Beresosɛm Nhoma a Edi Kan 19:1-19

  • Ammonfo guu Dawid nkoa anim ase (1-5)

  • Wodii Ammon ne Siria so nkonim (6-19)

19  Akyiri yi, Ammonfo hene Nahas wui, na ne ba bedii n’ade.+ 2  Ɛnna Dawid kae sɛ: “Mɛda ɔdɔ a enni huammɔ adi+ akyerɛ Nahas ba Hanun, efisɛ ne papa daa ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛɛ me.” Enti Dawid somaa nkurɔfo sɛ wɔnkɔkyekye ne werɛ, ne papa wu no ho. Nanso bere a Dawid nkoa no kɔɔ Ammonfo+ asaase so sɛ wɔrekɔkyekye Hanun werɛ no, 3  Ammon mpanyimfo bisaa Hanun sɛ: “Wugye di sɛ Dawid pɛ sɛ odi wo papa ni nti na wasoma sɛ wɔmmɛkyekye wo werɛ yi? Wunnye nni sɛ ɔrepɛ ɔkwan a ɔbɛfa so adi wo so nkonim nti na wasoma ne nkoa aba wo nkyɛn sɛ wɔmmɛsra asaase yi na wɔnhwɛ sɛnea ɛte?” 4  Enti Hanun kyeree Dawid nkoa no yii wɔn abogyesɛ,+ na otwitwaa wɔn ntaade so besii wɔn to, na ɔma wɔkɔe. 5  Bere a nkurɔfo kɔkaa nea ato mmarima no kyerɛɛ Dawid no, ɛhɔ ara na ɔsoma kohyiaa wɔn esiane animguase kɛse a ato wɔn nti; na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Montena Yeriko+ nkosi sɛ mo abogyesɛ bɛsan afuw ansa na moasan aba.” 6  Akyiri yi, Ammonfo no hui sɛ wɔahyɛ Dawid abufuw.* Ɛno nti Hanun ne Ammonfo no de dwetɛ dwetikɛse* 1,000 kogyee nteaseɛnam ne nnipa a wɔtete apɔnkɔ so fii Mesopotamia* ne Aram-Maaka ne Soba.+ 7  Nteaseɛnam a wokogyei no yɛ 32,000, na Maaka hene ne ne nkurɔfo bɛkaa wɔn ho. Ɛnna wɔbɛsoɛe wɔ Medeba.+ Ammonfo no fi wɔn nkurow mu kɔboaboaa wɔn ho ano sɛ wɔrebɛko. 8  Dawid tee no, ɔmaa Yoab+ ne asraafo no nyinaa ne mmarima a wonim ko paa+ no kohyiaa wɔn. 9  Na Ammon akofo kɔboaa wɔn ho ano wɔ kurotia, na ahemfo a wɔbae no kogyinagyinaa petee mu. 10  Bere a Yoab hui sɛ dɔm a wɔreba no so no bi wɔ n’anim ne n’akyi no, ɔpaw Israel mmarima a wonim ko paa no bi, na wɔboaa wɔn ho ano kohyiaa Siriafo no.+ 11  Ɔde dɔm a aka no hyɛɛ ne nua Abisai+ nsa sɛ ɔne wɔn nkɔ akono nkohyia Ammonfo no. 12  Ɛnna ɔkae sɛ: “Sɛ Siriafo+ no ahoɔden boro me so a, bra begye me, na sɛ Ammonfo ahoɔden boro wo so a, me nso mɛba abegye wo. 13  Ma yɛnyɛ den na yɛmfa akokoduru nko+ mma yɛn man ne yɛn Nyankopɔn nkurow, na Yehowa bɛyɛ nea eye wɔ n’ani so.” 14  Ɛnna Yoab ne ne dɔm no kɔɔ wɔn anim kohyiaa Siriafo no wɔ ɔko no mu, na woguan fii n’anim.+ 15  Bere a Ammonfo no hui sɛ Siriafo aguan no, wɔn nso guan fii ne nua Abisai anim, na wɔsan kɔɔ kurow no mu. Akyiri yi, Yoab baa Yerusalem. 16  Bere a Siriafo no hui sɛ wɔadi nkogu wɔ Israelfo anim no, wotuu abɔfo sɛ wɔnkɔfa Siriafo a wɔwɔ Asubɔnten no* ho+ mmra, na Hadadeser sahene Sofak dii wɔn anim de wɔn bae.+ 17  Dawid tee ho asɛm ara pɛ, ɔboaboaa Israel nyinaa ano kotwaa Yordan sɛ wɔne wɔn rekɔko. Dawid de akofo kohyiaa Siriafo no, na wɔne no koe.+ 18  Nanso Siriafo no guan fii Israelfo anim, na Dawid kunkum Siriafo 7,000 a wɔtete nteaseɛnam mu ne asraafo 40,000 a wɔnam fam, na ɔsahene Sofak nso, okum no. 19  Bere a Hadadeser nkoa no hui sɛ wɔadi nkogu wɔ Israel anim no,+ ɛhɔ ara na wɔne Dawid yɛɛ asomdwoe apam, na wɔbɛhyɛɛ n’ase,+ na Siriafo anyɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛko agye Ammonfo bio.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “wɔn ho abɔn Dawid.”
Dwetikɛse baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.
Nt., “Aram-Naharaim.”
Kyerɛ sɛ, Eufrate.