Beresosɛm Nhoma a Edi Kan 15:1-29

  • Lewifo soaa Adaka no kɔɔ Yerusalem (1-29)

    • Mikal buu Dawid animtiaa (29)

15  Na osisii adan pii wɔ Dawid Kurow mu; afei nso osiesiee baabi maa nokware Nyankopɔn no Adaka no, na osii ntamadan a ɔde besi mu.+  Saa bere no, Dawid kae sɛ: “Obiara nni hokwan sɛ ɔsoa nokware Nyankopɔn no Adaka no, gye Lewifo no, efisɛ wɔn na Yehowa apaw wɔn sɛ wɔnsoa Yehowa Adaka no na wɔnsom no daa.”+  Ɛnna Dawid boaboaa Israel nyinaa ano wɔ Yerusalem sɛ wɔnkɔfa Yehowa Adaka no mmra faako a wasiesie no.+  Aaron asefo+ ne Lewifo+ a Dawid boaboaa wɔn ano ni:  Kohat asefo no ne otitiriw Uriel ne ne nuanom 120;  Merari asefo no ne otitiriw Asaia+ ne ne nuanom 220;  Gersom asefo no ne otitiriw Yoel+ ne ne nuanom 130;  Elisafan+ asefo no ne otitiriw Semaia ne ne nuanom 200;  Hebron asefo no ne otitiriw Eliel ne ne nuanom 80; 10  Usiel+ asefo no ne otitiriw Aminadab ne ne nuanom 112. 11  Afei nso, Dawid frɛɛ ɔsɔfo Sadok+ ne ɔsɔfo Abiatar,+ ne Lewifo Uriel, Asaia, Yoel, Semaia, Eliel ne Aminadab, 12  na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mone Lewifo agyanom abusuafi mpanyimfo. Mo ne mo nuanom nnwira mo ho, na monkɔfa Yehowa, Israel Nyankopɔn Adaka no mmra faako a masiesie sɛ yɛmfa nsi no. 13  Yɛkɔfaa no kan no moansoa,+ ɛno nti na Yehowa yɛn Nyankopɔn abufuw baa yɛn so no;+ yɛanni akwankyerɛ no so.”+ 14  Enti asɔfo ne Lewifo no dwiraa wɔn ho sɛ wɔrekɔfa Yehowa, Israel Nyankopɔn Adaka no aba. 15  Ɛnna Lewifo no de nokware Nyankopɔn no Adaka no nnua hyehyɛɛ mu,+ na wɔde sii wɔn mmati soaa no sɛnea Mose nam Yehowa asɛm so kae no. 16  Afei Dawid ka kyerɛɛ Lewifo atitiriw no sɛ wɔmma wɔn nuanom nnwontofo no mfa wɔn nnwonto nneɛma te sɛ nnawuru*+ ne asanku+ ahorow nyinaa bi, na wɔmfa anigye nto dwom. 17  Enti Lewifo no paw Yoel ba Heman+ ne ne nuanom Berekia ba Asaf+ ne Kusaia ba Etan+ a ofi Merari asefo mu; 18  wɔne wɔn nuanom a wɔwɔ kuw a ɛto so abien no mu,+ Sakaria, Ben, Yaasiel, Semiramot, Yehiel, Uni, Eliab, Benaia, Maaseia, Matitia, Elifelehu, ne Mikneia; ɛne Obed-Edom ne Yeiel a wɔyɛ apon ano ahwɛfo. 19  Nnwontofo no ne Heman,+ Asaf+ ne Etan; wɔn na woyii wɔn sɛ wɔmmɔ nnawuru a wɔde kɔbere ayɛ;+ 20  ɛne Sakaria, Asiel, Semiramot, Yehiel, Uni, Eliab, Maaseia, ne Benaia; wɔn na wokurakura asanku a wɔbɔ wɔ Alamot* so;+ 21  ɛne Matitia,+ Elifelehu, Mikneia, Obed-Edom, Yeiel, ne Asasia. Wɔn na wokurakura asanku a wɔbɔ wɔ Seminit* so;+ wɔyɛ dwom kyerɛfo. 22  Kenania+ na na ɔda Lewifo a wɔsoa Adaka no ano; ɔno na ɔkyerɛɛ wɔn sɛnea wɔnsoa no, efisɛ na waben wom; 23  ná Berekia ne Elkana nso yɛ apon ano ahwɛfo a wɔwɛn Adaka no. 24  Sebania, Yosafat, Netanel, Amasai, Sakaria, Benaia, ne Elieser yɛ asɔfo a na wɔhyɛn ntorobɛnto denneennen wɔ nokware Nyankopɔn no Adaka no anim;+ ná Obed-Edom ne Yehia nso yɛ apon ano ahwɛfo a wɔwɛn Adaka no. 25  Ɛnna Dawid ne Israel mpanyimfo ne apem apem so ahwɛfo no de ahurusi+ bɔɔ anan kɔfaa Yehowa apam adaka no fii Obed-Edom fi.+ 26  Bere a nokware Nyankopɔn no boaa Lewifo a wɔsoaa Yehowa apam adaka no, wɔde anantwinini nkumaa ason ne adwennini ason bɔɔ afɔre.+ 27  Saa bere no, na Dawid hyɛ nwera ataade a ɛyɛ nsasin; ɔne Lewifo a wɔso Adaka no nyinaa ne nnwontofo no ne Kenania, ɔpanyin a odi anim ma nnwontofo soa Adaka no; ná Dawid hyɛ nwera efɔd*+ nso. 28  Ná Israelfo nyinaa nam kwan so de Yehowa apam adaka no reba; wɔbɔɔ ose,+ na wɔhyɛn mmɛn ne ntorobɛnto,+ bɔɔ nnawuru ne asanku ahorow nyinaa bi denneennen.+ 29  Nanso bere a wɔde Yehowa apam adaka no duu Dawid Kurow+ mu no, Saul babea Mikal+ hwɛɛ mfɛnsere mu hui sɛ Ɔhene Dawid rehuruhuruw saw, na obuu ɔhene no animtiaa wɔ ne komam.+

Ase Hɔ Nsɛm

Hebri asɛmfua no kyerɛ nnade ntraantraa abien a wɔde bɔ nnwom. Wɔde bom a, egyigye kyan-kyan.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ɛyɛ ataade bi a na asɔfo hyɛ gu wɔn ntaade so. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.