Beresosɛm Nhoma a Edi Kan 14:1-17

  • Dawid ahenni timii (1, 2)

  • Dawid abusua (3-7)

  • Filistifo dii nkogu (8-17)

14  Tiro hene Hiram+ tuu abɔfo kɔɔ Dawid nkyɛn, na ɔde sida nnua ne abantofo ne dua adwumfo kɔe sɛ wonkosi ofi* mma no.+  Dawid behui sɛ Yehowa ama n’ahenni atim wɔ Israel so,+ na Onyankopɔn man Israel nti,+ wama n’ahenni so.  Dawid san waree mmea foforo+ wɔ Yerusalem, na Dawid san woo mma mmarima ne mma mmea+ wɔ hɔ nso.  Ne mma a ɔwoo wɔn wɔ Yerusalem no din ni:+ Sammua, Sobab, Natan,+ Solomon,+  Ibhar, Elisua, Elpelet,  Noga, Nefeg, Yafia,  Elisama, Beeliada, ne Elifelet.  Bere a Filistifo no tee sɛ wɔasra Dawid asi no hene wɔ Israel nyinaa so+ no, wɔn nyinaa bae sɛ wɔne Dawid rebɛko.+ Dawid tee no, ofii adi kɔɔ wɔn so.  Ɛnna Filistifo no bae, na wɔbɛtow hyɛɛ nnipa a wɔwɔ Refaim Bon mu*+ no so. 10  Dawid bisaa Onyankopɔn sɛ: “Menkɔ Filistifo no so anaa? Wode wɔn bɛhyɛ me nsa?” Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ, na ɔkwan biara so mede wɔn bɛhyɛ wo nsa.”+ 11  Enti Dawid kɔɔ Baal-Perasim,+ na okokunkum wɔn wɔ hɔ. Ɛnna Dawid kae sɛ: “Nokware Nyankopɔn no nam me nsa so abu afa m’atamfo so sɛnea nsu bu fa nneɛma so no.” Ɛno nti na wɔfrɛɛ hɔ Baal-Perasim* no. 12  Filistifo no gyaw wɔn anyame hɔ kɔe, na Dawid ma wɔde ogya hyewee.+ 13  Akyiri yi, Filistifo no san bɛtow hyɛɛ nnipa a wɔwɔ bon no mu*+ so bio. 14  Dawid san bisaa Onyankopɔn, nanso nokware Nyankopɔn no ka kyerɛɛ no sɛ: “Nkohyia wɔn. Kɔ na kofi wɔn akyi bra, na tow hyɛ wɔn so wɔ baka* nnua no anim.+ 15  Ɛba sɛ wote nnyigyei a ɛte sɛ nnipadɔm nantew wɔ baka nnua no so a, kɔ wɔn so, efisɛ ɛno bɛkyerɛ sɛ nokware Nyankopɔn no adi w’anim rekokunkum Filistifo asraafo no.”+ 16  Enti Dawid yɛɛ nea nokware Nyankopɔn no kae no pɛpɛɛpɛ,+ na wokunkum Filistifo asraafo fi Gibeon kosii Geser.+ 17  Dawid ho asɛm trɛw kɔɔ nsaase nyinaa so, na Yehowa maa ne ho hu tɔɔ aman nyinaa so.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “ahemfi.”
Anaa “Asaasetraa so.”
Ɛkyerɛ, “Mmu-fa-so Hene.”
Anaa “asaasetraa so no.”
Edin “baka” no fi Hebri kasa mu, na wonnim dua ko pɔtee.