Yuda 1:1-25

 Yuda, Yesu Kristo akoa, a ɔyɛ Yakobo+ nua, de kɔma wɔn a wɔafrɛ wɔn+ aba Agya Onyankopɔn ayɔnkofa mu+ sɛ adɔfo a wɔakora wɔn so+ ama Yesu Kristo no:  Mmɔborɔhunu+ ne asomdwoe+ ne ɔdɔ+ nnɔɔso mma mo.+  Adɔfo,+ ɛwom, anka merebɔ mmɔden biara akyerɛw nkwagye a ɛwɔ hɔ ma yɛn nyinaa no ho asɛm abrɛ mo,+ nanso mihui sɛ ɛho hia sɛ mekyerɛw mo betu mo fo sɛ monko denneennen mpere gyidi+ a wɔde ama akronkronfo+ prɛko no.  Nea enti a ɛte saa ne sɛ nnipa bi awiawia wɔn ho aba mo mu+ a efi tete no wɔnam Kyerɛwnsɛm no so aka ato hɔ+ sɛ wobenya saa atemmu yi,+ amumɔyɛfo+ a wɔdan yɛn Nyankopɔn adom de yɛ anoyi de bu ahohwibra+ na wɔpa+ yɛn Wura+ ne yɛn Awurade+ koro pɛ, Yesu Kristo no.  Ɛmfa ho sɛ munim ade nyinaa dedaw no, mepɛ sɛ mekae mo+ sɛ Yehowa gyee nnipa bi fii Egypt asase so de,+ nanso ɛno akyi no ɔsɛee wɔn a na wonni gyidi no.+  Na abɔfo a wɔantena baabi a na wɔte mfiase no na mmom wogyaw wɔn ankasa tenabea a ɛsɛ no,+ ɔde daa mpokyerɛ+ akyekyere wɔn akora wɔn wɔ esum kabii mu ama da kɛse no mu atemmu.+  Saa ara na Sodom ne Gomora ne nkurow a atwa ho ahyia+ nso yɛe sɛ eyinom, de wɔn ho maa aguamammɔ na wokodii ɔhonam akyi a ɛnyɛ ne kwan so,+ na wɔde daa ogya twee wɔn aso+ na ɔde ayɛ sɛnnahɔ+ ama yɛn.  Saa ara na nnipa yi nso yɛ adaesofo+ a wogu ɔhonam ho fi, wommu tumidi+ na wɔkasa tia anuonyamfo.+  Nanso bere a ɔbɔfo panyin+ Mikael+ ne Ɔbonsam redi akameakame+ ne anobaabae wɔ Mose amu+ ho no, wansi ne bo anka asɛmmɔne+ ammu no atɛn, na mmom ɔkae sɛ: “Yehowa nka w’anim.”+ 10  Nanso saa nnipa yi ka nea wonnim nyinaa ho asɛmmɔne;+ nneɛma a wofi awosu mu nim nyinaa te sɛ mmoa a wonni adwene,+ na saa nneɛma yi ara mu na wɔkɔ so sɛe+ wɔn ho. 11  Wonnue, efisɛ wɔafa Kain kwan so,+ na mfaso nti, wɔde ahopere akɔfa Balaam kwammɔne no so,+ na wɔasɛe wɔ Kora+ atuatew kasa no mu!+ 12  Eyinom ne abotan a ahintaw nsu ase a wɔne mo bom didi wɔ mo dɔ adidi ase,+ nguanhwɛfo a wodwen wɔn ankasa yafunu ho a wonsuro ade;+ amununkum a nsu nnim+ a mframa+ de di akɔneaba; nnua a twabere adu nanso ɛnsow aba, awuwu mprenu, ne ntini atutu;+ 13  ɛpo asorɔkye a ehuru kutukutu puw wɔn ankasa aniwude;+ nsoromma a ekyinkyin kɛkɛ, a wɔakora esum kabii ama wɔn daa.+ 14  Yiw, Enok+ a ɔto Adam so ason wɔ awo ntoatoaso mu nso hyɛɛ wɔn ho nkɔm bere a ɔkae sɛ: “Hwɛ! Yehowa de n’ahotefo mpempem pii bae+ 15  bebuu nnipa nyinaa atɛn,+ na oyii amumɔyɛfo nyinaa ntɛn wɔ wɔn amumɔyɛde a wɔyɛe wɔ amumɔyɛ so, ne ahodwirisɛm a nnebɔneyɛfo amumɔyɛfo ka too no so no nyinaa ho.”+ 16  Saa nnipa yi yɛ anwiinwiifo,+ wɔn a nea wɔwɔ biara nsɔ wɔn ani, wɔnantew wɔn ankasa akɔnnɔ mu,+ na wɔn ano ka akokurokosɛm,+ bere a wɔhoahoa nnipa+ de pɛ wɔn ankasa mfaso. 17  Adɔfo, mo fam de, monkae nsɛm a yɛn Awurade Yesu Kristo asomafo no ka too hɔ no,+ 18  sɛnea na wɔka kyerɛ mo sɛ: “Bere a edi akyiri mu no, afɛwdifo a wodi wɔn ankasa akɔnnɔ bɔne akyi bɛba.”+ 19  Eyinom ne wɔn a wɔde mpaapaemu ba,+ nnipa a wodi ɔhonam akɔnnɔ akyi,+ a wonnwen honhom mu nneɛma ho.+ 20  Na mo de, adɔfo, bere a morenyin+ wɔ mo gyidi kronkron mu,+ na mobɔ mpae wɔ honhom kronkron mu no,+ 21  momfa mo ho nsie Onyankopɔn dɔ mu,+ bere a motwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo mmɔborɔhunu+ a ɛkɔ daa nkwa mu no.+ 22  Afei nso, monkɔ so nyi mmɔborɔhunu+ adi nkyerɛ ebinom a wɔn adwenem yɛ wɔn nãã no;+ 23  munhwim wɔn mfi ogya+ mu nkɔ nkwa mu.+ Na ebinom nso monkɔ so nhu wɔn mmɔbɔ osuro mu, na munkyi atade a ɔhonam akeka mu no mpo.+ 24  Afei nea otumi bɔ mo ho ban+ fi hintiduato mu na moayɛ nnipa a wonni dɛm+ n’anuonyam anigye kɛse no mu, 25  yɛn Agyenkwa+ Nyankopɔn koro no, anuonyam,+ kɛseyɛ, tumi+ ne ahoɔden+ mfa yɛn Awurade Yesu Kristo+ so nka no mmeresanten+ ne nnɛ ne daa.+ Amen.+

Ase Hɔ Nsɛm