Yona 1:1-17

1  Yehowa ka kyerɛɛ Amitai ba Yona+ sɛ:  “Sɔre kɔ Niniwe+ kuropɔn no mu na ka kyerɛ kurom hɔfo sɛ wɔn amumɔyɛ atoatoa abedu m’anim.”+  Nanso Yona guan fii Yehowa+ anim de n’ani kyerɛɛ Tarsis,+ na ɔkɔɔ Yopa+ kohuu hyɛn bi a ɛrekɔ Tarsis. Enti otuaa ka foro kɔtenaa mu sɛ ɔreguan Yehowa ne wɔn akɔ Tarsis.  Na Yehowa maa mframa kɛse bi bɔ faa po no so,+ na ahum+ kɛse bi tui, na hyɛn no yɛe sɛ nea ɛrebɛbɔ.  Afei na hyɛn no mu adwumayɛfo suro, enti obiara su frɛɛ ne nyame.+ Na wofii ase yiyii nneɛma a ɛwɔ hyɛn no mu tow guu po no mu sɛnea emu bɛyɛ hare.+ Saa bere yi na Yona akɔhyɛ hyɛn no ase baabi ada+ hatee.  Afei hyɛn no mu panyin kɔɔ ne nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nna wura, dɛn na ayɛ wo? Sɔre frɛ wo nyame+ ɛ! Ebia nokware Nyankopɔn no behu yɛn mmɔbɔ na yɛanwuwu.”+  Na wɔka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Momma yɛmmɔ ntonto+ na yenhu nea wama mmusu+ yi aba.” Bere a wɔbɔɔ ntonto no, ɛbɔɔ Yona.+  Enti wosee no sɛ: “Yɛsrɛ wo, ka kyerɛ yɛn: Hena na wama mmusu+ yi aba yɛn so? Adwuma bɛn na woyɛ, na ɛhe na wufi? Ɔman bɛn so na wufi, na wo kurom ne he?”  Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Meyɛ Hebrini+ na mesom+ ɔsoro+ Nyankopɔn Yehowa, nea ɔbɔɔ po ne asase+ no.” 10  Afei na nnipa no suro, na wobisaa no sɛ: “Dɛn na woayɛ yi?”+ Ná nkurɔfo no nim sɛ ɔreguan Yehowa, efisɛ na waka akyerɛ wɔn. 11  Afei wɔsan bisaa no sɛ: “Dɛn na yɛnyɛ wo+ na po no ano adwo ama yɛn?” Saa bere no na po no gu so ara rehuru denneennen. 12  Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma me so nto po no mu na ano bedwo, efisɛ minim sɛ me nti na ahum kɛse yi aba mo so.”+ 13  Nanso mmarima no bɔɔ mmɔden sɛ wɔde hyɛn no bɛfa ahum no mu aba mpoano, nso wɔantumi efisɛ na mframa no rebɔ hyia wɔn denneennen.+ 14  Afei wofii ase su frɛɛ Yehowa sɛ:+ “O Yehowa, yɛsrɛ wo mma yennwuwu esiane ɔbarima yi kra nti! Na mfa mogya a enni fɔ+ ho asodi nto yɛn so, efisɛ wo Yehowa, nea ɛsɔ w’ani na woayɛ yi!”+ 15  Afei wɔmaa Yona so too po no mu, na po no dwoe.+ 16  Na nnipa no fii ase suroo Yehowa papaapa,+ enti wɔbɔɔ afɔre maa Yehowa,+ na wɔhyehyɛɛ bɔ.+ 17  Na Yehowa maa apataa kɛse bi bae bɛmenee Yona,+ na Yona dii apataa no yam nnansa, awia ne anadwo.+

Ase Hɔ Nsɛm