Beresosɛm Nhoma a Edi Kan 13:1-14

  • Wɔkɔfaa Adaka no fii Kiriat-Yearim (1-14)

    • Onyankopɔn bɔɔ Ussa kum no (9, 10)

13  Dawid ne apem apem ne ɔhaha so ahwɛfo ne mpanyimfo no nyinaa tuu agyina.+  Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Israel asafo no nyinaa sɛ: “Sɛ eye wɔ mo ani so na sɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn pene so a, momma yɛnsoma nkɔka nkyerɛ yɛn nuanom a wɔaka wɔ Israel asaase so nyinaa, ne asɔfo ne Lewifo a wɔwɔ wɔn nkurow mu+ ne ɛho nsaase a mmoa didi so no so sɛ wɔmmɛka yɛn ho,  na yɛnsan nkɔfa yɛn Nyankopɔn Adaka+ no mmra.” Nea ɛte ne sɛ, Saul bere so no,+ ɛho asɛm anhia wɔn.  Asafo no nyinaa penee so, efisɛ na eye wɔ ɔman no nyinaa ani so.  Enti Dawid boaboaa Israel nyinaa ano fi Egypt asubɔnten no* ho kosii Lebo-Hamat*+ sɛ wɔrekɔfa nokware Nyankopɔn no Adaka no afi Kiriat-Yearim+ aba.  Ɛnna Dawid ne Israel nyinaa kɔɔ Baala,+ kyerɛ sɛ, Kiriat-Yearim a ɛwɔ Yuda sɛ wɔrekɔfa nokware Nyankopɔn Yehowa a ɔte kerubim so*+ no Adaka a ne din da so no aba.  Nanso bere a wɔkɔfaa nokware Nyankopɔn no Adaka no fii Abinadab fi no, teaseɛnam foforo+ bi so na wɔde sii; Ussa ne Ahio na wodii teaseɛnam no anim.+  Dawid ne Israel nyinaa de nnwom, asanku, asankuten, mpintin,+ nnawuru,*+ ne ntorobɛnto+ dii ahurusi kɛse wɔ nokware Nyankopɔn no anim.  Nanso bere a woduu Kidon awiporowbea hɔ no, Ussa teɛɛ ne nsa soo Adaka no mu, efisɛ anka anantwi no redan ahwe hɔ. 10  Ɛhɔ ara na Yehowa bo fuw Ussa, na ɔbɔɔ no hwee fam sɛ ɔteɛɛ ne nsa kaa Adaka no,+ na owui wɔ Onyankopɔn anim.+ 11  Ɛnna Dawid bo fuwii* sɛ Yehowa abufuw apae agu Ussa so. Wɔfrɛɛ hɔ Peres-Ussa,* na saa na wɔafrɛ hɔ de besi nnɛ. 12  Ɛmaa Dawid suroo nokware Nyankopɔn no saa da no, na ɔkae sɛ: “Mɛyɛ dɛn de nokware Nyankopɔn no Adaka no aba me nkyɛn?”+ 13  Enti Dawid amfa Adaka no amma ne nkyɛn wɔ Dawid Kurow mu; mmom ɔma wɔde kɔɔ Gatni Obed-Edom fi. 14  Nokware Nyankopɔn no Adaka no dii abosome abiɛsa wɔ Obed-Edom fi, na Yehowa kɔɔ so hyiraa Obed-Edom fi ne nea ɔwɔ nyinaa.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Egypt Sihor.”
Anaa “Hamat kwan ano.”
Ebetumi nso akyerɛ, “kerubim ntam.”
Hebri asɛmfua no kyerɛ nnade ntraantraa abien a wɔde bɔ nnwom. Wɔde bom a, egyigye kyan-kyan.
Anaa “ɛhaw Dawid.”
Ɛkyerɛ, “Abufuw a Ɛpae Guu Ussa So.”