Beresosɛm Nhoma a Edi Kan 22:1-19

  • Dawid boaboaa nneɛma a wɔde besi asɔrefi no ano (1-5)

  • Dawid maa Solomon akwankyerɛ (6-16)

  • Ɔka kyerɛɛ mpanyimfo no sɛ wɔmmoa Solomon (17-19)

22  Ɛnna Dawid kae sɛ: “Nokware Nyankopɔn Yehowa fi ni, na afɔremuka yi so na Israel bɛbɔ ɔhyew afɔre.”+ 2  Afei Dawid kae sɛ wɔmmoaboa ahɔho+ a wɔabɛtena Israel nyinaa ano, na ɔmaa wɔn adwuma sɛ wɔmpae abo na wonsen mfa nsi nokware Nyankopɔn no fi no.+ 3  Afei nso, Dawid siesiee nnade bebree a wɔde bɛyɛ apon ho nnadewa ne nea wɔde besuso nneɛma mu, ne kɔbere bebree a wontumi nkari,+ 4  ne sida nnua+ a enni ano, efisɛ Sidonfo+ ne Tirofo+ de sida nnua bebree brɛɛ Dawid. 5  Ɛnna Dawid kae sɛ: “Me ba Solomon yɛ abofra, na ne ho nkokwawee,*+ na ofi a wɔrebesi ama Yehowa no nso, ɛsɛ sɛ ɛyɛ ɔdan kɛse paa,+ na ɛyɛ fɛ na egye din+ wɔ asaase nyinaa so.+ Enti mɛboaboa nneɛma ano ama no.” Ɛno nti Dawid pɛɛ nneɛma pii de siei ansa na ɔrewu. 6  Afei nso, ɔfrɛɛ ne ba Solomon, na ɔka kyerɛɛ no sɛ onsi ofi mma Israel Nyankopɔn Yehowa. 7  Dawid ka kyerɛɛ ne ba Solomon sɛ: “Me de, na ɛda me koma so sɛ mesi ofi ama Yehowa me Nyankopɔn din.+ 8  Nanso nea Yehowa ka kyerɛɛ me ne sɛ, ‘Woahwie mogya pii agu, na woadi ako akɛse. Ɛnyɛ wo na wubesi ofi ama me din+ efisɛ woahwie mogya pii agu asaase so wɔ m’anim. 9  Hwɛ, wobɛwo ɔbabarima.+ Ɔbɛyɛ asomdwoe* nipa, na mɛma ne ho adwo no n’atamfo a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa nsam;+ wɔbɛfrɛ no Solomon,*+ na mɛma Israel anya asomdwoe na wɔn ho adwo wɔn wɔ ne bere so.+ 10  Ɔno na obesi ofi ama me din;+ ɔbɛyɛ me ba na me nso mayɛ n’agya.+ Mɛma n’ahenni agua atim Israel so afebɔɔ.’+ 11  “Enti afei me ba, Yehowa nni w’akyi na ensi wo yiye, na si Yehowa wo Nyankopɔn fi no sɛnea ɔka faa wo ho no.+ 12  Sɛ Yehowa ma wudi Israel so a, ɔmma wo nhumu ne ntease+ a wode bedi Yehowa wo Nyankopɔn mmara so.+ 13  Sɛ wohwɛ di ahyɛde ne atemmusɛm a Yehowa nam Mose so de maa Israel no so pɛpɛɛpɛ a, ɛnde ebewie wo yiye.+ Nya akokoduru na ma wo ho nyɛ den. Nsuro, na mmɔ hu.+ 14  Mamia m’ani paa aboaboa eyinom nyinaa ano de asie ama Yehowa fi no: sika kɔkɔɔ dwetikɛse* 100,000, dwetɛ dwetikɛse 1,000,000, ne kɔbere ne dade+ a ne dodow nti wontumi nkari. Masan asiesie nnua ne abo agu hɔ+ nanso ɛno de, pɛ bi ka ho. 15  Adwumayɛfo pii wɔ hɔ a wɔbɛboa wo: abopaefo ne abo ne nnua ho adwumfo+ ne nnipa a wɔn ho akokwaw wɔ adwuma biara mu.+ 16  Sika kɔkɔɔ ne dwetɛ ne kɔbere ne nnade no nni ano.+ Keka wo ho na fi adwuma no ase. Yehowa nni w’akyi.”+ 17  Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Israel mpanyimfo nyinaa sɛ wɔmmoa ne ba Solomon; ɔkae sɛ: 18  “Yehowa mo Nyankopɔn nka mo ho anaa? Ɛnyɛ ɔno na wama mo ho adwo mo afi aman a atwa mo ho ahyia nyinaa nsam? Ɔde asaase no sofo nyinaa ahyɛ me nsa, na Yehowa ne ne man adi asaase no so. 19  Na afei, momfa mo koma ne mo kra* nyinaa nhwehwɛ Yehowa mo Nyankopɔn,+ na mumfi ase nsi nokware Nyankopɔn Yehowa tenabea kronkron no,+ na momfa Yehowa apam adaka ne nokware Nyankopɔn nneɛma kronkron no+ mmra ofi a wɔasi ama Yehowa din no mu.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “ɔyɛ mmerɛw.”
Efi Hebri asɛmfua bi mu; ɛkyerɛ “Asomdwoe.”
Nt., “ahodwo.”
Dwetikɛse baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.