Beresosɛm Nhoma a Edi Kan 10:1-14

  • Saul ne ne mma wu ho asɛm (1-14)

10  Ná Filistifo ne Israelfo reko, na Israel mmarima guan fii Filistifo no anim, na wɔn mu bebree wuwui wɔ Gilboa Bepɔw so.+ 2  Filistifo no tuu wɔn ani sii Saul ne ne mma so,* na Filistifo no kum Yonatan, Abinadab, ne Malki-Sua+ a wɔyɛ Saul mma. 3  Ɔko no mu yɛɛ den maa Saul, na eduu baabi no, agyantofo no huu no, na wɔtow agyan wɔɔ no piraa no.+ 4  Ɛnna Saul ka kyerɛɛ ne somfo a okura n’akode no sɛ: “Twe wo sekan fa kum me na momonotofo* yi ammɛyɛ me aninyanne.”*+ Nanso ne somfo no ampɛ sɛ ɔyɛ saa, efisɛ na ehu aka no paa. Enti Saul faa sekan no na ogyaa ne ho kɔwɔɔ so.+ 5  Bere a ne somfo no hui sɛ Saul awu no, ɔno nso gyaa ne ho wɔɔ ne sekan so wui. 6  Enti Saul ne ne mma mmarima baasa ne ne fifo a wɔka ne ho nyinaa wuwui.+ 7  Bere a Israelfo a wɔwɔ asaasetraa no so* nyinaa hui sɛ obiara aguan, na Saul ne ne mma nso awuwu no, woguan fii wɔn nkurow mu; ɛnna Filistifo no bɛtenatenaa hɔ. 8  Ade kyee no, Filistifo no bae sɛ wɔrebeyiyi awufo no ho nneɛma, na wokopuee Saul ne ne mma no so sɛ wɔawuwu gu Gilboa Bepɔw so.+ 9  Ɛnna woyiyii ne ho nneɛma, na wotwaa ne ti faa n’akotaade,* na wɔsoma kɔɔ Filistifo asaase so baabiara kɔbɔɔ wɔn abosom+ ne ɔmanfo amanneɛ. 10  Afei wɔde n’akotaade no koguu wɔn nyame fi,* na wɔde ne tikora kɔsɛn Dagon fi.+ 11  Bere a nnipa a wɔwɔ Yebes+ a ɛwɔ Gilead nyinaa tee nea Filistifo de ayɛ Saul no,+ 12  akofo no nyinaa sɔre kɔfaa Saul ne ne mma amu, na wɔde baa Yebes besiee wɔn nnompe wɔ odupɔn a ɛwɔ Yebes+ no ase, na wɔyɛɛ akɔnkyen* nnanson. 13  Saa na ɛyɛe a Saul wui efisɛ wanni Yehowa nokware, na wantie Yehowa asɛm;+ afei nso ɔkɔɔ abisa wɔ ɔdebisafo hɔ+ 14  sen sɛ ɔbɛhwehwɛ Yehowa akyi kwan. Enti okum no, na ɔde ahenni no maa Yese+ ba Dawid.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “bɔ pinii Saul ne ne mma.”
Anaa “wɔn a wontwaa wɔn dua.”
Anaa “ayayade.”
Anaa “bon no mu.”
Anaa “n’akode.”
Anaa “asɔredan mu.”
Anaa “wodii mmuada.”