Beresosɛm Nhoma a Edi Kan 17:1-27

  • Ɛnyɛ Dawid na obesi asɔrefi no (1-6)

  • Ɔne Dawid yɛɛ ahenni apam (7-15)

  • Dawid aseda mpaebɔ (16-27)

17  Bere a Dawid bɛtenaa ne fi* ara pɛ na ɔka kyerɛɛ odiyifo Natan+ sɛ: “Hwɛ, me de, mete ofi a wɔde sida nnua asi+ mu, nanso Yehowa apam adaka no si ntamadan mu.”+  Ɛnna Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Nea ɛda wo koma so biara, yɛ, na nokware Nyankopɔn no di w’akyi.”  Saa anadwo no ara, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Natan sɛ:  “Kɔ na kɔka kyerɛ m’akoa Dawid sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni: “Ɛnyɛ wo na wubesi ofi ama matena mu.+  Efi da a miyii Israel bae de besi nnɛ, mentenaa ofi mu da, ntamadan mu ara na matena; mitu fi ha a, na mekɔ ha.*+  Efi bere a me ne Israelfo nyinaa nantewee yi, da bɛn na mibisaa Israel atemmufo a mepaw wɔn sɛ wɔnyɛn me man no mu baako mpo sɛ ‘Adɛn nti na momfaa sida dua nsii ofi mmaa me?’”’  “Afei ka kyerɛ m’akoa Dawid sɛ, ‘Nea asafo Yehowa aka ni: “Me na miyii wo fii mmoa adidibea sɛ gyae mmoa so hwɛ na bedi me man Israel anim.+  Baabiara a wobɛkɔ nso medi w’akyi,+ na mɛpra* w’atamfo nyinaa afi w’anim,+ na mama woanya din te sɛ asaase so atitiriw.+  Mesiesie baabi ama me man Israel na mede wɔn akodua hɔ; ɛhɔ na wɔbɛtena, na biribiara renhaw wɔn adwene bio. Amumɔyɛfo biara renhyɛ wɔn so* bio sɛ kan no,+ 10  efi bere a mede atemmufo sisii me man Israel so no.+ Mɛbrɛ w’atamfo nyinaa ase.+ Na mise wo sɛ, ‘Yehowa bɛkyekye ofi* ama wo.’ 11  “‘“Sɛ wo nkwa nna ba awiei na wo ne w’agyanom kɔda a, w’akyi no mɛma w’aseni* bi so, wo mma no mu baako,+ na mɛma n’ahenni atim.+ 12  Ɔno na obesi ofi ama me,+ na mɛma n’ahengua atim afebɔɔ.+ 13  Mɛyɛ n’agya, na ɔno nso ayɛ me ba;+ merenyi me dɔ a enni huammɔ mfi no so+ sɛnea miyi fii nea odii wo kan no so no.+ 14  Mede no besi me fi ne m’ahenni so afebɔɔ,+ na n’ahengua nso betim afebɔɔ.”’”+ 15  Natan kaa nsɛm yi ne anisoadehu no nyinaa kyerɛɛ Dawid. 16  Ɛnna Ɔhene Dawid bɛtenaa Yehowa anim, na ɔkae sɛ: “O Yehowa Nyankopɔn, me ne hena? Na me fi yɛ dɛn a wode me abedu ha yi?+ 17  O Onyankopɔn, eyi nyinaa akyi, woasan aka nea daakye-daakye ɛbɛba w’akoa fi so,+ na woabu me sɛ onipa a ɔfata nidi pii,* O Yehowa Nyankopɔn. 18  Dɛn bio na w’akoa Dawid nka wɔ anuonyam a wode ahyɛ me yi ho? Wunim w’akoa yiye.+ 19  O Yehowa, nea wo koma pɛ* ne w’akoa nti na woayɛ nneɛma akɛse yi nyinaa na woakyerɛ sɛ woyɛ kɛse.+ 20  O Yehowa, obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo,+ na Onyame biara nni hɔ sɛ wo;+ nea yɛde yɛn aso ate afa wo ho nyinaa kyerɛ saa. 21  Na ɔman bɛn bio na ɛwɔ asaase so a ɛte sɛ wo man Israel?+ Nokware Nyankopɔn, wo na wugyee wɔn de wɔn yɛɛ wo man.+ Woyɛɛ anwonwade akɛse a ɛyɛ hu de gyee din;+ wopam amanaman fii wo man a wugyee wɔn fii Egypt no anim.+ 22  Wode wo nkurɔfo Israel yɛɛ wo man afebɔɔ,+ na wo Yehowa, wobɛyɛɛ wɔn Nyankopɔn.+ 23  Afei Yehowa, ma ɛbɔ a woahyɛ w’akoa ne ne fi no ntim afebɔɔ, na yɛ sɛnea woaka no.+ 24  Ma wo din nnyina* na ɛnyɛ kɛse+ daa, na nkurɔfo nka sɛ, ‘Israel Nyankopɔn, asafo Yehowa, ɔno ne Onyankopɔn ma Israel,’ na ma w’akoa Dawid ase ntim wɔ w’anim.+ 25  Me Nyankopɔn, wo na woayi no adi akyerɛ w’akoa sɛ woabɔ wo tirim sɛ wobɛkyekye ofi* ama no. Ɛno nti na w’akoa atumi agyina w’anim rebɔ saa mpae yi. 26  Na afei Yehowa, wone nokware Nyankopɔn no, na nneɛma pa yi nyinaa, wo na wode ahyɛ w’akoa bɔ. 27  Enti ma ɛnyɛ wo fɛ na hyira w’akoa fi na ɛntena w’anim daa; efisɛ wo Yehowa, wo na woahyira so, na ebenya nhyira daa.”

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “n’ahemfi.”
Ebetumi akyerɛ “mifi ntamadan mu a, na mekɔ ntamadan mu, na mifi tenabea baako a, na mekɔ tenabea foforo.”
Nt., “metwa.”
Nt., “renhyɛ wɔn ahometew.”
Anaa “adehye abusua.”
Nt., “w’aba.”
Anaa “ɔwɔ dibea kɛse.”
Anaa “sɛnea wo pɛ te.”
Anaa “ntena hɔ.”
Anaa “adehye abusua.”