Beresosɛm Nhoma a Edi Kan 24:1-31

  • Dawid kyekyɛɛ asɔfo no mu akuw 24 (1-19)

  • Nnwuma foforo a wɔde maa Lewifo (20-31)

24  Sɛnea wɔkyekyɛɛ Aaron asefo mu ni: Aaron mma ne Nadab, Abihu,+ Eleasar, ne Itamar.+  Nanso Nadab ne Abihu wui ansa na wɔn papa rewu,+ na wɔannya mma mmarima. Eleasar+ ne Itamar de, wɔtoaa asɔfodi no so.  Dawid, ne Eleasar aseni Sadok,+ ne Itamar aseni Ahimelek kyekyɛɛ wɔn mu kyerɛɛ sɛnea obiara bɛyɛ ne som adwuma.  Ná Eleasar asefo mu mpanyimfo no dɔɔso sen Itamar asefo mu mpanyimfo, enti wɔhwɛɛ ho kyekyɛɛ mpanyimfo no: Eleasar asefo nyaa agyanom abusuafi mpanyimfo 16, na Itamar asefo nyaa agyanom abusuafi mpanyimfo 8.  Bio nso, ntonto na wɔbɔ de kyekyɛɛ wɔn mu,+ sɛ woyi eyinom bi a, na wɔayi eyinom nso bi, efisɛ Eleasar asefo ne Itamar asefo mu na na wonya mpanyimfo wɔ kronkronbea hɔ ne mpanyimfo a wɔbɛsom nokware Nyankopɔn no.  Ɛnna Netanel ba Semaia, Lewifo kyerɛwfo no, kyerɛw wɔn din too hɔ. Ɔrekyerɛw no, na ɔhene, ɔman no mu mpanyimfo, ɔsɔfo Sadok,+ Abiatar+ ba Ahimelek,+ asɔfo ne Lewifo agyanom mpanyimfo wɔ hɔ; sɛ woyi Eleasar asefo abusuafi baako a, na wɔayi Itamar asefo abusuafi nso baako.  Ntonto a edi kan no kosii Yehoiarib so, nea ɛto so abien no sii Yedaia so,  nea ɛto so abiɛsa no sii Harim so, nea ɛto so anan no sii Seorim so;  anum no sii Malkiya so, asia no sii Miyamin so; 10  Hakos na ason no sii no so, awotwe no sii Abia+ so, 11  akron no sii Yesua so, edu no sii Sekania so; 12  Eliasib na 11 no sii no so, na 12 no sii Yakim so; 13  nea ɛto so 13 no sii Hupa so, na 14 no sii Yesebeab so; 14  Bilga na 15 no sii no so, na 16 no sii Imer so; 15  Hesir na 17 no sii no so, na 18 no sii Hapise so; 16  nea ɛto so 19 no sii Petahia so, na 20 no sii Yeheskel so; 17  Yakin na 21 no sii no so, na 22 no sii Gamul so; 18  nea ɛto so 23 no sii Delaia so, na 24 no sii Maasia so. 19  Eyi ne nhyehyɛe a na wɔde ba Yehowa fi bɛyɛ wɔn som adwuma;+ wɔn agya Aaron na ɔde gyaw wɔn sɛnea Israel Nyankopɔn Yehowa de ɛho ahyɛde maa no no. 20  Na Lewi asefo nkae no nso, wɔn a woyiyii wɔn ni: Amram+ asefo mu, Subael;*+ Subael asefo mu, Yedia; 21  Rehabia+ asefo mu: Yisiya ne wɔn so panyin; 22  Yisar asefo mu, Selomot;+ Selomot asefo mu, Yahat; 23  Hebron asefo no, Yeria+ ne wɔn so panyin, Amaria to so abien, Yahasiel to so abiɛsa, na Yekameam to so anan. 24  Usiel asefo mu, Mika; Mika asefo mu, Samir. 25  Mika nua ne Yisiya; Yisiya asefo no bi ne Sakaria. 26  Merari+ mma ne Mahli ne Musi; Yaasia mma no bi ne Beno. 27  Merari asefo ni: Yaasia mma Beno, Soham, Sakur ne Yibri. 28  Mahli ba, Eleasar; ɔno de wanwo mma mmarima.+ 29  Kis asefo ni: Yerameel; 30  Musi mma ne Mahli, Eder ne Yerimot. Eyinom ne Lewi asefo sɛnea wɔn agyanom abusuafi te. 31  Wɔn nso, wɔbɔɔ wɔn so ntonto+ sɛnea wɔyɛɛ wɔn nuanom Aaron mma no wɔ Ɔhene Dawid, Sadok, Ahimelek ne asɔfo ne Lewifo agyanom mpanyimfo anim no. Agyanom abusuafi mpanyimfo mu no, na ɔpanyin ne akumaa nyinaa yɛ pɛ.

Ase Hɔ Nsɛm

Ɔno ara na wɔfrɛ no Sebuel wɔ 1Be 23:16 no.