Beresosɛm Nhoma a Edi Kan 20:1-8

  • Wɔko faa Raba (1-3)

  • Wokunkum Filistifo abran (4-8)

20  Afe no mfiase* a ahemfo taa kɔ ɔko no, Yoab+ dii asraafodɔm anim kɔtow hyɛɛ Ammonfo asaase so sɛee no, na okotwaa Raba+ ho hyiae. Dawid de, ɔtenaa Yerusalem,+ na Yoab tow hyɛɛ Raba so sɛee kurow no.+ 2  Ɛno akyi no, Dawid yii Malkam abotiri fii ne ti, na ohui sɛ emu duru yɛ sika kɔkɔɔ dwetikɛse* baako, na na aboɔden abo nso hyehyɛ mu, na wɔde hyɛɛ Dawid ti. Ɔsesaw nneɛma pii nso fii kurow no mu.+ 3  Ɔde emu nnipa nso bae, na ɔma wɔpaee abo, na wɔde nnade a ano yɛ nnam ne abonnua yɛɛ adwuma.+ Saa na Dawid yɛɛ Ammonfo nkurow nyinaa. Afei Dawid ne asraafodɔm no nyinaa san baa Yerusalem. 4  Eyi akyi no, Israelfo ne Filistifo koe wɔ Geser. Saa bere no, Husani Sibekai+ kum Sipai a ofi Refaim+ asefo mu no, na wodii Filistifo no so. 5  Wɔsan ne Filistifo no koe, na Yair ba Elhanan kum Gatni Goliat+ nua Lami; ɔno na na ne peaw te sɛ ntamanwemfo dua kɛse+ no. 6  Ɔko sii bio wɔ Gat;+ ná ɔbarima tenten kɛse bi+ wɔ hɔ a ne nsa abien no nyinaa wɔ nsateaa 6, na na ne nan abien no nyinaa nso wɔ nansoaa 6; ne nyinaa si 24. Ɔno nso, na ofi Refaim+ asefo mu. 7  Ná otwa Israel adapaa daa,+ enti Dawid nua Simea+ ba Yonatan kum no. 8  Eyinom yɛ Refaim+ asefo a wofi Gat,+ na Dawid ne ne nkoa kunkum wɔn.

Ase Hɔ Nsɛm

Kyerɛ sɛ, bere a nneɛma fefɛw.
Dwetikɛse baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.