Yesaia 9:1-21

9  Nanso esum no renyɛ sɛ bere a na ahohia wɔ asase no so no, te sɛ kan a wobuu Sebulon asase ne Naftali asase animtiaa no.+ Na akyiri yi wɔbɛhyɛ po kwan a ɛda Yordan mpɔtam, amanaman mufo Galilea,+ no anuonyam.+  Na nnipa a wɔnam sum mu no ahu hann kɛse bi,+ na wɔn a wɔte esum kabii bun mu no,+ hann apue wɔn so.+  Woama ɔman no adɔ pii,+ na woama wɔn anigye ayɛ kɛse.+ Wɔn ani agye w’anim te sɛ twabere mu anigye,+ te sɛ asade kyɛ mu ahurusi.+  Wɔn kɔndua+ ne wɔn akyi abaa, poma a wɔde ka wɔn kɔ adwuma+ no, woabubu mu te sɛ Midian da no.+  Na wɔbɛhyew mpaboa biara a wɔde tiatia fam+ kimkim ne atade a wɔde anu mogya mu no te sɛ nnyina a wɔde sɔ gya.+  Wɔawo akokoaa ama yɛn,+ wɔama yɛn ɔbabarima,+ na n’ahenni bɛda ne mmati so.+ Na wɔbɛfrɛ ne din sɛ Ɔfotufo Nwonwafo,+ Onyame Tumfoɔ,+ Daa Agya,+ Asomdwoe Hene.+  N’ahenni+ mu bɛtrɛw na asomdwoe a enni awiei+ bɛba Dawid ahengua+ so ne n’ahenni so, na ɔde atɛntrenee+ ne trenee+ bɛwowaw+ n’ahenni ma atim fi sesɛɛ akosi daa. Asafo Yehowa nnamyɛ na ɛbɛyɛ eyi.+  Yehowa asoma atemmusɛm kɔ Yakob nkyɛn, na akosi Israel so.+  Na nnipa no nyinaa behu;+ Efraim ne Samariafo+ nyinaa behu, efisɛ wɔka wɔ ahantan ne dwae so sɛ:+ 10  “Birikisi na adwiriw agu, nanso yɛde abo a wɔasen besi.+ Sikamɔɔ+ nnua na wɔatwitwa agu, nanso yɛde nkyeneduru besi ananmu.” 11  Yehowa bɛma Resin atamfo so ahyɛ no na wahwanyan wɔn a wokyi no.+ 12  Siria befi apuei+ na Filistifo afi akyi,+ na wɔbɛbae wɔn anom amene Israel.+ Nea akɔ so nyinaa nti ɔntwee n’abufuw nsanee, na wateɛ ne nsa mu ara.+ 13  Ɔman no nsan mmaa nea ɔhwee wɔn no nkyɛn,+ na wɔnhwehwɛɛ asafo Yehowa akyi kwan.+ 14  Na Yehowa betwa eti+ ne dua,+ dubaa ne sibiri, afi Israel da koro.+ 15  Mpanyimfo ne anuonyamfo ne eti no,+ na adiyifo a wɔkyerɛ atosɛm ne dua no.+ 16  Ɔman yi akwankyerɛfo ma wɔfom,+ na wɔn a saafo yi kyerɛ wɔn kwan no de wɔn ti pempem.+ 17  Ɛno nti Yehowa ani nnye wɔn mmerante mpo ho,+ na ɔrenhu wɔn nnyanka ne wɔn akunafo mpo mmɔbɔ, efisɛ wɔn nyinaa yɛ awaefo+ ne nnebɔneyɛfo, na obiara ano ka agyimisɛm. Nea akɔ so nyinaa nti ɔntwee n’abufuw nsanee, na wateɛ ne nsa mu ara.+ 18  Atirimɔdensɛm dɛw te sɛ ogyaframa,+ na ɛhyew nsɔe ne nkyɛkyerɛ.+ Na ɛsɔ kwae mu adɔtɔ mu+ ma efi wusiw kumɔnn kɔ soro.+ 19  Asafo Yehowa abufuw de ogya ato ɔman no mu, na emu nnipa no ayɛ sɛ nnyina a wɔde sɔ gya.+ Obiara nni hɔ a ne yam bɛhyehye no ama ne nua mpo.+ 20  Wobetwa wɔ nifa, nanso ɔkɔm bɛde wɔn; wobedi wɔ benkum, nanso wɔremmee.+ Na obiara bɛwe n’ankasa nsa ho nam.+ 21  Manase we Efraim, na Efraim we Manase. Na wɔn nyinaa bɛsɔre ahyɛ Yuda.+ Nea akɔ so nyinaa nti ɔntwee n’abufuw nsanee, na wateɛ ne nsa mu ara.+

Ase Hɔ Nsɛm