Beresosɛm Nhoma a Edi Kan 2:1-55

  • Israel mma 12 no (1, 2)

  • Yuda asefo (3-55)

2  Israel mma ni:+ Ruben,+ Simeon,+ Lewi,+ Yuda,+ Isakar,+ Sebulon,+  Dan,+ Yosef,+ Benyamin,+ Naftali,+ Gad,+ ne Aser.+  Yuda mma ne Er, Onan, ne Sela. Nnipa baasa yi na Kaananni+ Sua babea wo maa no. Nanso Yuda abakan Er yɛɛ Yehowa ani so bɔne, enti okum no.+  Yuda asebea Tamar+ woo Peres+ ne Sera maa no. Yuda mma no nyinaa yɛ baanum.  Peres mma ne Hesron ne Hamul.+  Sera mma ne Simri, Etan, Heman, Kalkol, ne Dara. Wɔn nyinaa yɛ baanum.  Karmi ba* ne Akar;* ɔno na wanni nokware wɔ abusude a wɔkae sɛ wɔnsɛe no no+ ho, ma enti ɔkɔfaa mmusu* baa Israel so no.+  Etan ba* ne Asaria.  Hesron mma ne Yerameel,+ Ram,+ ne Kelubai.* 10  Ram woo Aminadab,+ na Aminadab woo Naason,+ Yuda asefo mu obirɛmpɔn no. 11  Naason woo Salma,+ na Salma woo Boas.+ 12  Boas woo Obed, na Obed woo Yese.+ 13  Yese abakan ne Eliab, Abinadab+ to so abien, Simea to so abiɛsa,+ 14  Netanel to so anan, Radai to so anum, 15  Osem to so asia, na Dawid+ to so ason. 16  Wɔn nua mmea ne Seruia ne Abigail;+ Seruia mma ne Abisai,+ Yoab+ ne Asahel;+ wɔyɛ baasa. 17  Abigail nso woo Amasa,+ na Amasa papa ne Ismaelni Yeter. 18  Hesron ba Kaleb* ne ne yere Asuba ne Yeriot woo mma mmarima; ne mma no ni: Yeser, Sobab ne Ardon. 19  Asuba wui no, Kaleb faa Efrat+ waree no, na ɔwoo Hur+ maa no. 20  Hur woo Uri, na Uri woo Besalel.+ 21  Ɛno akyi no, Hesron waree Gilead+ papa Makir+ babea bere a na Hesron adi mfe 60. Ɔne no dae, na wɔwoo Segub. 22  Segub woo Yair,+ na Yair nyaa nkurow 23 wɔ Gilead+ asaase so. 23  Akyiri yi, Gesurfo+ ne Siriafo+ gyee Hawot-Yair+ ne Kenat+ ne ɛho nkurow 60 fii wɔn nsam. Eyinom nyinaa yɛ Gilead agya Makir asefo. 24  Hesron+ wui wɔ Kaleb-Efrata. Ɛno akyi no, Hesron ne ne yere Abia woo Asur,+ Tekoa+ agya. 25  Hesron abakan Yerameel mma ni: Ram ne n’abakan, ne afei Buna, Oren, Osem, ne Ahiya. 26  Yerameel san waree ɔbea foforo; ná ne din de Atara. Ɔno na ɔwoo Onam. 27  Yerameel abakan Ram mma ne Maas, Yamin, ne Eker. 28  Onam mma ne Samai ne Yada. Na Samai mma ne Nadab ne Abisur. 29  Abisur yere din de Abihail; ɔno na ɔne no woo Ahban ne Molid. 30  Nadab mma ne Seled ne Apaim. Seled de, owui a wanwo mma. 31  Apaim ba* ne Yisi, Yisi ba* ne Sesan, na Sesan ba* ne Ahlai. 32  Samai nua Yada mma ne Yeter ne Yonatan. Yeter de, owui a wanwo mma. 33  Yonatan mma ne Pelet ne Sasa. Eyinom ne Yerameel asefo. 34  Sesan annya mma mmarima; mma mmea nkutoo na ɔwoe. Ná Sesan wɔ akoa bi a ɔyɛ Egyptni, na na wɔfrɛ no Yarha. 35  Sesan de ne babea maa n’akoa Yarha waree, na ɔne no woo Atai. 36  Atai woo Natan, na Natan woo Sabad. 37  Sabad woo Eflal, na Eflal woo Obed. 38  Obed woo Yehu, na Yehu woo Asaria. 39  Asaria woo Heles, na Heles woo Eleasa. 40  Eleasa woo Sismai, na Sismai woo Salum. 41  Salum woo Yekamia, na Yekamia woo Elisama. 42  Yerameel nua Kaleb*+ mma ni: N’abakan ne Mesa a ɔbɛyɛɛ Sif agya, ne Hebron agya Maresa mma. 43  Hebron mma ne Kora, Tapua, Rekem, ne Sema. 44  Sema woo Yorkeam agya Raham, na Rekem woo Samai. 45  Samai woo Maon, na Maon woo Bet-Sur.+ 46  Kaleb mpena* Efa woo Haran, Mosa, ne Gase. Haran woo Gase. 47  Yadai mma ne Regem, Yotam, Gesan, Pelet, Efa, ne Saaf. 48  Kaleb mpena Maaka woo Seber ne Tirhana. 49  Akyiri yi ɔwoo Madmana+ agya Saaf, ne Makbena agya Sewa, ne Gibea.+ Ná Kaleb+ babea din de Aksa.+ 50  Eyinom ne Kaleb asefo. Efrata+ abakan Hur+ mma ni: Kiriat-Yearim+ agya Sobal, 51  Betlehem+ agya Salma ne Bet-Gader agya Haref. 52  Kiriat-Yearim agya Sobal mma ni: Haroe ne Menuhot abusua no fã. 53  Kiriat-Yearim mmusua ne Yitrifo,+ Putifo, Sumatifo, ne Misraifo. Wɔn asefo ne Soratifo+ ne Estaolfo.+ 54  Salma mma ne Betlehemfo,+ Netofafo, Atrot-Bet-Yoabfo ne Manahatfo fã, ne Sorifo. 55  Akyerɛwfo mmusua a na wɔtete Yabes no ne Tirafo, Simeafo ne Sukafo. Eyinom ne Kenifo+ a wɔyɛ Rekab+ fi agya Hammat asefo.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “ɔhaw.”
Ɛkyerɛ, “Nea Ɔde Mmusu Ba; Mmusubɔfo.” Ɔno ara na wɔfrɛ no Akan wɔ Yos 7:1, 18 no.
Nt., “mma no bi.”
Nt., “mma no bi.”
Ɔno ara na wɔfrɛ no Kaleb wɔ nky. 18, 19, 42 no.
Ɔno ara na wɔfrɛ no Kelubai wɔ nky. 9 no.
Nt., “mma no bi.”
Nt., “mma no bi.”
Nt., “mma no bi.”
Ɔno ara na wɔfrɛ no Kelubai wɔ nky. 9 no.
Tete mmere mu no, na ɛyɛ ɔbea a ɔto aware so, kyerɛ sɛ, ɔbea a obi aware no aka ne yere ho.