopam!’+ Na nea wosuro no munnsuro, na mommma ɛmmmɔ mo hu.+ 13  Asafo Yehowa, ɔno na mummu no kronkron,+ ɔno na munsuro no,+ ɔno na mo ho mpopo wɔ n’anim.”+ 14  Ɔbɛyɛ kronkronbea,+ nanso Israel afie abien no de, ɔbɛyɛ hintibo ne watiriw bo+ ama wɔn, na wayɛ afiri ama wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa.+ 15  Na wɔn mu pii bɛwatiriw ahwe ase na wɔabubu, na wɔatɔ afiri mu ma ayi wɔn.+ 16  Kyekyere adanse no,+ sɔ mmara no ano wɔ m’asuafo mu!+ 17  Mɛtwɛn Yehowa+ a ɔde n’anim ahintaw Yakob fie no,+ na mede m’ani bɛto no so.+ 18  Hwɛ, me ne mmofra a Yehowa de wɔn ama me+ no ni. Asafo Yehowa a ɔte Bepɔw Sion+ so no de yɛn ayɛ nsɛnkyerɛnne+ ne anwonwade wɔ Israel. 19  Na sɛ wɔka kyerɛ mo sɛ: “Monkɔ akɔmfo anaa asumanfo+ a wɔkasa wɔn menem te sɛ nnomaa+ na wɔbesebese wɔn ano no hɔ a,” ɛnyɛ ɔman no Nyankopɔn hɔ mmom na ɛsɛ sɛ mokɔ?+ Awufo nkyɛn na mokɔ abisa ma ateasefo?+ 20  Munni mmara ne adanse no akyi!+ Wɔbɛka no sɛnea nsɛm yi te+ nanso hann biara nnim.+ 21  Ahoyeraw ne ɔkɔm na wɔde bɛnantew asase no so.+ Na ɔkɔm ne abufuw nti, wɔbɛdome wɔn hene ne wɔn Nyankopɔn mpo,+ na wɔbɛma wɔn ani so ahwɛ soro. 22  Na wɔdan wɔn ani hwɛ asase so a, hwɛ, ɔhaw ne esum kabii+ ne abɛbrɛsɛ ne kusuuyɛ nko, na hann nni baabiara.+

Ase Hɔ Nsɛm

Ase ne “Yɛ Ntɛm Bra Asade Ho. Ɔde Ahoɔhare Aba Asade no Ho.”