Beresosɛm Nhoma a Edi Kan 1:1-54

  • Efi Adam so kosi Abraham so (1-27)

  • Abraham asefo (28-37)

  • Edomfo ne wɔn ahemfo, ne wɔn abusua mpanyimfo (38-54)

1  Adam,Set,+Enos,  Kenan,Mahalalel,+Yared,+  Enok,+Metusala,Lamek,+  Noa,+Sem,+ Ham, ne Yafet.+  Yafet mma ne Gomer, Magog, Madai, Yawan, Tubal,+ Mesek,+ ne Tira.+  Gomer mma ne Askenas, Rifat, ne Togarma.+  Yawan mma ne Elisah, Tarsis, Kitim, ne Rodanim.  Ham mma ne Kus,+ Misraim, Put, ne Kaanan.+  Kus mma ne Seba,+ Hawila, Sabta, Raama,+ ne Sabteka. Raama mma ne Saba ne Dedan.+ 10  Kus woo Nimrod.+ Ɔno na ɔbɛyɛɛ otumfo a odi kan wɔ asaase so. 11  Misraim woo Ludim,+ Anamim, Lehabim, Naftuhim,+ 12  Patrusim,+ Kasluhim (wɔn asefo ne Filistifo,)+ ne Kaftorim.+ 13  Kaanan woo Sidon+ a ɔyɛ ne ba panyin, ne Het,+ 14  ne afei Yebusifo,+ Amorifo,+ Girgasifo,+ 15  Hiwifo,+ Arkifo, Sinfo, 16  Awadfo,+ Semarifo, ne Hamatfo. 17  Sem mma ne Elam,+ Asur,+ Arfaksad, Lud, ne Aram,ne* Us, Hul, Geta, ne Mas.+ 18  Arfaksad woo Sela,+ na Sela nso woo Eber. 19  Eber woo mma baanu. Ɔbaako din de Peleg,*+ efisɛ ne bere so na nnipa mu kyekyɛe wɔ asaase so.* Ne nua din de Yoktan. 20  Yoktan woo Almodad, Selef, Hasarmawet, Yera,+ 21  Hadoram, Usal, Dikla, 22  Obal, Abimael, Saba, 23  Ofir,+ Hawila,+ ne Yobab. Eyinom nyinaa yɛ Yoktan mma. 24  Sem,Arfaksad,Sela, 25  Eber,Peleg,+Reu,+ 26  Serug,+Nahor,+Tera,+ 27  Abram a ɔno ara ne Abraham.+ 28  Abraham mma ne Isak+ ne Ismael.+ 29  Wɔn mmusua din ni: Ismael ba panyin ne Nebaiot,+ na wɔn a wodi hɔ ne Kedar,+ Adbeel, Mibsam,+ 30  Misma, Duma, Masa, Hadad, Tema, 31  Yetur, Nafis, ne Kedema. Eyinom ne Ismael mma. 32  Abraham mpena* Ketura+ mma ne Simran, Yoksan, Medan, Midian,+ Yisbak, ne Suha.+ Yoksan mma ne Saba ne Dedan.+ 33  Midian woo Efa,+ Efer, Hanok, Abida, ne Eldaa. Eyinom nyinaa yɛ Ketura mma. 34  Abraham woo Isak.+ Isak mma ne Esau+ ne Israel.+ 35  Esau mma ne Elifas, Reuel, Yeus, Yalam, ne Kora.+ 36  Elifas mma ne Teman,+ Omar, Sefo, Gatam, Kenas, Timna, ne Amalek.+ 37  Reuel mma ne Nahat, Sera, Samma, ne Misa.+ 38  Seir+ mma ne Lotan, Sobal, Sibeon, Anah, Dison, Eser, ne Disan.+ 39  Lotan mma ne Hori ne Homam. Lotan nuabea ne Timna.+ 40  Sobal mma ne Alwan, Manahat, Ebal, Sefo, ne Onam. Sibeon mma ne Aiya ne Anah.+ 41  Anah ba* ne Dison. Dison mma ne Hemdan, Esban, Yitran, ne Keran.+ 42  Eser+ mma ne Bilhan, Saawan, ne Akan. Disan mma ne Us ne Aran.+ 43  Ahemfo a wodii Edom+ asaase so ansa na Israelfo*+ rebenya ɔhene adi wɔn so ni: Beor ba Bela; ná ne kurow din de Dinhaba. 44  Bela wui no, Sera a ofi Bosra+ ba Yobab bedii n’ade. 45  Bere a Yobab wui no, Husam a ofi Temanfo asaase so no bedii n’ade. 46  Husam wui no, Bedad ba Hadad a odii Midianfo so nkonim wɔ Moab asaase so no bedii n’ade, na na ne kurow din de Awit. 47  Hadad wui no, Samla a ofi Masreka bedii n’ade. 48  Bere a Samla wui no, Saul a ofi Rehobot a ɛwɔ Asubɔnten no ho no bedii n’ade. 49  Saul wui no, Akbor ba Baal-Hanan bedii n’ade. 50  Bere a Baal-Hanan wui no, Hadad bedii n’ade; ná ne kurow din de Pau. Ná ne yere de Mehetabel, na Mesahab ba Matred na ɔwoo no. 51  Akyiri yi Hadad wui. Edom abusua mpanyimfo din ni: Abusuapanyin Timna, Abusuapanyin Alwa, Abusuapanyin Yetet,+ 52  Abusuapanyin Oholibama, Abusuapanyin Ela, Abusuapanyin Pinon, 53  Abusuapanyin Kenas, Abusuapanyin Teman, Abusuapanyin Mibsar, 54  Abusuapanyin Magdiel, ne Abusuapanyin Iram. Eyinom ne Edom abusua no mpanyimfo.

Ase Hɔ Nsɛm

Aram mma na edidi so yi. Hwɛ Ge 10:23.
Ɛkyerɛ, “Nkyekyɛm.”
Anaa “asaase mu kyekyɛe.”
Tete mmere mu no, na ɛyɛ ɔbea a ɔto aware so, kyerɛ sɛ, ɔbea a obi aware no aka ne yere ho.
Nt., “mma no bi.”
Nt., “Israel mma.”