Beresosɛm Nhoma a Edi Kan 25:1-31

  • Nnwontofo a na wɔwɔ Onyankopɔn fi (1-31)

25  Bio nso, Dawid ne mpanyimfo a wɔdeda akuw no ano no yii Asaf, Heman, ne Yedutan+ asefo no bi sɛ wɔnsom na wɔmfa asanku, asankuten, ne nnawuru* nhyɛ nkɔm.+ Mmarima a woyii wɔn sɛ wɔnyɛ ɔsom adwuma no din na edidi so yi.  Asaf mma ni: Sakur, Yosef, Netania, ne Asarela; wɔn nyinaa yɛ Asaf mma a wɔhyɛ Asaf ase, na ɔno nso yɛ nkɔmhyɛni a ɔhyɛ ɔhene ase.  Yedutan+ mma ni: Gedalia, Seri, Yesia, Simei, Hasabia, ne Matitia;+ ná wɔyɛ baasia, na wɔhyɛ wɔn papa Yedutan ase; ɔno na ɔde sanku hyɛ nkɔm de aseda ne ayeyi ma Yehowa.+  Heman+ mma ni: Bukia, Matania, Usiel, Sebuel,* Yerimot, Hanania, Hanani, Eliata, Gidalti, Romamti-Eser, Yosbekasa, Maloti, Hotir, ne Mahasiot.  Eyinom nyinaa yɛ Heman mma. Ɔno ne ɔdehufo a ɔkaa nokware Nyankopɔn no nsɛm kyerɛɛ ɔhene de hyɛɛ no anuonyam.* Nokware Nyankopɔn no maa Heman mma mmarima 14 ne mma mmea 3.  Ná wɔn nyinaa hyɛ wɔn papa ase wɔ Yehowa fi nnwonto no mu; wɔde nnawuru, asanku, ne asankuten+ too dwom wɔ nokware Nyankopɔn no fi som mu. Ná Asaf, Yedutan, ne Heman hyɛ ɔhene ase.  Wɔne wɔn nuanom a wɔakyerɛ wɔn sɛnea wɔnto nnwom mma Yehowa a wɔn nyinaa ho akokwaw no yɛ 288.  Enti akumaa oo, ɔkɛse oo, nea ne ho akokwaw ne nea afei na ɔresua nyinaa, wɔbɔɔ ntonto+ huu nnwuma a wɔbɛyɛ.  Ntonto a edi kan no kosii Asaf ba Yosef+ so, Gedalia+ to so abien (ɔne ne nuanom ne ne mma yɛ 12). 10  Sakur+ to so abiɛsa; ɔne ne mma ne ne nuanom yɛ 12. 11  Yisri to so anan; ɔne ne mma ne ne nuanom yɛ 12. 12  Netania+ to so anum; ɔne ne mma ne ne nuanom yɛ 12. 13  Bukia to so asia; ɔne ne mma ne ne nuanom yɛ 12. 14  Yesarela to so ason; ɔne ne mma ne ne nuanom yɛ 12. 15  Yesia to so awotwe; ɔne ne mma ne ne nuanom yɛ 12. 16  Matania to so akron; ɔne ne mma ne ne nuanom yɛ 12. 17  Simei to so du; ɔne ne mma ne ne nuanom yɛ 12. 18  Asarel to so 11; ɔne ne mma ne ne nuanom yɛ 12. 19  Hasabia to so 12; ɔne ne mma ne ne nuanom yɛ 12. 20  Subael+ to so 13; ɔne ne mma ne ne nuanom yɛ 12. 21  Matitia to so 14; ɔne ne mma ne ne nuanom yɛ 12. 22  Yeremot to so 15; ɔne ne mma ne ne nuanom yɛ 12. 23  Hanania to so 16; ɔne ne mma ne ne nuanom yɛ 12. 24  Yosbekasa to so 17; ɔne ne mma ne ne nuanom yɛ 12. 25  Hanani to so 18; ɔne ne mma ne ne nuanom yɛ 12. 26  Maloti to so 19; ɔne ne mma ne ne nuanom yɛ 12. 27  Eliata to so 20; ɔne ne mma ne ne nuanom yɛ 12. 28  Hotir to so 21; ɔne ne mma ne ne nuanom yɛ 12. 29  Gidalti+ to so 22; ɔne ne mma ne ne nuanom yɛ 12. 30  Mahasiot+ to so 23; ɔne ne mma ne ne nuanom yɛ 12. 31  Romamti-Eser+ to so 24; ɔne ne mma ne ne nuanom yɛ 12.

Ase Hɔ Nsɛm

Hebri asɛmfua no kyerɛ nnade ntraantraa abien a wɔde bɔ nnwom. Wɔde bom a, egyigye kyan-kyan.
Ɔno ara na wɔfrɛ no Subael wɔ nky. 20 ne 24:20 no.
Nt., “de maa n’abɛn so.”